Samuel Nhoma a Edi Kan 21:1-15

  • Dawid dii paanoo a wɔde kyerɛ no wɔ Nob (1-9)

  • Dawid yɛɛ ne ho sɛ ɔbɔdamfo wɔ Gat (10-15)

21  Akyiri yi, Dawid kɔɔ ɔsɔfo Ahimelek nkyɛn wɔ Nob.+ Bere a Ahimelek huu Dawid no, ne ho popoe, na obisaa no sɛ: “Adɛn nti na wo nko ara wonam a obiara nka wo ho yi?”+  Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ɔsɔfo Ahimelek sɛ: “Ɔhene asoma me sɛ menkɔyɛ biribi, nanso waka akyerɛ me sɛ, ‘Mma obiara nnhu nea enti a meresoma wo, ne ɛho akwankyerɛ a mede ama wo no.’ Me ne mmerante no ahyehyɛ sɛ yebehyia wɔ baabi.  Na afei, sɛ wowɔ paanoo anum anaa biribi foforo biara a, mesrɛ wo, fa ma me.”  Nanso ɔsɔfo no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Minni paanoo biara wɔ hɔ, gye paanoo kronkron+ no. Sɛ mmerante no atwe wɔn ho afi mmea ho nko ara de a,* metumi de ama wo.”+  Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ɔsɔfo no sɛ: “Yɛatwe yɛn ho afi mmea ho sɛnea bere biara a mɛkɔ ɔko no, meyɛ no.+ Sɛ ɛnyɛ ade kronkron na yɛrekɔyɛ mpo a, ɛyɛ a mmerante no ho tew, na kampɛsɛ ɛnnɛ a ɛsɛ sɛ wɔn ho tew.”  Ɛnna ɔsɔfo no de paanoo kronkron no+ maa no, efisɛ na paanoo biara nni hɔ sɛ paanoo a wɔde kyerɛ a wɔayi afi Yehowa anim no. Saa da no, na wɔayiyi de paanoo a wɔatõ no foforo agu hɔ.  Ná Saul nkoa no mu baako, Edomni+ Doeg+ wɔ hɔ saa da no. Ná wɔahyɛ no sɛ ɔntena Yehowa anim. Ɔno na na ɔyɛ Saul nguanhwɛfo so panyin.  Ɛnna Dawid bisaa Ahimelek sɛ: “Wowɔ peaw anaa sekan wɔ ha? Mamfa me sekan ne m’akode ankura, efisɛ na ehia sɛ midi ɔhene asɛm no ho dwuma ntɛm.”  Na ɔsɔfo no kae sɛ: “Filistini Goliat+ a wukum no wɔ Ela Bon mu*+ no sekan no ni. Ɛno na wɔde ntama akyekyere ho wɔ efɔd*+ no akyi no. Sɛ wopɛ a, fa, efisɛ ɛno nkutoo na ɛwɔ ha.” Dawid kae sɛ: “Ɛso bi nni hɔ. Fa ma me.” 10  Saa da no, Saul nti, Dawid sɔre toaa so guanee,+ na okoduu Gat hene Akis+ nkyɛn. 11  Na Akis nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnyɛ Dawid, asaase no so hene no ni? Ɛnyɛ oyi na wɔde nnwom ne asaw bɔ gyee no so sɛ,‘Saul akum apem,Na Dawid akum mpem du’ no?”+ 12  Dawid de nsɛm yi siee ne koma mu, na Gat hene Akis nti, ehu kaa no paa.+ 13  Enti ɔyɛɛ ne ho sɛ ɔbɔdamfo+ wɔ wɔn anim, na odii abɔdamsɛm wɔ wɔn mu.* Ná ɔkyerɛkyerɛw kurow apon no ho, na na ɔma ne ntasu sian fa n’abogyesɛ mu. 14  Ɛnna Akis ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ: “Moahu sɛ ɔbarima yi abɔ dam, enti adɛn na mode no abrɛ me? 15  Adɛn, mihia abɔdamfo nti na mode oyi abrɛ me sɛ ommedi abɔdamsɛm nkyerɛ me anaa? Ɔbarima yi de, ɔrebɛpɛ dɛn wɔ me fi?”

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Sɛ mmerante no ne mmea nnae a.”
Ɛyɛ ataade bi a na asɔfo hyɛ gu wɔn ntaade so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “Asaasetraa so.”
Nt., “wɔ wɔn nsam.”