Samuel Nhoma a Edi Kan 22:1-23

  • Dawid guan kɔɔ Adulam ne Mispe (1-5)

  • Saul maa wokum asɔfo a wɔwɔ Nob (6-19)

  • Abiatar nyaa ne ho tetewee (20-23)

22  Enti Dawid fii hɔ,+ na oguan kɔɔ Adulam ɔbodan+ no mu. Bere a ne nuanom ne ne papa fifo nyinaa tee no, wɔkɔɔ ne nkyɛn wɔ hɔ.  Na mmarima a wɔakɔ ɔhaw mu ne wɔn a wɔdede aka ne wɔn a nneɛma ahyɛ wɔn so* nyinaa boaboaa wɔn ho ano kɔɔ ne nkyɛn, na ɔyɛɛ wɔn so panyin. Mmarima bɛyɛ 400 na wɔkɔkaa ne ho.  Akyiri yi, Dawid fii hɔ kɔɔ Mispe wɔ Moab,+ na ɔka kyerɛɛ Moab hene sɛ: “Mesrɛ wo, ma me papa ne me maame mmɛtena mo nkyɛn nkosi sɛ mehu nea Onyankopɔn bɛyɛ ama me.”  Enti ogyaw wɔn wɔ Moab hene nkyɛn, na nna a Dawid de tenaa guankɔbea hɔ nyinaa,+ ɔhene no nkyɛn na ne papa ne ne maame tenae.  Akyiri yi, odiyifo Gad+ ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Ntena guankɔbea hɔ. Fi hɔ na kɔ Yuda asaase so.”+ Enti Dawid fii hɔ kɔɔ Heret kwae mu.  Saul tee sɛ wɔahu Dawid ne mmarima a wɔka ne ho no. Ná Saul te tamarisk dua no ase wɔ Gibea+ bepɔw bi so kura ne peaw wɔ ne nsam, na ne nkoa nyinaa gyinagyina ne ho.  Ɛnna Saul ka kyerɛɛ ne nkoa a wogyinagyina ne ho no sɛ: “Mo Benyaminfo, mesrɛ mo, muntie. Enti Yese ba+ no nso betumi ama mo nyinaa nsaase ne bobefuw?* Ɔbɛyɛ mo nyinaa apem apem so ahwɛfo ne ɔhaha so ahwɛfo anaa?+  Mo nyinaa moabɔ me ho pɔw. M’ankasa me ba ne Yese ba no ayɛ apam,+ nanso obiara anyi me asotiw. Mo mu biara nni hɔ a m’asɛm yɛ no mmɔbɔ a ɔbɛka akyerɛ me sɛ m’ankasa me ba aboa m’akoa ama nnɛ a merekasa yi, wakɔtɛw baabi repɛ me adi me bɔne.”  Ɛnna Edomni Doeg+ a ɔda Saul nkoa ano no ka kyerɛɛ no sɛ:+ “Mihui sɛ Yese ba no baa Ahitab ba+ Ahimelek nkyɛn wɔ Nob. 10  Obisaa Yehowa anom asɛm maa no, na ɔmaa no aduan. Ɔde Filistini Goliat sekan no mpo maa no.”+ 11  Ɛhɔ ara na ɔhene somae sɛ wɔnkɔfrɛ Ahitab ba ɔsɔfo Ahimelek ne ne papa fifo a wɔyɛ asɔfo wɔ Nob no nyinaa mmra. Enti wɔn nyinaa baa ɔhene anim. 12  Ɛnna Saul kae sɛ: “Ahitab ba, mesrɛ wo tie!” Na ɔkae sɛ: “Me wura, meretie.” 13  Saul ka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na wo ne Yese ba no abɔ me ho pɔw? Woama no aduan ne sekan, na woabisa Onyankopɔn anom asɛm ama no. Wasɔre atia me, na merekasa yi wakɔtɛw baabi repɛ me adi me bɔne.” 14  Ɛnna Ahimelek buaa ɔhene sɛ: “Wo nkoa nyinaa mu no, hena na ɔyɛ ɔnokwafo te sɛ Dawid?+ Ɔware ɔhene babea,+ na ɔyɛ w’awɛmfo so panyin a ɔwɔ nidi wɔ wo fi.+ 15  Ɛnnɛ ne da a edi kan a merebisa Onyankopɔn anom asɛm ama no anaa?+ Ɛmpare me sɛ mɛyɛ nea woreka yi! Mma ɔhene mmmu n’akoa ne me papa fi nyinaa fɔ, efisɛ eyi nyinaa, w’akoa nnim ho hwee.”+ 16  Nanso ɔhene kae sɛ: “Ahimelek, wo ne wo papa fifo nyinaa,+ mubewu.”+ 17  Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ awɛmfo* a wogyinagyina ne ho no sