Ahene Nhoma a Edi Kan 4:1-34

  • Wɔn a na wɔdeda nnwuma ano wɔ Solomon ahenni mu (1-19)

  • Nneɛma kɔɔ yiye wɔ Solomon ahenni mu (20-28)

    • Wɔtenaa wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase dwoodwoo (25)

  • Solomon nyansa ne mmɛ a obui (29-34)

4  Ɔhene Solomon dii Israel nyinaa so hene.+  Ne mpanyimfo din na edidi so yi: Sadok+ ba Asaria na na ɔyɛ ɔsɔfo;  Sisa mma Elihoref ne Ahiya na na wɔyɛ akyerɛwfo;+ Ahilud ba Yehosafat+ de, na ɔyɛ ɔhene krakye;  Yehoiada ba Benaia+ na na ɔda asraafo no ano, ɛnna Sadok ne Abiatar+ yɛ asɔfo;  Natan+ ba Asaria na na ɔda akunini no ano, ɛnna Natan ba Sabud yɛ ɔsɔfo ne ɔhene adamfo;+  Ahisa na na ɔyɛ ofiepanyin, na Abda ba Adoniram+ na na ɔhwɛ apaafo+ so.  Ná Solomon wɔ akunini 12 a wɔdeda Israel nyinaa ano, na wɔn na wɔde aduan brɛɛ ɔhene ne ne fifo. Wɔde hyɛɛ wɔn nsa sɛ afe biara wɔn mu biara mfa aduan mmra bosome baako.+  Wɔn din na edidi so yi. Hur ba: ɔno na ɔhwɛɛ Efraim mmepɔw so nkurow so;  Deker ba: baabi a ɔhwɛɛ so ne Makas, Saalbim,+ Bet-Semes, ne Elon-Bet-Hanan; 10  Hesed ba: ɔhwɛɛ Arubot so (ná Soko ne Hefer asaase nyinaa nso hyɛ ne nsa); 11  Abinadab ba: ɔhwɛɛ Dor bepɔw so nkurow nyinaa so (ɔwaree Solomon babea Tafat); 12  Ahilud ba Baana: baabi a ɔhwɛɛ so ne Taanak, Megido+ ne Bet-Sean+ nyinaa a ɛbɛn Saretan a ɛwɔ Yesreel ase no, ɛne Bet-Sean kosi Abel-Mehola kosi Yokmeam+ mpɔtam; 13  Geber ba: baabi a ɔhwɛɛ so ne Ramot-Gilead+ (ná Manase ba Yair+ nkuraa-nkuraa a ɛwowɔ Gilead+ no hyɛ ne nsa; ná Argob+ a ɛwɔ Basan+ no nso hyɛ ne nsa: nkurow akɛse 60 a ɛwɔ afasu ne kɔbere mmeamu); 14  Ido ba Ahinadab: ɔhwɛɛ Mahanaim+ so; 15  Ahimahas: ɔhwɛɛ Naftali so (ɔno nso waree Solomon babea Basemat); 16  Husai ba Baana: ɔhwɛɛ Aser ne Bealot so; 17  Parua ba Yehosafat: ɔhwɛɛ Isakar so; 18  Ela ba Simei:+ ɔhwɛɛ Benyamin+ so; 19  Uri ba Geber: baabi a ɔhwɛɛ so ne Gilead+ asaase, Amorifo hene Sihon+ asaase, ne Basan hene Og+ de. Okunini baako na na ɔda akunini a wɔaka no nyinaa ano wɔ asaase no so. 20  Ná Yudafo ne Israelfo dɔɔso te sɛ mpoano anwea;+ wodidi nomee, na wodii ahurusi.+ 21  Solomon dii ahenni nyinaa so, efi Asubɔnten no*+ ho kosi Filistifo asaase so ne Egypt hye so. Nkurɔfo de akyɛde brɛɛ Solomon, na wɔsom no ne nkwa nna nyinaa.+ 22  Ná Solomon fi da koro aduan yɛ esiam muhumuhu kor* 30 ne esiam foforo kor 60, 23  anantwi 10 a wɔadɔ srade, anantwi 20 a wɔkɔ adidi, ne nguan 100; awansan, atwe, akwadu, ne nnomaa a wɔadɔ srade mpo de, wɔnkan. 24  Odii tumi wɔ biribiara a ɛwɔ Asubɔnten no fã ha*+ so, efi Tifsa kosi Gasa,+ ne ahemfo a wɔwɔ Asubɔnten no fã ha nyinaa; onyaa asomdwoe n’ahenni nyinaa mu wɔ afã nyinaa.+ 25  Solomon bere so nyinaa, Yuda ne Israel tenaa ase dwoodwoo; efi Dan kosi Beer-Seba obiara tenaa ne bobe ne ne borɔdɔma ase. 26  Ná Solomon wɔ apɔnkɔdan 4,000* a ɔde n’apɔnkɔ a wɔtwe nteaseɛnam gu mu, ne apɔnkɔ* 12,000.+ 27  Akunini yi na wɔmaa Ɔhene Solomon ne obiara a odidi Ɔhene Solomon pon so aduan. Bosome biara na ɛwɔ nea ɔde ne de ba, na na wɔhwɛ sɛ biribiara wɔ hɔ.+ 28  Wɔde baali* ne sare nso brɛɛ apɔnkɔ no ne apɔnkɔ a na wɔtwe nteaseɛnam no; baabiara a wohia bi no, wɔde kɔe sɛnea obiara adwuma te. 29  Na Onyankopɔn maa Solomon nyansa ne nhumu pii ne koma a emu ntease dɔɔso te sɛ mpoano anwea.+ 30  Ná Solomon nyansa dɔɔso sen Apuei Famfo nyinaa nyansa ne Egyptfo nyansa nyinaa.+ 31  Ná onim nyansa sen onipa biara; Esrahini Etan+ ne Mahol mma Heman+ ne Kalkol+ ne Darda mpo, na onim nyansa sen wɔn. Ne din hyetaa aman a atwa ne ho ahyia nyinaa mu.+ 32  Otumi buu mmɛ+ 3,000, na ɔhyehyɛɛ nnwom+ 1,005. 33  Ɔkaa nnua ho asɛm, efi sida a ɛwɔ Lebanon so kosi sommɛ*+ a efifi dan ho so; ɔkaa mmoa+ ne nnomaa+ ne mmoa a wɔwea*+ ne mpataa ho asɛm. 34  Nkurɔfo fi aman nyinaa mu betiee Solomon nyansa; ahemfo a wofi asaase so mmaa nyinaa a wɔtee ne nyansa ho asɛm nso betiee no.+

Ase Hɔ Nsɛm

Kyerɛ sɛ, Eufrate.
Kor baako yɛ lita 220. Hwɛ Nkh. B14.
Kyerɛ sɛ, Eufrate atɔe fam.
Apɔnkɔdan dodow a ɛwɔ ha yi, saa na ɛwɔ nsaano nkyerɛwee ahorow bi mu, na ɛne kyerɛwsɛm a ɛka asɛm koro yi ara no nso hyia. Nsaano nkyerɛwee ahorow bi ka sɛ na ɛyɛ 40,000.
Anaa “wɔn a wɔtete apɔnkɔ so.”
Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ebetumi aba sɛ mmoa bi te sɛ ntuboa ka ho.