Ahene Nhoma a Edi Kan 16:1-34

  • Yehowa atemmusɛm a etia Baasa (1-7)

  • Israel hene Ela ahenni (8-14)

  • Israel hene Simri ahenni (15-20)

  • Israel hene Omri ahenni (21-28)

  • Israel hene Ahab ahenni (29-33)

  • Hiel san kyekyee Yeriko (34)

16  Ɛnna Yehowa somaa Hanani+ ba Yehu+ ma ɔkɔkaa atemmusɛm yi tiaa Baasa: 2  “Memaa wo so fii mfuturu mu yɛɛ wo ɔpanyin wɔ me man Israel so,+ nanso nea Yeroboam yɛe no, ɛno ara bi na woreyɛ, na woama me man Israel ayɛ bɔne de wɔn bɔne ahyɛ me abufuw.+ 3  Enti merebɛpra Baasa ne ne fi nyinaa atow agu, na mɛyɛ ne fi sɛ Nebat ba Yeroboam+ fi. 4  Baasa ho nipa biara a obewu wɔ kurom no, nkraman na ebedi ne nam, na nea obewu wɔ wuram no, ewim nnomaa na ebedi ne nam.” 5  Baasa ho nsɛm a aka, nea ɔyɛe ne ne nnwuma akɛse no, wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu. 6  Ɛnna Baasa ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no wɔ Tirsa,+ na ne ba Ela bedii n’ade. 7  Bio nso, Yehowa nam Hanani ba odiyifo Yehu so kaa atemmusɛm tiaa Baasa ne ne fifo, efisɛ ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne de ne nneyɛe hyɛɛ no abufuw te sɛ Yeroboam fi, na okum Nadab* nso.+ 8  Yuda hene Asa ahenni afe a ɛto so 26 mu no, Baasa ba Ela bɛyɛɛ Israel hene mfe abien wɔ Tirsa. 9  Bere a ɔrewe nsã bow wɔ Tirsa ahemfi panyin Arsa fi wɔ Tirsa no, n’akoa Simri bɔɔ ne ho pɔw. Ná Simri da akofo a wɔde nteaseɛnam kɔ ako no fã ano. 10  Yuda hene Asa ahenni afe a ɛto so 27 mu no, Simri kɔɔ ne wura so kɔbɔɔ no kum no,+ na obedii n’ade. 11  Bere a ɔbɛtenaa ahengua no so dii hene ara pɛ, okunkum Baasa fifo nyinaa. Wannyaw ɔbarima* biara a ɔyɛ ne busuani* anaa n’adamfo. 12  Enti Simri tɔree Baasa fifo nyinaa ase, na ɛmaa Yehowa asɛm a ɔnam odiyifo Yehu so ka faa Baasa ho no baa mu.+ 13  Nea enti a ɛbaa saa ne sɛ, Baasa ne ne ba Ela yɛɛ bɔne, na ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne, na wɔde wɔn abosonhunu no hyɛɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn abufuw.+ 14  Ela ho nsɛm a aka ne nea ɔyɛe nyinaa, wɔakyerɛw wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu. 15  Yuda hene Asa ahenni afe a ɛto so 27 mu no, Simri bedii hene nnanson wɔ Tirsa. Saa bere no, na asraafo no akotwa Gibeton+ a ɛwɔ Filistifo asaase so no ho ahyia. 16  Akyiri yi, asraafo a wɔwɔ asoɛe hɔ no tee sɛ nkurɔfo rekeka sɛ: “Simri abɔ ɔhene ho pɔw akum no.” Enti saa da no, Israel nyinaa de ɔsahene Omri+ sii Israel so hene wɔ asoɛe hɔ. 17  Ɛnna Omri ne Israelfo a wɔka ne ho nyinaa fii Gibeton betwaa Tirsa ho hyiae. 18  Bere a Simri hui sɛ kurow no abedi wɔn nsam no, ntɛm ara na ɔkɔɔ ahemfi* abantenten no mu, na ɔde ogya too mu hyew ne ho ne ɔdan no nyinaa, enti owui.+ 19  Nea enti a ɛbaa saa ne sɛ, ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne. Bɔne a Yeroboam yɛe no, ɛno ara bi na ɔyɛe, na ɔmaa Israel nso yɛɛ bɔne.+ 20  Simri ho nsɛm a aka ne pɔw a ɔbɔe no, wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu. 21  Saa bere no, Israel man no mu kyɛɛ abien. Ɔman no fã kodii Ginat ba Tibni akyi, na na wɔpɛ sɛ wosi no hene, ɛnna ɔfã nso kodii Omri akyi. 22  Nanso Omri akyitaafo no dii Ginat ba Tibni akyitaafo no so nkonim. Tibni wui, na Omri dii hene. 23  Yuda hene Asa ahenni afe a ɛto so 31 mu no, Omri bɛyɛɛ Israel hene, na odii ade mfe 12. Odii ade mfe asia wɔ Tirsa. 24  Otuaa dwetɛ dwetikɛse* abien de tɔɔ Samaria bepɔw fii Semer hɔ, na ɔkyekyee kurow wɔ bepɔw no so. Kurow a ɔkyekyee no, ɔde bepɔw no wura Semer din too so, na ɔfrɛɛ hɔ Samaria.*+ 25  Omri yɛɛ Yehowa ani so bɔne; ɔyɛɛ bɔne sen wɔn a wodii no kan nyinaa.+ 26  Bɔne a Nebat ba Yeroboam yɛe nyinaa, ɔno nso yɛɛ bi. Yeroboam maa Israel yɛɛ bɔne, na wɔde wɔn abosonhunu hyɛɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn abufuw.+ 27  Omri ho nsɛm a aka, nea ɔyɛe ne ne nnwuma akɛse no, wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu. 28  Omri ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no wɔ Samaria, na ne ba Ahab+ bedii n’ade. 29  Yuda hene Asa ahenni afe a ɛto so 38 mu no, Omri ba Ahab bedii Israel so hene. Omri ba Ahab dii Israel so hene mfe 22 wɔ Samaria.+ 30  Omri ba Ahab yɛɛ Yehowa ani so bɔne sen wɔn a wodii no kan nyinaa.+ 31  Ɔno de, ɛnyɛ Nebat ba Yeroboam+ bɔne nko na ɔyɛɛ bi; ɔsan kɔwaree Sidonfo+ hene Etbaal babea Yesebel,+ na ɔkɔsom Baal+ bɔɔ ne mu ase maa no. 32  Afei nso, osii ofi* maa Baal wɔ Samaria, na osii afɔremuka wɔ hɔ maa Baal.+ 33  Ahab sii ɔbosom dua*+ nso. Ahab yɛɛ bɔne de hyɛɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn abufuw sen Israel ahemfo a wodii no kan nyinaa. 34  Ne bere so na Betelni Hiel san kyekyee Yeriko. Bere a ɔtoo kurow no fapem no, ne ba panyin Abiram wui, na bere a osisii n’apon nso, ne ba kumaa Segub wui, na ɛmaa Yehowa asɛm a ɔnam Nun ba Yosua so kae no baa mu.+

Ase Hɔ Nsɛm

Kyerɛ sɛ, Yeroboam ba Nadab.
Nt., “obi a ɔdwensɔ gu ban ho.” Hebri kasa mu no, ɛyɛ asɛm a wɔka de bu mmarima animtiaa.
Anaa “obetumi abɛtɔ ne mogya so were.”
Anaa “ɔhene fi.”
Dwetikɛse baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.
Ɛkyerɛ, “Semer Abusua Agyapade.”
Anaa “abosom dan.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Abosonnua.”