Ahene Nhoma a Edi Kan 14:1-31

  • Ahiya hyɛɛ nkɔm tiaa Yeroboam (1-20)

  • Rehoboam bedii Yuda so (21-31)

    • Sisak bɛtow hyɛɛ wɔn so (25, 26)

14  Saa bere no, Yeroboam ba Abia yaree. 2  Enti Yeroboam ka kyerɛɛ ne yere sɛ: “Mesrɛ wo, sɔre na siesie wo ho sɛnea obiara renhu sɛ wone Yeroboam yere, na kɔ Silo. Hwɛ! Odiyifo Ahiya wɔ hɔ. Ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ mɛyɛ ɔman yi hene.+ 3  Fa paanoo du ne keeki, na fa ɛwo gu toa mu, na kohu no. Ɔbɛka nea ɛbɛto abofra no akyerɛ wo.” 4  Yeroboam yere yɛɛ saa. Ɔsɔre kɔɔ Ahiya fi wɔ Silo.+ Saa bere no, na Ahiya ani gu so kwa; onyin nti, na onhu ade. 5  Nanso na Yehowa adi kan aka akyerɛ Ahiya sɛ: “Yeroboam yere reba wo nkyɛn abebisa ne ba ho asɛm afi wo hɔ, efisɛ abofra no yare. Mɛkyerɛ wo nea ka kyerɛ no.* Sɛ ɔba a, ɔbɛyɛ ne ho sɛ obi foforo.” 6  Bere a Ahiya tee ɔbea no nan ase wɔ ne kwan ano no, ɛhɔ ara na ɔkae sɛ: “Yeroboam yere, bra mu. Adɛn nti na woayɛ wo ho sɛ obi foforo? Wɔasoma me sɛ menka asɛm a ano yɛ den nkyerɛ wo. 7  Kɔ na kɔka kyerɛ Yeroboam sɛ, ‘Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn aka ni: “Miyii wo fii wo nkurɔfo mu sɛ di me man Israel anim.+ 8  Ɛnna mihwim ahenni no fii Dawid fi de maa wo,+ nanso woanyɛ sɛ m’akoa Dawid a odii me mmara nsɛm so na ɔde ne koma nyinaa dii m’akyi, na nea ɛteɛ nkutoo na ɔyɛe wɔ m’anim no.+ 9  Woayɛ bɔne asen wɔn a wodii wo kan nyinaa, na woayɛ nyame foforo ne dade ahoni* de ahyɛ me abufuw;+ woadan w’akyi akyerɛ me.+ 10  Eyi nti mede mmusu reba Yeroboam fi so, na Yeroboam fi barima* biara, mekum no,* Israel nipahunu a wɔmfa no nyɛ hwee mpo, mekum no. Mɛpra Yeroboam fi nyinaa atow agu+ sɛnea obi pra nantwibin kɔtow gu no. 11  Yeroboam ho nipa biara a obewu wɔ kurom no, nkraman na ebedi ne nam, na nea obewu wɔ wuram no, ewim nnomaa na ebedi ne nam, efisɛ Yehowa na waka.”’ 12  “Enti sɔre na kɔ wo fi. Sɛ wudu kurow no mu a, abofra no bewu. 13  Israel nyinaa besu no na wɔasie no. Ɔno nkutoo ne obi a ɔwɔ Yeroboam abusua mu a wobesie no, efisɛ Yeroboam fi nyinaa, ɔno nko ara na Yehowa, Israel Nyankopɔn ahu adepa bi wɔ ne ho. 14  Da bi reba a Yehowa bɛpaw ɔhene bi abedi ade wɔ Israel, na ɔbɛsɛe Yeroboam fi;*+ saa da no adu awie. 15  Abosonnua*+ a Israel ayeyɛ de ahyɛ Yehowa abufuw nti, Yehowa bɛbɔ wɔn ahwe hɔ ma wɔayɛ sɛ demmire* a ɛrehinhim wɔ nsu mu. Obetu Israel ase afi asaase pa a ɔde maa wɔn agyanom yi so,+ na ɔbɛbɔ wɔn ahwete akosi Asubɔnten no* agya.