Ahene Nhoma a Edi Kan 20:1-43

  • Siriafo ne Ahab bɛkoe (1-12)

  • Ahab dii Siriafo so nkonim (13-34)

  • Wɔhyɛɛ nkɔm tiaa Ahab (35-43)

20  Siria+ hene Ben-Hadad+ boaboaa n’asraafodɔm nyinaa ano, na obetwaa Samaria+ ho hyiae+ sɛ ɔne wɔn rebɛko. Ná ahemfo 32 ne wɔn apɔnkɔ ne wɔn nteaseɛnam ka ho. 2  Afei otuu abɔfo kɔɔ Israel hene Ahab+ nkyɛn wɔ kurow no mu kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nea Ben-Hadad aka ni, 3  ‘Wo dwetɛ ne wo sika yɛ me dea, na wo yerenom ne wo mma a wɔn ho yɛ fɛ nso yɛ me dea.’” 4  Ɛnna Israel hene buae sɛ: “Me wura ɔhene, sɛnea woaka no, me ne nea mewɔ nyinaa yɛ wo dea.”+ 5  Akyiri yi, abɔfo no san bɛkae sɛ: “Nea Ben-Hadad aka ni, ‘Mesoma baa wo nkyɛn sɛ: “Fa wo dwetɛ, wo sika, ne wo yerenom ne wo mma ma me.” 6  Ɔkyena sesɛɛ nso, mɛsoma me nkoa aba wo nkyɛn, na wɔbɛhwehwɛ wo fi ne wo nkoa afi mu, na sɛ wɔba a, ade biara a ɛyɛ fɛ w’ani so no, wɔbɛfa na wɔde aba.’” 7  Ɛhɔ ara na Israel hene frɛɛ asaase no so mpanyimfo nyinaa bɔɔ wɔn amanneɛ sɛ: “Mesrɛ mo, momfa mo ani nto fam, na mubehu sɛ mmusu na onipa yi asi ne bo sɛ ɔde bɛba, efisɛ ɔbɛka kyerɛɛ me sɛ memfa me yerenom ne me mma, me dwetɛ, ne me sika mma no, na mampopo me ti.” 8  Ɛnna mpanyimfo no nyinaa ne ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: “Nea waka no, mpene so, na nyɛ.” 9  Enti ɔka kyerɛɛ Ben-Hadad abɔfo no sɛ: “Monkɔka nkyerɛ me wura ɔhene sɛ, ‘Nea wudii kan bɛka kyerɛɛ me no, mɛyɛ ne nyinaa, na eyi de, ɛnyɛ ade a metumi ayɛ.’” Ɛnna abɔfo no fii hɔ kɔe, na wɔkɔbɔɔ no amanneɛ. 10  Afei Ben-Hadad soma kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mfuturu a ɛbɛka Samaria no, sɛ nnipa a wodi m’akyi no mu biara tumi nya nsa ma a, ɛnde anyame no ntua me ka na wɔmfa bi nka ho!” 11  Israel hene nso buae sɛ: “Monkɔka nkyerɛ no sɛ, ‘Mma nea ɔrehyɛ akotaade nnhoahoa ne ho te sɛ obi a ɔreyi agu hɔ.’”+ 12  Bere a ɔtee asɛm yi no, na ɔne ahemfo no renom nsã wɔ wɔn ntamadan mu;* ɛhɔ ara na ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Mommoaboa mo ho!” Na wɔboaboaa wɔn ho sɛ wɔrekɔ kurow no so. 13  Na odiyifo bi baa Israel hene Ahab+ nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Woahu dɔm kɛse yi nyinaa? Ɛnnɛ mede wɔn bɛhyɛ wo nsa na woahu sɛ mene Yehowa.’”+ 14  Ahab bisae sɛ: “Ɛnam hena so?” na obuae sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Ɛnam amantam asoafo no asomfo so.’” Enti ɔhene bisae sɛ: “Hena na obefi ɔko no ase?” Na obuae sɛ: “Ɛyɛ wo!” 15  Ɛnna Ahab kan amantam asoafo no asomfo no; ná wɔn dodow si 232. Ɛno akyi no, ɔkan Israel mmarima nyinaa; ná wɔn dodow si 7,000. 16  Bere a wɔrefi kurow no mu no, na ɛyɛ awiabere.