Ahene Nhoma a Edi Kan 7:1-51

  • Solomon ahemfi (1-12)

  • Hiram a ne ho akokwaw no boaa Solomon (13-47)

    • Kɔbere adum abien no (15-22)

    • Ɔsɛn kɛse a wɔfrɛ no Ɛpo no (23-26)

    • Trɔk ne asɛn du a ɔde kɔbere yɛe no (27-39)

  • Sika kɔkɔɔ nneɛma no, owiee ho adwuma (48-51)

7  Na Solomon ankasa fi* nso, mfe 13 na ɔde si yɛɛ ho biribiara.+  Afei osii Lebanon Kwaefi+ no; ne tenten yɛ basafa* 100, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 50, na efi soro besi fam nso yɛ basafa 30, na osi sii sida nnua adum a ɛsesã so anan anan so; wɔde sida nnua+ guu adum no so.  Mpuran a ɛdeda adum no so no, wɔde sida ntaaboo 45 sɛm so. Ɔfã biara, ntaaboo 15 na ɛsesã so wɔ hɔ.  Ná wɔayeyɛ mfɛnsere nso a ɛsesã so abiɛsa wɔ hɔ, na mfɛnsere biara kyerɛ mfɛnsere foforo anim; wɔyɛ toatoaa so abiɛsa fi fam kosii soro.  N’apon ne n’apongua no n’afanan nyinaa yɛ pɛpɛɛpɛ, na mfɛnsere a edi nhwɛanim a ɛtoatoa so abiɛsa no nso, na ebiara afanan nyinaa yɛ pɛpɛɛpɛ.  Ɔyɛɛ Adum Abrannaa no nso; ná ne tenten yɛ basafa 50, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 30; ɔde adum yɛɛ abrannaa foforo nso wɔ anim, na okuruu so.  Afei nso ɔyɛɛ Ahengua Abrannaa+ no, Atemmu Abrannaa+ a obebu atɛn wɔ hɔ, na ɔde sida nnua sɛm ɔdan no mu fi fam kosii ne nsɛmso so.  Ne fi* a n’ankasa bɛtena mu a ɛbɛn adiwo+ a ɛwɔ ɔfã noho no, na atew ne ho afi Abrannaa dan* no ho, na na ɛne no sɛ. Solomon san sii ofi a ɛte sɛ Abrannaa dan no maa Farao babea a ɔwaree no no.+  Ne nyinaa, efi ne fapem so kosi n’atifi, abɔnten kosi adiwo kɛse+ hɔ, ɔde abo a ne bo yɛ den+ a wɔapae no pɛpɛɛpɛ na wɔde sradaa atwitwa anim ne akyi na ɛyɛe. 10  Na abo akɛse a ne bo yɛ den na wɔde too fapem no; abo no bi yɛ basafa du na ebi nso yɛ basafa awotwe. 11  Abo a ne bo yɛ den a wɔasusuw na wɔapaapae ne sida nnua na ɛdeda so. 12  Ɔtoo abo a wɔasen toatoaa so abiɛsa, na ɔde sida nnua totoo so de yɛɛ ɔfasu twaa adiwo kɛse no ho hyiae sɛnea ɔyɛe wɔ Yehowa fi adiwo a ɛwɔ mfinimfini+ ne ofi no abrannaa ho no. 13  Ɔhene Solomon soma ma wɔkɔfaa Hiram+ fii Tiro bae. 14  Ná ɔyɛ odwumayɛni a ne ho akokwaw a ɔwɔ nimdeɛ+ ne osuahu a wɔde yɛ kɔbere ho adwuma biara; ná ne maame yɛ okunafo a ofi Naftali abusuakuw mu, na na ne papa yɛ kɔbere* dwumfo+ a ofi Tiro. Ɔbaa Ɔhene Solomon nkyɛn bɛyɛɛ ne nnwuma nyinaa. 15  Oguu kɔbere adum abien no;+ adum no biara tenten yɛ basafa 18, na hama basafa 12 na etumi twa adum no biara ho hyia.+ 16  Ɔde kɔbere yɛɛ ntaaso abien sisii adum no so. Ntaaso no baako tenten yɛ basafa anum, na ntaaso baako no nso tenten yɛ basafa anum. 17  Adum no ntaaso no biara, wɔanwene atena ne nkɔnsɔnkɔnsɔn afa ho;+ ason wɔ ntaaso baako ho, na ason nso wɔ ntaaso baako no ho. 18  Na atena a ɛkata adum no ntaaso ho no, ɔde granate akutu* yeyɛɛ nhankare abien sesãã so wɔ ho hyiae; saa na ɔyɛe wɔ adum abien no nyinaa ntaaso ho. 19  Adum a ɛwɔ abantenten no anim no, ɔyɛɛ ne ntaaso sɛ sukooko, basafa anan. 20  Ntaaso no, na ɛwɔ adum abien no apɔw so; ɛhɔ na na atena no wowɔ. Ná granate akutu 200 a ɛsesã so nso atwa ntaaso no biara ho ahyia.