Beresosɛm Nhoma a Edi Kan 7:1-40

  • Isakar asefo (1-5), Benyamin asefo (6-12), Naftali asefo (13), Manase asefo (14-19), Efraim asefo (20-29), ne Aser asefo (30-40)

7  Isakar mma ne Tola, Pua, Yasub ne Simron;+ wɔyɛ baanan.  Tola mma ne Usi, Refaia, Yeriel, Yamai, Yibsam, ne Semuel; wɔyɛ wɔn agyanom abusuafi mpanyimfo. Tola asefo no, na mmarima akokodurufo wom. Dawid bere so no, na wɔn dodow yɛ 22,600.  Usi asefo* ne Yesrahia ne Yesrahia mma Mikael, Obadia, Yoel, ne Yisiya. Baanum no nyinaa yɛ abusuafi mpanyimfo.  Wɔn asefo a wofi wɔn agyanom abusuafi a wɔka wɔn ho yɛ asraafo 36,000 a wɔkɔ ɔko; ná wɔn yerenom ne wɔn mma dɔɔso.  Wɔn nuanom a wofi Isakar abusuakuw nyinaa mu a wɔkyerɛw wɔn din sɛnea wɔn mmusua te no yɛ mmarima akokodurufo 87,000.+  Benyamin+ mma ne Bela,+ Beker+ ne Yediael;+ wɔyɛ baasa.  Bela mma ne Esbon, Usi, Usiel, Yerimot ne Iri; wɔyɛ baanum. Wɔyɛ wɔn agyanom abusuafi mpanyimfo ne mmarima akokodurufo; mmarima 22,034 na wɔkyerɛw wɔn din sɛnea wɔn mmusua te.+  Beker mma ne Semira, Yoas, Elieser, Elioenai, Omri, Yeremot, Abia, Anatot ne Alemet; eyinom nyinaa yɛ Beker mma.  Wɔn agyanom abusuafi mpanyimfo mu no, mmarima akokodurufo 20,200 na wɔkyerɛw wɔn din sɛnea wɔn mmusua te. 10  Yediael+ mma no bi ne Bilhan ne Bilhan mma Yeus, Benyamin, Ehud, Kenaana, Sitan, Tarsis ne Ahisaha. 11  Eyinom nyinaa yɛ Yediael mma. Wɔyɛ wɔn agyanom fi mpanyimfo, mmarima akokodurufo 17,200 a wɔkɔ ɔko. 12  Supim ne Hupim yɛ Ir+ mma; Husimfo nso yɛ Aher asefo. 13  Naftali+ mma ne Yasiel, Guni, Yeser, ne Salum. Wɔyɛ Bilha asefo.*+ 14  Manase+ asefo ni: Asriel a ɔne ne mpena* Siriani woo no no. (Ɔbea yi na ɔwoo Gilead agya Makir.+ 15  Makir ware maa Hupim ne Supim, na ne nuabea din de Maaka.) Nea ɔto so abien ne Selofehad;+ Selofehad de, ɔwoo mmea nkutoo.+ 16  Makir yere Maaka woe, na ɔtoo no din Peres; ne nua din de Seres, na ne mma ne Ulam ne Rekem. 17  Ulam ba* ne Bedan. Eyinom ne Gilead a Manase ba Makir woo no no mma. 18  Ne nuabea ne Hamoleket a ɔwoo Ishod, Abiesar ne Mahla no. 19  Semida mma ne Ahian, Sekem, Liki ne Aniam. 20  Efraim+ asefo ni: Sutela,+ ne ba ne Bered, ɔno nso ba ne Tahat, ɔno nso ba ne Eleada, ɔno nso ba ne Tahat, 21  ɔno nso ba ne Sabad, ɔno nso ba ne Sutela; Eser ne Elead nso ka ho. Gat mmarima+ a wɔwoo wɔn asaase no so no kunkum wɔn efisɛ wɔbɛfaa wɔn nyɛmmoa. 22  Wɔn papa Efraim dii ho awerɛhow nna pii, na ne nuanom baa ne nkyɛn bɛkyekyee ne werɛ. 23  Akyiri yi, ɔne ne yere dae, na onyinsɛn woo ɔbabarima. Ɔtoo no din Beria* efisɛ ɔwoe no na awerɛhow wɔ ne fi. 24  Ne babea ne Seera; ɔno na ɔkyekyee Anaafo+ ne Atifi Bet-Horon+ ne Usen-Seera. 25  Asefo no bi ne Refa ne Resef,* ɔno nso ba ne Tela, ɔno nso ba ne Tahan, 26  ɔno nso ba ne Ladan, ɔno nso ba ne Amihud, ɔno nso ba ne Elisama, 27  ɔno nso ba ne Nun, na ɔno nso ba ne Yosua.*+ 28  Wɔn agyapade ne wɔn atenae ne Betel+ ne ɛho nkurow, Naaran wɔ apuei fam, Geser ne ɛho nkurow wɔ atɔe fam, Sekem ne ɛho nkurow kosi Ayah* ne ɛho nkurow; 29  nkurow a ɛtoa Manase asefo so ne Bet-Sean+ ne ɛho nkurow, Taanak+ ne ɛho nkurow, Megido+ ne ɛho nkurow, Dor+ ne ɛho nkurow. Nkurow yi mu na Israel ba Yosef asefo tenatenae. 30  Aser mma ne Yimnah, Yiswa, Yiswi, Beria,+ ne wɔn nuabea Serah.+ 31  Beria mma ne Heber ne Malkiel a ɔwoo Basait no. 32  Heber woo Yaflet, Somer, Hotam, ne wɔn nuabea Sua. 33  Yaflet mma ne Pasak, Bimhal ne Aswat. Eyinom ne Yaflet mma. 34  Semer* mma ne Ahi, Roga, Yehuba ne Aram. 35  Ne nua Helem* mma ne Sofa, Yimna, Seles ne Amal. 36  Sofa mma ne Suah, Harnefa, Sual, Beri, Yimra, 37  Beser, Hod, Samma, Silsa, Yitran ne Bera. 38  Yeter mma ne Yefune, Pispa ne Ara. 39  Ula mma ne Arah, Haniel ne Risia. 40  Eyinom nyinaa yɛ Aser mma; wɔyɛ wɔn agyanom abusuafi mpanyimfo, mmarima akokodurufo a wɔapaw wɔn. Wɔyɛ mmusua mu mpanyimfo; wɔn a wɔkyerɛw wɔn din sɛnea wɔn mmusua te+ no yɛ mmarima 26,000+ a wɔkɔ ɔko.

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “mma.”
Nt., “mma.”
Tete mmere mu no, na ɛyɛ ɔbea a ɔto aware so, kyerɛ sɛ, ɔbea a obi aware no aka ne yere ho.
Nt., “mma no bi.”
Ɛkyerɛ, “Awerɛhow Mu.”
Ebetumi aba sɛ Refa ne Resef yɛ Beria mma.
Anaa “Yehosua,” a ɛkyerɛ “Yehowa Ne Nkwagye.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Gasa,” nanso ɛnyɛ Gasa a ɛwɔ Filistia no.
Ɔno ara na wɔfrɛ no Somer wɔ nky. 32 no.
Ebetumi aba sɛ ɔno ara na wɔfrɛ no Hotam wɔ nky. 32 no.