Beresosɛm Nhoma a Edi Kan 9:1-44

  • Wɔn a wɔsan baa wɔn man mu no mmusua (1-34)

  • Wɔbobɔɔ Saul abusuafo din bio (35-44)

9  Wɔkyerɛw Israelfo nyinaa din sɛnea wɔn mmusua te; wɔkyerɛwee wɔ Israel Ahemfo Nhoma no mu. Yuda asoɔden nti, wɔde wɔn kɔɔ Babilon.+  Wɔn a wodii kan bɛtenaa wɔn asaase so bio wɔ wɔn kurom ne Israelfo no bi, asɔfo, Lewifo ne asɔrefi asomfo no.*+  Wɔn a wɔyɛ Yuda+ asefo, Benyamin+ asefo, Efraim asefo, ne Manase asefo a wɔbɛtenaa Yerusalem no ni:  Utai a ɔyɛ Amihud ba, Omri ba, Imri ba, Bani ba a ofi Yuda ba Peres+ asefo mu.  Silo asefo: n’abakan Asaia ne ne mma.  Sera+ asefo: Yeuel ne wɔn nuanom, mmarima 690.  Benyamin asefo ni: Salu a ɔyɛ Mesulam ba, Hodawia ba, Hasenua ba,  ne Yeroham ba Yibnai, ne Ela a ɔyɛ Usi ba, Mikri ba, ne Mesulam, Sefatia ba, Reuel ba, Yibnia ba.  Wɔn nuanom asefo yɛ 956 sɛnea wɔakyerɛw wɔn abusuafo din. Mmarima yi nyinaa yɛ wɔn agyanom abusuafi mpanyimfo. 10  Wɔn mu asɔfo no ni: Yedaia, Yoiarib ne Yakin,+ 11  ne Asaria a ɔyɛ Hilkia ba, Mesulam ba, Sadok ba, Meraiot ba, Ahitab ba; ná Ahitab yɛ ɔpanyin wɔ nokware Nyankopɔn no fi* hɔ; 12  wɔn mu bi nso ne Adaia a ɔyɛ Yeroham ba, Pasur ba, Malkiya ba, Masai ba, Adiel ba, Yasera ba, Mesulam ba, Mesilemit ba, Imer ba, 13  ne wɔn nuanom, wɔn agyanom abusuafi mpanyimfo; mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden 1,760 a wɔyɛ adwuma wɔ nokware Nyankopɔn no fi. 14  Wɔn mu Lewifo ni: Semaia+ a ɔyɛ Hasub ba, Asrikam ba, Hasabia ba a wɔyɛ Merari asefo; 15  ne Bakbakar, Heres, Galal ne Matania a ɔyɛ Mika ba, Sikri ba, Asaf ba, 16  ne Obadia a ɔyɛ Semaia ba, Galal ba, Yedutan ba, ne Berekia a ɔyɛ Asa ba, Elkana ba; ɔno na ɔtenaa Netofafo+ mu. 17  Apon ano ahwɛfo+ no ne Salum, Akub, Talmon ne Ahiman. Wɔn nua Salum na na ɔda wɔn ano; 18  ɔno na ɛde besi saa bere no na ɔhwɛ ɔhene pon ano wɔ apuei fam.+ Eyinom ne apon ano ahwɛfo a na wɔwɔ Lewifo asoɛe hɔ. 19  Wɔn mu bi nso ne Salum a ɔyɛ Kore ba, Ebiasaf ba, Kora ba; ɔne ne nuanom Kora asefo a wofi n’agya fi na na wɔdeda adwuma no ano; ná wɔyɛ ntamadan no ano ahwɛfo, na wɔn agyanom na wɔyɛ apon ano ahwɛfo wɔ Yehowa asoɛe hɔ. 20  Kan no, Eleasar+ ba Finehas+ na na ɔda wɔn ano, na Yehowa dii n’akyi. 21  Meselemia ba Sakaria+ na na ɔyɛ ahyiae ntamadan no pon ano hwɛfo. 22  Wɔn a wɔpaw wɔn sɛ apon ano ahwɛfo a wɔhwɛ abobow ano no nyinaa yɛ 212. Wɔtenatenaa wɔn nkurow mu sɛnea wɔn mmusua te.