+ 21  Ɔde adum no sisii asɔredan* abantenten+ no anim. Ɔde baako sii nifa so* na ɔtoo no din Yakin,* ɛnna ɔde baako sii benkum so* na ɔtoo no din Boas.*+ 22  Adum no soro no, ɔyɛɛ no sɛ sukooko. Na owiee adum no ho adwuma nyinaa. 23  Afei ɔde dade yɛɛ ɔsɛn kɛse a wɔde nsu begu mu a wɔfrɛ no Ɛpo no;+ efi ano kosi ano yɛ basafa 10. Ɔsɛn no ano yɛ kurukuruwa, na efi soro besi fam yɛ basafa 5. Hama a ne tenten yɛ basafa 30 na etumi twa ho hyia.+ 24  Efi ano reba ase no, ɔyɛɛ biribi te sɛ aduaba agude nkuruwankuruwa+ bi wɔ Ɛpo no ho nyinaa hyiae; basafa baako biara, edu na ɛwom. Ebi wɔ soro na ebi wɔ fam. Wɔyɛɛ ɛno ne ɔsɛn no nyinaa boom. 25  Wɔde sii kɔbere anantwi 12 so;+ anantwi no 3 ani kyerɛ atifi fam, 3 ani kyerɛ atɔe fam, 3 ani kyerɛ anaafo fam, na 3 ani kyerɛ apuei fam. Ná Ɛpo no si wɔn so, na wɔn nyinaa akyi kyerɛ Ɛpo no ase. 26  Ɔsɛn no pipiripi te sɛ nsayam;* ná ano te sɛ kuruwa ano, te sɛ sukooko nhwiren a apae. Nsu bat susuhina* 2,000 na na wɔde gu mu. 27  Afei ɔyeyɛɛ kɔbere trɔk du a wɔde bɛtwe nsu;+ trɔk biara tenten yɛ basafa anan, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa anan na efi soro besi fam yɛ basafa abiɛsa. 28  Sɛɛ na ɔyɛɛ trɔk a wɔde twe nsu no: ɔyɛɛ nhyehyem ntraantraa wɔ ne nkyɛnmu, na na nhyehyem no hyehyɛ mmeamu ntam. 29  Ɔyeyɛɛ agyata+ ne anantwi ne kerubim+ wɔ nhyehyem a ɛhyehyɛ mmeamu no ntam so, na saa na ɔyɛe wɔ mmeamu no ankasa ho. Ɔyeyɛɛ biribi te sɛ nhwiren kɔnmuade wɔ agyata ne anantwi no atifi ne wɔn ase. 30  Trɔk no biara wɔ kɔbere ntwahonan anan ne kɔbere nhyɛmudua; ɛwɔ nsiso anan, na oguu nsiso no wɔ ɔsɛn no ase, na ebiara, nhwiren a wɔanwene no sɛ kɔnmuade wɔ ho. 31  Ná ɔsɛn no hyɛ trɔk no nsiso mu, na efi ase kosi ne kɔn yɛ basafa baako; ná ano yɛ kurukuruwa, na efi ase kosi ano yɛ basafa baako ne fã; odii adwini nso wɔ ano. Nhyehyem a ɛwɔ ano no, na ɛnyɛ kurukuruwa; mmom na ɛwɔ afa anan a ebiara tenten yɛ pɛ. 32  Ntwahonan anan no, na ɛwɔ nkyɛnmu nhyehyem no ase, na nea ekurakura ntwahonan no mu no, wɔayɛ abɔ trɔk no mu; efi ntwahonan biara soro besi fam yɛ basafa baako ne fã. 33  Ɔyɛɛ ntwahonan no te sɛ teaseɛnam ntwahonan. Nea ekurakura mu, ne hankare, nea ɛhyehyɛ mu, ne nea esuso mu nyinaa, wɔde dade na ɛyɛe.* 34  Nsiso anan wowɔ trɔk biara afã anan no ho; nsiso no, woguu ɛne trɔk mũ no nyinaa boom* baako. 35  Trɔk no, ɔyɛɛ ano no kurukuruwa hyiae; efi ne kɔn kosi ano yɛ basafa fã, na trɔk no soro ne ne nhyehyem a ɛwɔ ano ne nhyehyem a ɛwɔ nkyɛnmu no, woguu ne nyinaa boom* baako. 