* Saa bere no, na Ben-Hadad rewe nsã bow wɔ ntamadan mu,* ɔne ahemfo 32 a wɔka ne ho reboa no no. 17  Bere a amantam asoafo no asomfo no dii kan kɔe no, ɛhɔ ara na Ben-Hadad somaa nkurɔfo sɛ wɔnkɔhwɛ nea ɛrekɔ so, na wɔbɛbɔɔ no amanneɛ sɛ: “Mmarima bi fi Samaria aba.” 18  Ɛnna ɔkae sɛ: “Sɛ asomdwoe na wɔde bae a, monkyere wɔn anikan, na sɛ ntɔkwaw nso na wɔde bae a, monkyere wɔn anikan.” 19  Amantam asoafo no asomfo no ne asraafo a wodi wɔn akyi no, bere a wofii kurow no mu bae no, 20  obiara kum onipa a obehyiaa no no. Ɛnna Siriafo no guanee,+ na Israelfo tiw wɔn. Siria hene Ben-Hadad de, ɔtenaa ɔpɔnkɔ so, na ɔne wɔn a wɔtete apɔnkɔ so no bi guanee. 21  Nanso Israel hene toaa so dii atamfo a wɔtete apɔnkɔ so ne nteaseɛnam mu no so nkonim, na Siriafo a okunkum wɔn no, na wɔdɔɔso paa. 22  Akyiri yi, odiyifo+ no kɔɔ Israel hene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ na kɔhyɛ wo ho den, na hu nea wobɛyɛ,+ efisɛ afe sesɛɛ,* Siria hene bɛba wo so.”+ 23  Siria hene nkoa nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔn Nyankopɔn no yɛ mmepɔw Nyankopɔn. Ɛno nti na wodii yɛn so nkonim no. Sɛ yɛne wɔn kɔko wɔ asaase a ɛda fam so de a, yebedi wɔn so nkonim. 24  Yɛ eyi nso ka ho: Yiyi ahemfo no nyinaa fi mu,+ na fa amradofo sisi wɔn ananmu. 25  Afei boaboa* asraafodɔm a wɔn dodow te sɛ asraafodɔm a wohweree wɔn no ano, na fa apɔnkɔ hyɛ apɔnkɔ ananmu na fa nteaseɛnam hyɛ nteaseɛnam ananmu. Ma yɛne wɔn nkɔko wɔ asaase a ɛda fam so, na ɔkwan biara so yebedi wɔn so nkonim.” Otiee wɔn afotu no, na ɔyɛɛ saa. 26  Afe no mfiase no,* Ben-Hadad boaboaa Siriafo ano, na wosiim kɔɔ Afek+ sɛ wɔne Israel rekɔko. 27  Israelfo nso boaboaa wɔn ho ano, na wɔmaa wɔn nea wohia, na wofii adi sɛ wɔrekohyia wɔn. Bere a Israelfo boaa wɔn ho ano wɔ wɔn anim no, na wɔayɛ sɛ nguankuw* nketewa abien, nanso Siriafo no de, wɔhyɛɛ asaase no so ma.+ 28  Ɛnna nokware Nyankopɔn nipa no baa Israel hene nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Esiane sɛ Siriafo aka sɛ: “Yehowa yɛ mmepɔw Nyankopɔn na ɔnyɛ asaase a ɛda fam Nyankopɔn” nti, mede dɔm kɛse yi nyinaa bɛhyɛ wo nsa+ na mubehu ampa sɛ mene Yehowa.’”+ 29  Wɔboaa wɔn ho ano nnanson, dɔm anim kyerɛ dɔm anim. Da a ɛto so ason no, wɔde ɔko no hyehyɛɛ so, na da koro pɛ, Israelfo kunkum Siriafo asraafo* 100,000. 30  Wɔn a wɔkae no guan kɔɔ Afek+ kurow no mu, na mmarima a wɔkae no, ɔfasu no bu guu wɔn mu 27,000 so. Ben-Hadad nso guan kɔɔ kurow no mu, na okohintaw pia mu. 31  Ɛnna ne nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛate sɛ Israel fi ahemfo yɛ ahemfo a wɔwɔ ahummɔbɔ.* Enti yɛsrɛ wo, ma yɛmfa awerɛhow ntama* mmobɔ yɛn asen na yɛmfa nhama mmobɔ yɛn ti nkɔ Israel hene nkyɛn. Ebia ɔbɛkora wo nkwa* so.”