+ Eyinom na Dawid ne ɔdehwɛfo Samuel+ buu wɔn anokwafo na wɔde wɔn totoo adwuma ano. 23  Apon ano ahwɛfo adwuma a wɔyɛ wɔ Yehowa fi,+ ntamadan fi no, wɔne wɔn mma na na wɔhwɛ so. 24  Apon ano ahwɛfo no gyinagyinaa afanan; apuei, atɔe, atifi, ne anaafo.+ 25  Ná nhyehyɛe bi wɔ hɔ sɛ ɛwom ara a, wɔn nuanom a wɔwɔ wɔn atenae no ne wɔn bɛba abɛsom nnanson. 26  Wɔde apon ano ahwɛfo anokwafo baanan totoo adwuma no ano. Wɔyɛ Lewifo; wɔn na wɔhwɛɛ nokware Nyankopɔn no fi adidibea ne adekoradan no so.+ 27  Anadwo biara, na wobegyinagyina nokware Nyankopɔn fi no ho hyia, efisɛ na wɔyɛ awɛmfo, na na safe no hyɛ wɔn nsa; wɔn na na wobuebue apon anɔpa biara. 28  Wɔn mu binom hwɛɛ nneɛma+ a wɔde som so; ná wɔkan ansa na wɔde aba, na wɔsan kan ansa na wɔde akɔ. 29  Wɔpaw ebinom nso sɛ wɔnhwɛ nneɛma yi so: anwenne ne anwenne kronkron no nyinaa,+ esiam muhumuhu,+ nsã,*+ ngo,+ ɛhyɛ,*+ ne balsam ngo.+ 30  Ná asɔfo mma no binom de balsam ngo yɛ sradehuam. 31  Lewini Matitia a ɔyɛ Kora aseni Salum abakan no ne ɔnokwafo a na ɔhwɛ nneɛma a wɔtõ wɔ nkankyee mu+ so. 32  Wɔn nuanom Kohat asefo no bi na wɔhwɛɛ paanoo a wɔde taataa so no* so;+ ná wɔtõ no homeda biara.+ 33  Eyinom ne nnwontofo no, Lewifo agyanom abusuafi mpanyimfo a wɔyɛɛ adwuma wɔ adekora adan* no mu; wɔanyɛ nnwuma foforo biara, efisɛ na ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔyɛ wɔn adwuma no awia ne anadwo. 34  Eyinom ne Lewifo agyanom abusuafi mpanyimfo, atitiriw no, sɛnea wɔakyerɛw wɔn abusuafo din. Wɔtenaa Yerusalem. 35  Gibeon agya Yeiel tenaa Gibeon;+ ná ne yere din de Maaka. 36  N’abakan ne Abdon, na wɔn a wodi hɔ ne Sur, Kis, Baal, Ner, Nadab, 37  Gedor, Ahio, Sakaria ne Miklot. 38  Miklot woo Simeam. Wɔne wɔn nuanom a wɔaka nyinaa tena bɛn wɔn nuanom wɔ Yerusalem. 39  Ner+ woo Kis, Kis woo Saul;+ Saul nso woo Yonatan,+ Malki-Sua,+ Abinadab,+ ne Esbaal. 40  Yonatan ba ne Merib-Baal,+ na Merib-Baal woo Mika.+ 41  Mika mma ne Piton, Melek, Tarea, ne Ahas. 42  Ahas woo Yara; Yara nso woo Alemet, Asmawet, ne Simri. Simri nso woo Mosa. 43  Mosa woo Binea, na ɔno nso woo Refaia, na ɔno nso woo Eleasa, na ɔno nso woo Asel. 44  Asel woo mma baasia. Wɔn din ni: Asrikam, Bokeru, Ismael, Searia, Obadia, ne Hanan. Eyinom ne Asel mma.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Netinimfo.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”
Anaa “asɔrefi.”
Anaa “bobesa.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Kyerɛ sɛ, paanoo a wɔde kyerɛ no.
Anaa “adidibea adan.”