+ 16  Na Yeroboam bɔne a wayɛ a ama Israel nso ayɛ bɔne nti, ɔbɛpo Israel.”+ 17  Ɛnna Yeroboam yere sɔre siim kɔɔ Tirsa. Bere a ɔreyɛ adu ofi no kwan ano no, abofra no wui. 18  Enti wosiee no, na Israel nyinaa suu no, na ɛmaa Yehowa asɛm a ɔnam n’akoa odiyifo Ahiya so kae no baa mu. 19  Yeroboam ho nsɛm a aka, n’akodi+ ne sɛnea odii ade no, wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu. 20  Mfe* dodow a Yeroboam de dii hene no si mfe 22, na ɛno akyi no, ɔne n’agyanom kɔdae,+ na ne ba Nadab bedii n’ade.+ 21  Solomon ba Rehoboam nso dii hene wɔ Yuda. Bere a Rehoboam bedii hene no, na wadi mfe 41, na odii ade mfe 17 wɔ Yerusalem; ɛhɔ ne Israel mmusuakuw no nyinaa kurow a Yehowa pawee+ sɛ ne din ntena.+ Rehoboam maame din de Naama, na na ɔyɛ Ammonni.+ 22  Na Yuda kɔɔ so yɛɛ Yehowa ani so bɔne,+ na nneɛma bɔne a wɔyɛe no hyɛɛ no abufuw mpo kyɛn wɔn agyanom de.+ 23  Wɔn nso yeyɛɛ sorɔnsorɔmmea,* abosom adum, ne abosonnua*+ wɔ nkoko atenten nyinaa so+ ne nnua kusuu nyinaa bi ase.+ 24  Wokɔ asaase no so a, na tuutuufo mmarima nso wɔ asɔrefi hɔ.+ Akyiwade a aman a Yehowa pam wɔn fii Israelfo anim no yɛe no, wɔyɛɛ ne nyinaa bi. 25  Ɔhene Rehoboam ahenni afe a ɛto so anum mu no, Egypt hene Sisak+ baa Yerusalem so.+ 26  Ɔfaa Yehowa fi akorade ne ahemfi* hɔ akorade no.+ Ɔfaa biribiara; sika kɔkɔɔ akyɛm a Solomon yɛe no nso, ɔfaa ne nyinaa.+ 27  Ɛno nti Ɔhene Rehoboam yɛɛ kɔbere akyɛm de sii ananmu, na ɔde hyɛɛ ahemfi* pon ano awɛmfo* no mpanyimfo nsa. 28  Bere biara a ɔhene bɛba Yehowa fi hɔ no, awɛmfo no kɔfa kurakura, na ɛno akyi no wɔsan de kɔ awɛmfo dan no mu. 29  Rehoboam ho nsɛm a aka, nea ɔyɛe nyinaa, wɔakyerɛw wɔ Yuda ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu.+ 30  Ntɔkwaw ampa Rehoboam ne Yeroboam ntam da.+ 31  Rehoboam ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no kaa n’agyanom ho wɔ Dawid Kurow mu.+ Ne maame din de Naama, na na ɔyɛ Ammonni.+ Ne ba Abiam*+ bedii n’ade.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Sɛɛ ne sɛɛ na ka kyerɛ no.”
Anaa “ahoni a wɔagu.”
Nt., “obi a ɔdwensɔ gu ban ho.” Hebri kasa mu no, ɛyɛ asɛm a wɔka de bu mmarima animtiaa.
Nt., “metwa no akyene.”
Nt., “obetwa Yeroboam fi akyene.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ɛyɛ afifide bi a ɛwɔ nsu ho.
Kyerɛ sɛ, Eufrate.
Nt., “Nna.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ɔhene fi.”
Anaa “ɔhene fi.”
Nt., “ammirikatufo.”
Ɔno ara na wɔfrɛ no Abia no.