36  Afei baabiara a onyaa ɔkwan wɔ nhyehyem a ɛwɔ ano ne nhyehyem a ɛwɔ nkyɛnmu no, odii kerubim ne agyata ne mmedua adwini wɔ hɔ, na ɔyɛɛ biribi te sɛ nhwiren kɔnmuade wɔ ho hyiae.+ 37  Saa na ɔyeyɛɛ trɔk du no;+ ná ne nyinaa yɛ ade koro,+ na ne tenten ne ne kɛse yɛ pɛ. 38  Ɔyɛɛ kɔbere asɛn du.+ Emu biara fa nsu bat susuhina 40. Ɔsɛn biara, efi ano kosi ano yɛ basafa anan. Trɔk du no mu biara, ɔsɛn baako si so. 39  Afei ɔde trɔk no anum sisii ɔdan no nifa so, na ɔde anum sisii ɔdan no benkum so; Ɛpo no nso, ɔde sii ɔdan no nifa so, ɛrekɔ apuei fam.+ 40  Hiram+ san yɛɛ asɛn ne sofi+ ne nkankyee+ no. Enti Hiram wiee adwuma a ɔyɛ maa Ɔhene Solomon wɔ Yehowa fi ho no:+ 41  Ɔyɛɛ adum abien+ ne ntaaso nkuruwankuruwa a esi adum abien no so, ne atena abien+ a ɛkata adum no ntaaso nkuruwankuruwa abien no ho; 42  ɛne atena abien no ho granate akutu 400+ no, atena no biara ho granate akutu no sa so abien, ebi wɔ soro na ebi wɔ fam, na ɛkataa adum abien no ntaaso nkuruwankuruwa no ho; 43  ɛne trɔk du a wɔde twe nsu+ ne asɛn du+ a esisi trɔk no so; 44  ɛne Ɛpo no+ ne anantwi 12 a Ɛpo no si wɔn so no; 45  ɛne nea wɔde sesaw nsõ, sofi, nkankyee, ne ɛho nneɛma nyinaa. Eyinom nyinaa Hiram yɛ maa Ɔhene Solomon wɔ Yehowa fi no ho; ɔde kɔbere a wɔatwiw ho na ɛyɛe. 46  Yordan mantam mu na ɔhene guu nneɛma yi; ogui wɔ dɔte mu wɔ Sukot ne Saretan ntam. 47  Solomon ankari saa nneɛma yi nyinaa, efisɛ na ɛdɔɔso dodo, na wɔammu kɔbere no dodow ano.+ 48  Solomon yeyɛɛ Yehowa fi hɔ nneɛma nyinaa: sika kɔkɔɔ afɔremuka,+ sika kɔkɔɔ pon+ a wɔbɛhyehyɛ paanoo a wɔde kyerɛ no wɔ so, 49  sika kɔkɔɔ amapa nkaneadua+ a anum sisi nifa so na anum nso sisi benkum so wɔ pia mu pia no anim, ne nhwiren,+ nkanea, ne nneɛma a wɔde fa ogya a wɔde sika kɔkɔɔ yeyɛe,+ 50  ne asɛn, adumgya,+ nkankyee, nkuruwa,+ ne nkankyee a wɔde ogya gu mu+ a wɔde sika kɔkɔɔ amapa yɛe no; ɛne pia mu pia,+ kyerɛ sɛ, Kronkron Mu Kronkronbea hɔ apon no nsiso, ne asɔredan no apon+ a wɔde sika kɔkɔɔ yeyɛe no nyinaa. 51  Ɔhene Solomon wiee Yehowa fi no ho adwuma a ɔyɛe no nyinaa. Ɛnna Solomon de nneɛma a ne papa Dawid yɛɛ no kronkron no baa mu;+ ɔde dwetɛ, sika kɔkɔɔ, ne nneɛma a aka no beguu Yehowa fi adekora adan no mu.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “ahemfi.”
Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “ahemfi.”
Nt., “Abrannaa fi.”
Anaa “kɔbere a wɔde biribi afra.” Saa na ɛkyerɛ wɔ ha ne mmeae foforo wɔ ti yi mu.
Anaa “pomegranate.”
Ɛfa Kronkronbea no ho.
Anaa “anaafo.”
Ɛkyerɛ, “Ma Ɔmma [kyerɛ sɛ, ma Yehowa mma] Entim Pintinn.”
Anaa “atifi.”
Ebetumi akyerɛ “Ahoɔden Mu.”
Bɛyɛ sɛnt. 7.4 (ntk. 2.9). Hwɛ Nkh. B14.
Bat baako yɛ lita 22 (gal. 5.81). Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “wogui.”
Anaa “na ɛne trɔk mũ no nyinaa bom.”
Anaa “na ne nyinaa bom.”