Beresosɛm Nhoma a Edi Kan 26:1-32

  • Apon ano ahwɛfo mu nkyekyɛm (1-19)

  • Wɔn a wɔhwɛ akorade so ne mpanyimfo foforo (20-32)

26  Apon ano ahwɛfo+ mu nkyekyɛm ni: Kora asefo mu, Asaf aseni Kore ba Meselemia.+  Meselemia mma ni: Sakaria ne abakan, Yediael to so abien, Sebadia to so abiɛsa, Yatniel to so anan,  Elam to so anum, Yehohanan to so asia, Elieho-Enai to so ason.  Obed-Edom mma ni: Semaia ne abakan, Yehosabad to so abien, Yoa to so abiɛsa, Sakar to so anan, Netanel to so anum,  Amiel to so asia, Isakar to so ason, Peuletai to so awotwe; mma yi na Onyankopɔn de hyiraa no.  Na ne ba Semaia nso, ɔwoo mma mmarima, na wodii wɔn agyanom abusuafi so, efisɛ na wɔyɛ mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden.  Semaia mma ni: Otni, Refael, Obed, ne Elsabad; ɔne ne nuanom Elihu ne Semakia; wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden.  Eyinom nyinaa yɛ Obed-Edom asefo; wɔne wɔn mma ne wɔn nuanom yɛ Obed-Edom fifo, mmarima mmɔdenbɔfo 62 a wobetumi ayɛ adwuma no.  Meselemia+ mma ne ne nuanom yɛ mmarima mmɔdenbɔfo 18. 10  Hosa a ofi Merari asefo mu mma ni: Simri na na ɔyɛ wɔn so panyin; ná ɔnyɛ abakan nanso ne papa de no yɛɛ wɔn so panyin; 11  Hilkia to so abien, Tebalia to so abiɛsa, Sakaria to so anan. Hosa mma ne ne nuanom nyinaa yɛ 13. 12  Apon ano ahwɛfo a wɔakyekyɛ wɔn mu yi, mpanyimfo no ne wɔn nuanom nyinaa yɛɛ adwuma koro; wɔsomee wɔ Yehowa fi. 13  Enti sɛnea wɔn agyanom abusuafi te no, akumaa oo, ɔkɛse oo, wɔhwɛɛ ho bɔɔ ntonto+ kyekyɛɛ apon ano hwɛ adwuma no maa wɔn. 14  Bere a wɔbɔɔ ntonto no, apuei fam de no kodii Selemia nsam. Atifi fam de no nso, wɔbɔɔ ntonto ma ekodii ne ba Sakaria, ɔfotufo a ɔwɔ nhumu no nsam. 15  Obed-Edom nyaa anaafo fam de no, na ne mma+ no nso nyaa adekora adan no. 16  Supim ne Hosa+ nyaa atɔe fam, faako a ɛbɛn Saleket Pon a ɛda ɔkwantempɔn a ɛforo kɔ kurow no mu no; awɛmfo kuw baako gyina ha a, na awɛmfo kuw baako nso gyina ha; 17  Ná Lewifo baasia wɔ apuei fam; atifi fam ne anaafo fam nso, da biara na baanan wɔ hɔ. Adekora adan no+ ho nso, awɛmfo baanu wɔ ha a, na baanu wɔ ha; 18  atɔe abrannaa no fam nso, baanan wɔ ɔkwantempɔn+ no so, na baanu wɔ abrannaa no so. 19  Saa na wɔkyekyɛɛ apon ano ahwɛfo a wɔyɛ Kora asefo ne Merari asefo no mu. 20  Lewifo mu no, Ahiya na na ɔhwɛ nokware Nyankopɔn no fi akorade ne akorade a wɔayɛ no kronkron*+ no so. 21  Ladan asefo, kyerɛ sɛ, Gerson asefo a wofi Ladan mu, agyanom abusuafi mpanyimfo a wofi Gersonni Ladan mu ne Yehieli+ 22  ne Yehieli mma Setam ne ne nua Yoel. Wɔn na wɔhwɛɛ Yehowa fi akorade so.+ 23  Amramfo, Yisarfo, Hebronfo, ne Usielfo+ mu no, 24  na Mose ba Gersom ba Sebuel na ɔda adekora adan so ahwɛfo no ano. 25  Ne nuanom mu no, ne nua Elieser+ ba ne Rehabia,+ ɔno nso ba ne Yesia, ɔno nso ba ne Yoram, ɔno nso ba ne Sikri, ɔno nso ba ne Selomot. 26  Selomot yi ne ne nuanom na wɔhwɛɛ akorade a wɔayɛ no kronkron no nyinaa so,+ nea Ɔhene Dawid+ ne agyanom abusuafi mpanyimfo,+ ne apem apem ne ɔhaha so ahwɛfo, ne asahene no yɛɛ no kronkron no. 27  Ɔko mu+ nneɛma a wonyae no,+ wɔyɛɛ no kronkron sɛ wɔmfa nsiesie Yehowa fi. 28  Biribiara a ɔdehwɛfo Samuel+ ne Kis ba Saul ne Ner ba Abner+ ne Seruia+ ba Yoab+ yɛɛ no kronkron nso ka ho. Biribiara a obiara yɛɛ no kronkron no, wɔde hyɛɛ Selomit ne ne nuanom nsa. 29  Yisarfo+ mu no, Kenania ne ne mma yɛɛ wɔn nnwuma wɔ abɔnten; ná wɔyɛ mpanyimfo ne atemmufo+ wɔ Israel. 30  Hebronfo+ mu no, Hasabia ne ne nuanom, mmarima mmɔdenbɔfo 1,700 na na wɔdeda Yehowa adwuma ne ɔhene som adwuma nyinaa ano wɔ Israel nkurow a ɛwɔ Yordan atɔe fam no mu. 31  Hebronfo mu no, Yeriya+ na na ɔyɛ Hebronfo awo ntoatoaso ne agyanom abusuafi panyin. Dawid ahenni afe a ɛto so 40 mu no,+ wɔhwehwɛɛ Hebronfo no mu, na wonyaa mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden wɔ Yaser+ a ɛwɔ Gilead. 32  Ná ne nuanom yɛ mmarima mmɔdenbɔfo 2,700 a wɔyɛ agyanom abusuafi mpanyimfo. Enti Ɔhene Dawid de wɔn totoo Rubenfo, Gadfo, ne Manase abusuakuw fã no ano sɛ biribiara a ɛfa nokware Nyankopɔn som ne ɔhene ho no, wɔnhwɛ so.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “wɔahyira so.”