Ahene Nhoma a Edi Kan 9:1-28

  • Yehowa san yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon (1-9)

  • Solomon akyɛde a ɔde maa Ɔhene Hiram (10-14)

  • Nneɛma akɛse a Solomon yɛe (15-28)

9  Bere a Solomon wiee Yehowa fi ne ahemfi* no+ ne biribiara a ɛda Solomon koma so sɛ ɔbɛyɛ no ara pɛ,+  Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon ne mprenu so sɛnea oyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ Gibeon no.+  Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Mate wo mpaebɔ ne w’adesrɛ a wode too m’anim no. Mayɛ ofi a woasi yi kronkron de me din ato so kosi daa;+ mɛma m’ani aku ho na mahwɛ so daa.+  Na wo, sɛ wode koma a edi mu+ som me na woyɛ adetrenee+ te sɛ wo papa Dawid,+ na woyɛ nea maka akyerɛ wo nyinaa,+ na wudi m’ahyɛde ne m’atemmusɛm so a,+  ɛnde me nso mɛma w’ahengua atim Israel so daa sɛnea mehyɛɛ wo papa Dawid bɔ no. Meka kyerɛɛ no sɛ, ‘Daa w’aseni na ɔbɛtena Israel ahengua so.’+  Nanso sɛ wo ne wo mma dan mo akyi kyerɛ me, na moanni me mmara nsɛm ne m’ahyɛde a mede ama mo no so, na mokɔsom anyame foforo na mokotow wɔn a,+  ɛnde me nso asaase a mede ama Israel no, metu wɔn afi so,+ na ofi a mayɛ no kronkron ama me din no, mɛtow afi m’anim akyene,+ na wɔde Israel aka asɛm aserew* adi ho fɛw wɔ aman nyinaa mu.+  Na ofi yi bɛdan amamfo,+ na obiara a obetwam no behu ama ne ho adwiriw no, na wabɔ hwirema aka sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa yɛɛ asaase yi ne ofi yi sɛɛ?’+  Na wɔbɛka sɛ, ‘Wɔagyaw Yehowa, wɔn Nyankopɔn a oyii wɔn agyanom fii Egypt asaase so no ntia; wɔagyaw no hɔ akodi anyame foforo akyi, na wɔakotow asɔre wɔn. Ɛno nti na Yehowa de amanehunu yi nyinaa aba wɔn so no.’”+ 10  Solomon de mfe 20 na esii afi abien no, Yehowa fi ne ahemfi* no.+ 11  Tiro hene Hiram+ de sida nnua ne ɔpopaw nnua ne sika kɔkɔɔ dodow biara a Solomon pɛ bɛboaa no,+ ɛnna Ɔhene Solomon de nkurow 20 a ɛwɔ Galilea asaase so maa Hiram. 12  Enti Hiram fi Tiro kɔhwɛɛ nkurow a Solomon de maa no no, nanso n’ani annye ho. 13  Ɛnna obisaa no sɛ: “Me nua, nkurow bɛn na wode ama me yi?” Ɛno nti wɔafrɛ hɔ Kabul Asaase* de abesi nnɛ. 14  Hiram soma ma wɔde sika kɔkɔɔ dwetikɛse* 120 kɔmaa ɔhene.+ 15  Apaafo+ a Ɔhene Solomon ma wosii Yehowa fi,+ n’ankasa fi,* Esiw no,*+ Yerusalem fasu, Hasor,+ Megido,+ ne Geser+ no ho nsɛm ni. 16  (Ná Egypt hene Farao akɔ Geser so akɔko agye kurow no de ogya ahyew, na Kaananfo+ a wɔtete kurow no mu nso, na wakunkum wɔn. Enti ɔde kurow no maa ne babea,+ Solomon yere no, de gyaa no kwan.*) 17  Solomon san kyekyee Geser, Anaafo Bet-Horon,*+ 18  Baalat,+ ne Tamar a ɛwɔ sare so wɔ n’asaase so, 19  na Solomon adekora nkurow nyinaa, nteaseɛnam nkurow,+ nkurow a ɔkyekye maa ne nkurɔfo a wɔtete apɔnkɔ so, ne ɔdan biara a Solomon pɛe sɛ osi wɔ Yerusalem, Lebanon, ne nsaase a odi so nyinaa nso, ɔyɛɛ ho adwuma. 20  Nnipa a wɔaka a wofi Amorifo, Hitifo, Perisifo, Hiwifo, ne Yebusifo+ mu a wɔnyɛ Israelfo no,+ 21  wɔn mma a wɔkaa asaase no so a Israelfo antumi ansɛe wɔn no, Solomon de wɔn yɛɛ nkoadwuma, na wɔayɛ nkoa de abesi nnɛ.+ 22  Israelfo de, Solomon amfa obiara anyɛ akoa amma wanyɛ adwuma amma no;+ mmom na wɔyɛ n’asraafo, n’asomfo, ne mpanyimfo, ne wɔn a wɔhwɛ ne nteaseɛnam ne ne nkurɔfo a wɔtete apɔnkɔ so. 23  Ná Solomon wɔ mpanyimfo so akunini 550; wɔn na na wɔdeda adwumayɛfo no ano.+ 24  Farao babea+ no de, ofii Dawid Kurow mu+ kɔɔ ofi a wasi ama no no mu. Ɛno akyi na ɔhene kyekyee Esiw no.*+ 25  Afe biara, na Solomon bɔ afɔre mprɛnsa+ wɔ afɔremuka a osi maa Yehowa no so,+ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre. Afei nso, na ɔhyew afɔrebɔde wɔ afɔremuka a ɛwɔ Yehowa anim no so. Enti owiee ofi no ho adwuma nyinaa.+ 26  Ɔhene Solomon yeyɛɛ ahyɛn pii nso wɔ Esion-Geber.+ Ná ɛhɔ bɛn Elot wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ano wɔ Edom asaase so.+ 27  Hiram maa ne nkoa a wonim po so adwuma kɔkaa Solomon nkoa ho ne wɔn yɛɛ adwuma;+ wɔrekɔ no, wɔde po so ahyɛn kɔe. 28  Wɔkɔɔ Ofir,+ na wogyee sika kɔkɔɔ dwetikɛse 420 brɛɛ Ɔhene Solomon.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “ɔhene fi.”
Nt., “ayɛ akasabebu.”
Anaa “ɔhene fi.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Asaase Hunu.”
Dwetikɛse baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “Milo.” Hebri asɛmfua a ɛkyerɛ “baabi a ɛhɔ apagyaw.”
Anaa “n’ahemfi.”
Anaa “sɛ ayeforo akyɛde; sɛ tiade.”
Anaa “hyɛɛ Geser ne Anaafo Bet-Horon den.”
Anaa “Milo.” Hebri asɛmfua a ɛkyerɛ “baabi a ɛhɔ apagyaw.”