Beresosɛm Nhoma a Edi Kan 3:1-24

  • Dawid asefo (1-9)

  • Adehye a wofi Dawid abusua mu (10-24)

3  Eyinom ne Dawid mma mmarima a ɔwoo wɔn* wɔ Hebron:+ N’abakan ne Amnon+ a ɔne Yesreelni Ahinoam+ woo no no, nea ɔto so abien ne Daniel a ɔne Karmelni Abigail+ woo no no; 2  nea ɔto so abiɛsa ne Absalom,+ Gesur hene Talmai babea Maaka ba no; nea ɔto so anan ne Hagit ba Adoniya;+ 3  nea ɔto so anum ne Abital ba Sefatia, nea ɔto so asia ne Dawid yere Egla ba Yitream. 4  Mma baasia yi na ɔwoo wɔn wɔ Hebron; odii hene wɔ hɔ mfe 7 ne abosome 6, na odii hene mfe 33 wɔ Yerusalem.+ 5  Eyinom na ɔwoo wɔn* wɔ Yerusalem:+ Simea, Sobab, Natan,+ ne Solomon;+ baanan yi maame ne Amiel babea Bat-Seba.+ 6  Mma foforo baakron ne Ibhar, Elisama, Elifelet, 7  Noga, Nefeg, Yafia, 8  Elisama, Eliada, ne Elifelet. 9  Wɔn nyinaa yɛ Dawid mma; ne yerenom a aka no mma nka ho, wɔn nuabea ne Tamar.+ 10  Solomon woo Rehoboam,+ na ɔno nso woo Abia,+ na ɔno nso woo Asa,+ na ɔno nso woo Yehosafat;+ 11  ɔno nso woo Yehoram,+ na ɔno nso woo Ahasia,+ na ɔno nso woo Yehoas;+ 12  ɔno nso woo Amasia,+ na ɔno nso woo Asaria,+ na ɔno nso woo Yotam;+ 13  ɔno nso woo Ahas,+ na ɔno nso woo Hesekia,+ na ɔno nso woo Manase;+ 14  ɔno nso woo Amon,+ na ɔno nso woo Yosia.+ 15  Yosia mma ni: N’abakan ne Yohanan, nea ɔto so abien ne Yehoiakim,+ nea ɔto so abiɛsa ne Sedekia,+ na nea ɔto so anan ne Salum. 16  Yehoiakim ba ne Yekonia,+ na ɔno nso ba ne Sedekia. 17  Yekonia deduani no mma ne Sealtiel, 18  Malkiram, Pedaia, Senasar, Yekamia, Hosama, ne Nedabia. 19  Pedaia mma ne Serubabel+ ne Simei; Serubabel mma ne Mesulam ne Hanania (wɔn nuabea ne Selomit); 20  ne mma foforo baanum ne Hasuba, Ohel, Berekia, Hasadia, ne Yusab-Hesed. 21  Hanania mma ne Pelatia ne Yesia; Yesia ba* ne Refaia; Refaia ba* ne Arnan; Arnan ba* ne Obadia; Obadia ba* ne Sekania; 22  Sekania asefo ni: Semaia, na Semaia mma ne Hatus, Yigal, Baria, Nearia ne Safat; wɔn nyinaa yɛ baasia. 23  Nearia mma ne Elioenai, Hiskia, ne Asrikam; wɔyɛ baasa. 24  Elioenai nso mma ne Hodawia, Eliasib, Pelaia, Akub, Yohanan, Delaia, ne Anani; wɔyɛ baason.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “wɔwoo wɔn maa no.”
Anaa “wɔwoo wɔn maa no.”
Nt., “mma no bi.”
Nt., “mma no bi.”
Nt., “mma no bi.”
Nt., “mma no bi.”