Beresosɛm Nhoma a Edi Kan 5:1-26

  • Ruben asefo (1-10)

  • Gad asefo (11-17)

  • Wodii Hagrifo so nkonim (18-22)

  • Manase abusuakuw fã (23-26)

5  Israel ba panyin Ruben+ asefo din na edidi so yi. Ná ɔyɛ ɔba panyin, nanso ɔne ne papa mpena* dae,*+ enti wɔde mpanyinni no maa Israel ba Yosef mma,+ na wɔankyerɛw ne din sɛ abakan. 2  Ná Yuda+ yɛ kɛse wɔ ne nuanom mu, na ne mu na na ɔkannifo no befi aba,+ nanso Yosef na abakan no kodii ne nsam. 3  Israel ba panyin Ruben mma ne Hanok, Palu, Hesron, ne Karmi.+ 4  Yoel mma no bi ne Semaia, na Semaia ba ne Gog, na ɔno nso ba ne Simei, 5  na ɔno nso ba ne Mika, na ɔno nso ba ne Reaia, na ɔno nso ba ne Baal, 6  ɔno nso ba ne Beerah; ɔno na Asiria hene Tilgat-Pilneser+ kyeree no kɔe no; ná ɔyɛ Ruben asefo mu obirɛmpɔn. 7  Beerah agyanom abusua mu no, ne nuanom din, sɛnea wɔn mmusua te ni: Yeiel na odi anim, afei Sakaria, 8  ne Bela a ɔyɛ Asas ba, Sema ba, Yoel ba; wɔtenatenaa Aroer+ kɔpem Nebo ne Baal-Meon.+ 9  Apuei fam nso, wɔn atenae no kɔpem Asubɔnten Eufrate sare no ano,+ efisɛ na wɔn nyɛmmoa adɔɔso wɔ Gilead asaase so.+ 10  Saul nna no mu no, wɔne Hagrifo koe na wodii wɔn so nkonim; enti wɔtenatenaa wɔn ntamadan mu wɔ Gilead apuei fam baabiara. 11  Gad mma na na wɔtoa wɔn so wɔ Basan, na wɔn atenae no kɔpem Saleka.+ 12  Yoel na na ɔyɛ wɔn panyin wɔ Basan, Safam na odi hɔ, ansa na Yanai ne Safat aba. 13  Wɔn nuanom a wofi wɔn agyanom abusuafi ne Mikael, Mesulam, Saba, Yorai, Yakan, Sia, ne Eber; wɔn nyinaa yɛ baason. 14  Eyinom ne Abihail mma: Abihail yɛ Huri ba, Yaroa ba, Gilead ba, Mikael ba, Yesisai ba, Yado ba, Bus ba. 15  Ahi a ɔyɛ Abdiel ba, Guni ba no na na ɔyɛ wɔn agyanom abusuafi panyin. 16  Wɔtenatenaa Gilead+ a ɛwɔ Basan+ ne ɛho nkurow mu ne Saron nsaase a mmoa didi so nyinaa so kosii n’ahye so. 17  Yuda hene Yotam+ ne Israel hene Yeroboam*+ nna no mu na wɔkyerɛkyerɛw wɔn nyinaa din sɛnea wɔn mmusua te. 18  Rubenfo, Gadfo, ne Manase abusuakuw no fã no, na wɔwɔ akatakyi 44,760 a wokurakura akyɛm, sekan, ne agyan, na na wɔasua akodi paa. 19  Wɔne Hagrifo+ ne Yetur ne Nafis+ ne Nodab dii ako. 20  Onyankopɔn boaa wɔn ɔko no mu, enti wodii Hagrifo ne wɔn a wɔka wɔn ho nyinaa so nkonim, efisɛ wosu frɛɛ no ɔko no mu, na wɔde wɔn ho too no so, enti otiee wɔn adesrɛ no.+ 21  Wɔfaa wɔn nyɛmmoa: yoma 50,000, nguan 250,000, mfurum 2,000, ne nnipa* 100,000. 22  Nnipa bebree wuwui, efisɛ na ɔko no yɛ nokware Nyankopɔn no dea.+ Na wɔfaa wɔn nkurow tenatenaa mu kosii sɛ atamfo betuu wɔn ase fii hɔ.+ 23  Manase abusuakuw no fã+ tenaa asaase no so fi Basan kosii Baal-Hermon ne Senir ne Hermon Bepɔw ho.+ Ná wɔdɔɔso. 24  Eyinom ne wɔn agyanom abusuafi mpanyimfo: Efer, Yisi, Eliel, Asrel, Yeremia, Hodawia, ne Yadiel; ná wɔyɛ mmarima akatakyi a wɔagye din; wɔn nyinaa yɛ wɔn agyanom abusuafi mpanyimfo. 25  Nanso wɔanni wɔn agyanom Nyankopɔn nokware; wɔne asaase no so aman a Onyankopɔn sɛee wɔn fii wɔn anim no anyame kɔbɔɔ aguaman.+ 26  Enti Israel Nyankopɔn de hyɛɛ Asiria hene Pul+ (kyerɛ sɛ, Ɔhene Tilgat-Pilneser+ a ofi Asiria) komam ma ɔsoaa Ruben ne Gad asefo, ne Manase abusuakuw no fã kɔɔ Hala ne Habor ne Hara ne Asubɔnten Gosan ho,+ na wɔatena hɔ abesi nnɛ.

Ase Hɔ Nsɛm

Tete mmere mu no, na ɛyɛ ɔbea a ɔto aware so, kyerɛ sɛ, ɔbea a obi aware no aka ne yere ho.
Anaa “oguu ne papa mpa ho fĩ.”
Kyerɛ sɛ, Yeroboam a ɔto so abien.
Anaa “akra.”