Ahene Nhoma a Edi Kan 6:1-38

  • Solomon sii asɔrefi no (1-38)

    • Pia mu pia no (19-22)

    • Kerubim abien no (23-28)

    • Adwini, apon, adiwo a ɛwɔ mfinimfini no (29-36)

    • Ɔde mfe ason na esii asɔrefi no wiei (37, 38)

6  Bere a Israelfo* fi Egypt asaase so bae no,+ n’afe a ɛto so 480 no, na ɛyɛ Solomon afe a ɛto so anan fi bere a ɔbɛyɛɛ Israel hene. Saa afe no, ofii ase sɛ ɔresi Yehowa fi*+ no wɔ Siw* bosome+ no (kyerɛ sɛ, bosome a ɛto so abien no) mu. 2  Ɔdan a Ɔhene Solomon si maa Yehowa no, ne tenten yɛ basafa* 60, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 20, na efi soro besi fam yɛ basafa 30.+ 3  Abantenten+ a ɛwɔ asɔredan no anim no, ne tenten ne asɔredan no tɛtrɛtɛ yɛ pɛ; ɛyɛ basafa 20. Efi ano kosi asɔredan no anim nso, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa du. 4  Ɔyeyɛɛ mfɛnsere a aka apua*+ wɔ ofi no mu. 5  Afei osii nkyɛnmu dan de twaa asɔredan no ho hyiae, wɔ ɔdan no ankasa* ne ne pia mu pia+ no ho, na ɔyeyɛɛ nkyɛnmu mpia wom de twaa ɔdan no ho nyinaa hyiae.+ 6  Nkyɛnmu pia a ɛwɔ ase no, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa anum, nea ɛwɔ mfinimfini no, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa asia, na nea ɛto so abiɛsa no, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa ason; ɔyeyɛɛ bamma wɔ ɔdan no ho nyinaa hyiae, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremfa biribiara nwurawura asɔredan no mu.+ 7  Ɔdan no, wɔde abo a wɔapae na wɔayɛ ho biribiara awie na esii,+ enti bere a wɔresi ofi no, wɔante hamma* anaa abonnua anaa nnade biara dede wɔ hɔ. 8  Nkyɛnmu pia a ɛwɔ ase no kwan da ɔdan no anaafo fam,*+ na nkyɛnmu pia a ɛwɔ mfinimfini no ne nea ɛto so abiɛsa no, stɛps a akyinkyim na wɔde foro kɔ mu. 9  Ɔtoaa so sii ɔdan no kosii sɛ owiei,+ na ɔde sida dua mpuran ne ntaaboo sɛm ɔdan no so.+ 10  Afei nso, ɔyeyɛɛ nkyɛnmu mpia wɔ ɔdan no ho nyinaa hyiae;+ efi soro besi fam no, ebiara yɛ basafa anum, na wɔde sida nnua susoo mu bɔɔ ɔdan no mu. 11  Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Solomon sɛ: 12  “Sɛ wonantew m’ahyɛde mu na wudi m’atemmusɛm so na wode me mmara nsɛm nyinaa yɛ adwuma na wonantew mu+ a, me nso ofi a woresi yi, mɛfa wo so ama ɛho bɔ a mehyɛɛ wo papa Dawid no aba mu;+ 13  mɛtena Israelfo mu,+ na merennyaw me man Israel.”+ 14  Solomon toaa so sii ɔdan no kosii sɛ owiei. 15  Ɔde sida nnua kyekyɛɛ ɔdan no mu. Ɔde nnua sɛm ɔdan no mu fi fam kosii ne nsɛmso so, na ɔde ɔpopaw nnua nso sɛm fam wɔ ɔdan no mu.+ 16  Sɛ wuwura asɔredan no mu a, ɛrekɔ akyi hɔ no, ɔyɛɛ baabi a ne tenten yɛ basafa 20; sida dua ntaaboo na ɔde sɛm ho fi fam kosii ne nsɛmso so, na ɔyɛɛ hɔ pia mu pia,+ Kronkron Mu Kronkronbea no.+ 17  Ná asɔredan*+ no fã a ɛtoa so no, kyerɛ sɛ, ne fã a ɛwɔ anim no yɛ basafa 40. 18  Sida dua a ɛwɔ ɔdan no mu no, wɔyeyɛɛ aduaba agude nkuruwankuruwa+ ne nhwiren+ wɔ ho. Wɔde sida dua na ɛyɛɛ ho biribiara; wuwura mu a, wunhu ɔbo biara. 19  Afei osiesiee pia mu pia+ a ɛwɔ asɔredan no mu sɛ ɔde Yehowa apam adaka no besi hɔ.