+ 32  Enti wɔfaa awerɛhow ntama bobɔɔ wɔn asen, na wɔde nhama bobɔɔ wɔn ti kɔɔ Israel hene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nea w’akoa Ben-Hadad aka ne sɛ, ‘Mesrɛ wo, ma mentena nkwa mu.’”* Ɛnna obisaa wɔn sɛ: “Ɔda so te ase anaa? Ɔyɛ me nua.” 33  Ɛnna mmarima no faa no sɛ nneɛma bɛkɔ yiye, na ne koma mu asɛm na waka no, enti wɔkae sɛ: “Ben-Hadad yɛ wo nua.” Na ɔno nso kae sɛ: “Monkɔfa no mmra.” Enti Ben-Hadad baa ne nkyɛn, na ntɛm ara ɔma ɔforo bɛtenaa ne teaseɛnam mu. 34  Ɛnna Ben-Hadad ka kyerɛɛ no sɛ: “Nkurow a me papa gye fii wo papa nsam no, mɛsan de ama wo; wubetumi abesisi aguadibea* wɔ Damasko sɛnea me papa yɛe wɔ Samaria no.” Ahab nso kae sɛ: “Nhyehyɛe* yi nti megyaa wo ama woakɔ.” Enti ɔne no yɛɛ nhyehyɛe, na ogyaa no ma ɔkɔe. 35  Yehowa de n’asɛm somaa ɔbarima bi a ofi adiyifo mma*+ mu ma ɔka kyerɛɛ ne yɔnko sɛ: “Mesrɛ wo, bɔ me.” Nanso ɔbarima no ammɔ no. 36  Enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Esiane sɛ woantie Yehowa nne nti, sɛ wunya fi me nkyɛn kɔ a, gyata bekum wo.” Bere a ofii ne nkyɛn kɔe no, okohyiaa gyata ma okum no. 37  Okohuu ɔbarima foforo, na ɔka kyerɛɛ ɔno nso sɛ: “Mesrɛ wo, bɔ me.” Ɛnna ɔbarima no bɔɔ no piraa no. 38  Afei odiyifo no kogyinaa kwankyɛn twɛn ɔhene no; ná ɔde biribi akata n’anim sɛnea ɛbɛyɛ a obi renhu onipa ko a ɔyɛ. 39  Bere a ɔhene no rebetwam no, ɔfrɛɛ ɔhene kae sɛ: “W’akoa kɔɔ akono, ɛnna ɔbarima bi a ɔrefi akono hɔ de obi bɛhyɛɛ me nsa, na ɔkae sɛ, ‘Hwɛ ɔbarima yi so. Sɛ ɔyera a, wode wo nkwa besi ne nkwa ananmu,*+ anyɛ saa a, wubetua dwetɛ dwetikɛse* baako ahyɛ mu.’ 40  Bere a w’akoa redi akɔneaba no, m’ani baa me ho so no, na waguan kɔ.” Ɛnna Israel hene ka kyerɛɛ no sɛ: “Saa na w’atemmu bɛyɛ. Wo ara woabua asɛm no.” 41  Ntɛm ara na oyii nea ɛkata n’anim no, na Israel hene hui sɛ ɔka adiyifo no ho.+ 42  Afei ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Esiane sɛ woama ɔbarima a makyerɛ sɛ wɔnsɛe no afi wo nsa nti,+ wo nkwa besi ne nkwa ananmu,*+ na wo man asi ne man ananmu.’”+ 43  Ɛnna Israel hene kɔɔ ne fi wɔ Samaria;+ ná wabotow na wayɛ mmɔbɔmmɔbɔ.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “wɔn apata ase.”
Anaa “owigyinae.”
Anaa “apata ase.”
Kyerɛ sɛ, bere a fefɛw bere bɛsan adu.
Nt., “kan.”
Kyerɛ sɛ, bere a nneɛma fefɛw.
Nt., “mpɔnkye kuw.”
Anaa “asraafo a wɔnam fam.”
Anaa “ahemfo a wɔn dɔ nni huammɔ.”
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “wo kra.”
Anaa “ma me kra nnya nkwa.”
Anaa “Apam.”
Anaa “apaw mmorɔn.”
Sɛ wɔka sɛ “adiyifo mma” a, ɛbɛyɛ sɛ ɛkyerɛ adesuakuw a wɔtete adiyifo wom anaa adiyifo nkabom kuw.
Anaa “wode wo kra besi ne kra ananmu.”
Dwetikɛse baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “wo kra besi ne kra ananmu.”