Beresosɛm Nhoma a Edi Kan 27:1-34

  • Atitiriw a wɔsom ɔhene (1-34)

27  Israelfo akuwakuw a afe afe wɔba bosome biara bɛsom kɔ no, na kuw biara mu nnipa yɛ 24,000. Ná akuw no mufo binom yɛ agyanom abusuafi mpanyimfo, ebinom yɛ apem apem ne ɔhaha so mpanyimfo,+ ɛnna ebinom nso yɛ atitiriw a wɔhwɛ akuw no nsɛm nyinaa so de som ɔhene.+  Kuw a edi kan a wɔba bosome a edi kan no, nea na ɔda wɔn ano ne Sabdiel ba Yasobeam;+ nnipa 24,000 na na wɔwɔ ne kuw mu.  Peres+ asefo mu no, ɔno na na ɔda akuw a wɔde wɔn too bosome a edi kan no mpanyimfo no nyinaa ano.  Nea ɔda kuw a wɔba bosome a ɛto so abien ano ne Dodai+ a ɔyɛ Ahohi+ aseni; ɔne ne kuw. Ná Miklot yɛ ɔpanyin wɔ kuw no mu, na nnipa 24,000 na na wɔwɔ ne kuw mu.  Kuw a ɛto so abiɛsa a wɔde wɔn too bosome a ɛto so abiɛsa no safohene ne ɔsɔfo panyin Yehoiada+ ba Benaia;+ nnipa 24,000 na na wɔwɔ ne kuw mu.  Benaia yi ne aduasa no mu ɔkatakyi a ɔda aduasa no ano; ne kuw no, ne ba Amisabad na na ɔda ano.  Nea ɔto so anan a ɔba bosome a ɛto so anan ne Yoab+ nua Asahel,+ na ne ba Sebadia besii n’ananmu; nnipa 24,000 na na wɔwɔ ne kuw mu.  Ɔsahene a ɔto so anum a ɔba bosome a ɛto so anum ne Samhut a ɔyɛ Yesrani; nnipa 24,000 na na wɔwɔ ne kuw mu.  Nea ɔto so asia a ɔba bosome a ɛto so asia ne Tekoani+ Ikes ba Ira;+ nnipa 24,000 na na wɔwɔ ne kuw mu. 10  Nea ɔto so ason a ɔba bosome a ɛto so ason ne Efraim aseni Heles+ a ofi Pelon; nnipa 24,000 na na wɔwɔ ne kuw mu. 11  Nea ɔto so awotwe a ɔba bosome a ɛto so awotwe ne Husani Sibekai+ a ofi Serafo mu;+ nnipa 24,000 na na wɔwɔ ne kuw mu. 12  Nea ɔto so akron a ɔba bosome a ɛto so akron ne Anatotni+ Abiesar+ a ofi Benyaminfo mu; nnipa 24,000 na na wɔwɔ ne kuw mu. 13  Nea ɔto so du a ɔba bosome a ɛto so du ne Netofani Maharai+ a ofi Serafo mu;+ nnipa 24,000 na na wɔwɔ ne kuw mu. 14  Nea ɔto so 11 a ɔba bosome a ɛto so 11 ne Piratonni Benaia+ a ofi Efraimfo mu; nnipa 24,000 na na wɔwɔ ne kuw mu. 15  Nea ɔto so 12 a ɔba bosome a ɛto so 12 ne Netofani Heldai a ofi Otniel asefo mu; nnipa 24,000 na na wɔwɔ ne kuw mu. 16  Israel mmusuakuw mu mpanyimfo ni: Rubenfo mu, Sikri ba Elieser na na ɔda wɔn ano; Simeonfo mu, Maaka ba Sefatia; 17  Lewifo mu, Kemuel ba Hasabia; Aaron asefo mu, Sadok; 18  Yudafo mu, Dawid nua Elihu;+ Isakarfo mu, Mikael ba Omri; 19  Sebulonfo mu, Obadia ba Yismaia; Naftalifo mu, Asrel ba Yerimot; 20  Efraimfo mu, Asasia ba Hosea; Manase abusuakuw fã mu, Pedaia ba Yoel; 21  Manase abusuakuw fã a ɛwɔ Gilead no mu, Sakaria ba Ido; Benyaminfo mu, Abner+ ba Yaasiel; 22  Danfo mu, Yeroham ba Asarel. Eyinom ne Israel mmusuakuw mu mpanyimfo. 23  Dawid ankan wɔn a wɔadi mfe 20 ne wɔn a wonnu saa no, efisɛ na Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma Israel adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma.+ 24  Seruia ba Yoab fii ase sɛ ɔrekan nnipa no, nanso wanwie. Ɔman no a ɔkan wɔn nti Onyankopɔn bo fuw Israel,*+ na wɔankyerɛw wɔn dodow no anka Ɔhene Dawid bere so abakɔsɛm no ho. 25  Adiel ba Asmawet na ɔhwɛɛ ɔhene akorade so,+ na Usia ba Yonatan na ɔhwɛɛ asaase no so nkurow ne nkuraa ne abantenten mu adekora adan* so. 26  Kelub ba Esri na ɔhwɛɛ afuw mu adwumayɛfo a wɔdɔw asaase no so. 27  Simei a ofi Rama na ɔhwɛɛ bobe mfuw so, na bobe mfuw mu bobesa a wɔakora so no, Sifmotni* Sabdi na ɔhwɛɛ so. 28  Baal-Hanan a ofi Geder* na ɔhwɛɛ ngodua mfuw ne sikamɔɔ nnua+ a ɛwɔ Sefela+ no so, na Yoas na ɔhwɛɛ ngo akorae so. 29  Saronni Sitrai na ɔhwɛɛ mmoa a wodidi wɔ Saron+ no so, na mmoa a wodidi asaasetraa so no, Adlai ba Safat na ɔhwɛɛ wɔn so. 30  Ismaelni Obil na ɔhwɛɛ yoma so, na Meronotni Yedia na ɔhwɛɛ mfurum* so. 31  Hagrini Yasis na ɔhwɛɛ nguan so. Eyinom nyinaa yɛ mpanyimfo a wɔhwɛɛ Ɔhene Dawid nneɛma so. 32  Ná Dawid nua ba Yonatan+ yɛ ɔfotufo ne ɔkyerɛwfo, ɔbarima a ɔwɔ ntease, na Hakmoni ba Yehiel na na ɔhwɛ ɔhene mma no.+ 33  Ná Ahitofel+ yɛ ɔhene fotufo, na Husai+ a ɔyɛ Arkini no yɛ ɔhene adamfo.* 34  Ahitofel akyi no, na Benaia+ ba Yehoiada ne Abiatar+ nso yɛ afotufo, na Yoab+ ne ɔhene asraafo so panyin.

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “ɔkan wɔn nti abufuw baa Israel so.”
Anaa “akorade.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Sefamni.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Gedera.”
Nt., “mfurum abere.”
Anaa “obi a ɔhene ne no ka atirimsɛm.”