+ 20  Pia mu pia no tenten yɛ basafa 20, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 20, na efi soro besi fam nso yɛ basafa 20;+ ɔde sika kɔkɔɔ amapa faa mu nyinaa, na afɔremuka+ no nso, ɔde sida dua sɛm ho. 21  Solomon de sika kɔkɔɔ amapa faa asɔredan no mu,+ na ɔde sika kɔkɔɔ faa pia mu pia+ no mu, ɛnna ɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn twaa anim. 22  Ɔde sika kɔkɔɔ faa ɔdan no mu nyinaa kosii sɛ owiee ɔdan no ho adwuma nyinaa; afɔremuka a ɛbɛn pia mu pia no nso, ɔde sika kɔkɔɔ faa ho nyinaa.+ 23  Bio nso, ɔde nku dua yɛɛ kerubim+ abien wɔ pia mu pia no mu, baako biara tenten yɛ basafa du.+ 24  Kerubim baako ntaban baako tenten yɛ basafa anum, na n’ataban baako a aka no nso tenten yɛ basafa anum. Efi ne ntaban baako ano kosi ne ntaban baako no nso ano yɛ basafa du. 25  Kerubim a ɔto so abien no nso, na ne tenten yɛ basafa du. Kerubim abien no nyinaa, na wɔn kɛse ne wɔn biribiara yɛ pɛ. 26  Kerubim baako tenten yɛ basafa du, na saa na kerubim baako a aka no nso te. 27  Ɛnna ɔde kerubim+ no sisii pia mu pia* no mu; ná kerubim no ntaban mu atrɛtrɛw. Kerubim no baako ntaban ka ɔfasu no, na ɔbaako nso de ka ɔfasu a ɛwɔ ɔfã noho no; wɔn ntaban a aka no, wɔatrɛtrɛw mu wɔ ɔdan no mfinimfini, na baako ntaban ka baako ntaban. 28  Na ɔde sika kɔkɔɔ faa kerubim no ho. 29  Ɔyeyɛɛ kerubim,+ mmedua,+ ne nhwiren+ guu asɔredan no afasu ho wɔ pia no mu,* na ɔyɛɛ bi nso wɔ pia mu pia no mu. 30  Sika kɔkɔɔ na ɔde faa fam wɔ ɔdan no mu, pia no mu, ne pia mu pia no mu. 31  Na pia mu pia kwan no, ɔde nku dua na ɛyɛɛ n’apon, n’adum a ɛwowɔ nkyɛnkyɛn ne n’apongua, abupɛn anum mu baako.* 32  Ɔde nku dua na ɛyɛɛ n’apon abien no, na ɔyeyɛɛ kerubim, mmedua, ne nhwiren wɔ ho, na ɔde sika kɔkɔɔ faa ho; ɔde hamma boroo sika kɔkɔɔ no guu kerubim ne mmedua no ho. 33  Asɔredan* no kwan no, saa ara na ɔde nku dua yɛɛ n’apongua no, abupɛn anan mu baako.* 34  Ɔde ɔpopaw nnua yɛɛ apon abien. Ɔpon baako bɔ ho abien, na ade hyɛ mu a ɛma wutumi bu to so, na ɔpon a aka no nso bɔ ho abien, na ade hyɛ mu a ɛma wutumi bu to so.+ 35  Ɔyeyɛɛ kerubim, mmedua, ne nhwiren wɔ ho, na ɔde sika kɔkɔɔ faa ho. 36  Ɔtoo abo a wɔasen toatoaa so abiɛsa, na ɔde sida nnua totoo so+ yɛɛ adiwo+ a ɛwɔ mfinimfini no. 37  Wɔtoo Yehowa fi no fapem wɔ afe a ɛto so anan no mu, Siw* bosome no mu;+ 38  afe a ɛto so 11, Bul* a ɛyɛ bosome a ɛto so awotwe mu no, wowiee ofi no ho adwuma nyinaa sɛnea ofi no ho plan te.+ Enti ɔde mfe ason na esi wiei.

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “Israel mma.”
Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “mfɛnsere a ɛtrɛw wɔ akyi, nanso emu no yɛ ketewa.”
Ɛfa Kronkronbea no ho.
Anaa “asae; abɔsobaa.”
Nt., “nifa so.”
Kyerɛ sɛ, Kronkronbea no; ɛwɔ Kronkron Mu Kronkronbea no anim.
Kyerɛ sɛ, Kronkron Mu Kronkronbea.
Nt., “ɔdan no mu ne n’abɔnten.”
Ebetumi aba sɛ ɛfa sɛnea wɔyɛɛ apongua no anaa apon no akɛse ho.
Ɛfa Kronkronbea no ho.
Ebetumi aba sɛ ɛfa sɛnea wɔyɛɛ apongua no anaa apon no akɛse ho.