Ahene Nhoma a Edi Kan 15:1-34

  • Yuda hene Abiam ahenni (1-8)

  • Yuda hene Asa ahenni (9-24)

  • Israel hene Nadab ahenni (25-32)

  • Israel hene Baasa ahenni (33, 34)

15  Nebat ba Ɔhene Yeroboam ahenni afe a ɛto so 18 mu no,+ Abiam bedii Yuda so hene.+  Odii hene mfe abiɛsa wɔ Yerusalem. Ne maame din de Maaka,+ na na ɔyɛ Abisalom banana.  Nneɛma bɔne a ne papa yɛe nyinaa, ɛno ara bi na ɔno nso yɛe; ne koma anni mu wɔ Yehowa ne Nyankopɔn ho te sɛ ne nana Dawid.  Nanso Dawid nti,+ Yehowa ne Nyankopɔn ma onyaa kanea* wɔ Yerusalem+ bere a ɔmaa ne ba bedii n’ade na ɔmaa Yerusalem gyinae no.  Nea ɛte ne sɛ, Dawid yɛɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa ani so, na biribiara a ɔka kyerɛɛ no no, ne nkwa nna nyinaa wannan amfi ho, gye Hitini Uria asɛm no nko ara mu.+  Rehoboam nkwa nna nyinaa, ntɔkwaw ampa ɔne Yeroboam ntam da.+  Abiam ho nsɛm a aka ne nea ɔyɛe nyinaa, wɔakyerɛw wɔ Yuda ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu.+ Ntɔkwaw bɛdaa Abiam ne Yeroboam nso ntam.+  Abiam ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no wɔ Dawid Kurow mu, na ne ba Asa+ bedii n’ade.+  Israel hene Yeroboam ahenni afe a ɛto so 20 mu no, Asa bedii Yuda so hene. 10  Odii hene mfe 41 wɔ Yerusalem; ne nanabea din de Maaka,+ na na ɔyɛ Abisalom banana. 11  Asa yɛɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa ani so+ te sɛ ne nana Dawid. 12  Tuutuufo mmarima a wɔwɔ asɔrefi hɔ no, otuu wɔn fii asaase no so,+ na oyiyii abosom fĩ* a n’agyanom yeyɛe no nyinaa.+ 13  Ne nanabea Maaka+ mpo, otuu no ade so, na wamma wanyɛ ɔbaapanyin bio, efisɛ na wayɛ ohoni tantan bi+ a wɔde som abosonnua.* Asa twaa ohoni tantan no, na ɔkɔhyewee wɔ Kidron Bon+ mu. 14  Mmom sorɔnsorɔmmea* no de, ɛkaa hɔ.+ Nanso Asa nkwa nna* nyinaa, na ne koma di mu wɔ Yehowa ho. 15  Na ɔde nneɛma a ɔne ne papa yɛɛ no kronkron no baa Yehowa fi hɔ; dwetɛ, sika kɔkɔɔ, ne nneɛma a aka no.+ 16  Ntɔkwaw ampa Asa ne Israel hene Baasa+ ntam da. 17  Enti Israel hene Baasa baa Yuda so, na ofii ase sɛ ɔresan akyekye Rama+ kurow no* sɛnea ɛbɛyɛ a obiara rentumi mfi Yuda hene Asa nkyɛn mma anaa obiara rentumi nkɔ ne nkyɛn.*+ 18  Ɛnna Asa de Yehowa fi ne ahemfi* akorade mu dwetɛ ne sika kɔkɔɔ a aka nyinaa maa n’asomfo, na Ɔhene Asa somaa wɔn kɔɔ Tabrimon ba Hesion ba Siria hene Ben-Hadad+ a ɔte Damasko no nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: 19  “Apam* da me ne wo ntam, ne me papa ne wo papa ntam. Merebɛkyɛ wo dwetɛ ne sika kɔkɔɔ. Bra na betwa apam* a wo ne Israel hene Baasa ayɛ no mu na omfi me so nkɔ.” 20  Ben-Hadad tiee Ɔhene Asa, na ɔsomaa n’asahene kɔɔ Israel nkurow so, na wɔko faa Eyon,+ Dan,+ Abel-Bet-Maaka, ne Kineret ne Naftali nsaase nyinaa. 21  Bere a Baasa tee no, ntɛm ara na ogyaee Rama kyekye,* na ɔtenaa Tirsa.+ 22  Ɛnna Ɔhene Asa boaboaa Yuda nyinaa ano, wanyi obiara amfi mu, na wɔkɔsesaw abo ne nnua a na Baasa de rekyekye Rama no, na Ɔhene Asa de kɔkyekyee Geba+ a ɛwɔ Benyamin, ne Mispa.*+ 23  Asa ho nsɛm a aka nyinaa, ne nnwuma akɛse ne nea ɔyɛe nyinaa ne nkurow a ɔkyekyee* no, wɔakyerɛw wɔ Yuda ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu. Nanso ne nkwakoraabere mu no, ɔyaree ne nan.+ 24  Na Asa ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no kaa n’agyanom ho wɔ ne nana Dawid Kurow mu, na ne ba Yehosafat+ bedii n’ade. 25  Yuda hene Asa ahenni afe a ɛto so abien mu no, Yeroboam ba Nadab+ bedii Israel so hene, na odii Israel so hene mfe abien. 26  Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne, na nneɛma bɔne a ne papa yɛe a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne no, ɛno ara bi na ɔyɛe.+ 27  Ahiya ba Baasa a ofi Isakar fi no bɔɔ Nadab ho pɔw, na Baasa kum no wɔ Gibeton+ a ɛwɔ Filistifo asaase so; saa bere no, na Nadab ne Israel nyinaa atwa Gibeton ho ahyia. 28  Enti Baasa kum no wɔ Yuda hene Asa ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu, na osii n’anan dii hene. 29  Bere a ɔbɛyɛɛ ɔhene ara pɛ, okunkum Yeroboam fifo nyinaa. Wannyaw Yeroboam ho nipa baako mpo;* ɔtɔree wɔn nyinaa ase maa Yehowa asɛm a ɔnam n’akoa Siloni Ahiya so kae no baa mu.+ 30  Nea enti a ɛbaa saa ne sɛ, Yeroboam yɛɛ bɔne na ɔtwetwee Israel nso kɔɔ bɔne mu, na ɔhyɛɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn abufuw kɛse. 31  Nadab ho nsɛm a aka, ne nea ɔyɛe nyinaa, wɔakyerɛw wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu. 32  Na ntɔkwaw ampa Asa ne Israel hene Baasa ntam da.+ 33  Yuda hene Asa ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu no, Ahiya ba Baasa bɛyɛɛ Israel nyinaa so hene wɔ Tirsa, na odii ade mfe 24.+ 34  Nanso ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne,+ na nneɛma bɔne a Yeroboam yɛe a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne no, ɛno ara bi na ɔyɛe.+

Ase Hɔ Nsɛm

Kyerɛ sɛ, aseni.
Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ebetumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtiaa.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “Asa nna.”
Anaa “obiara rentumi mfi Yuda hene Asa asaase so mma anaa obiara rentumi nkɔ hɔ.”
Anaa “ɔrehyɛ Rama kurow no den.”
Anaa “ɔhene fi.”
Anaa “Nhyehyɛe.”
Anaa “Nhyehyɛe.”
Anaa “Rama a ɔresiesie ma ayɛ den no.”
Anaa “kosiesiee Geba a ɛwɔ Benyamin, ne Mispa ma ɛyɛɛ den.”
Anaa “nkurow a ɔhyɛɛ no den.”
Anaa “ho nipa biara a ahome wɔ ne mu.”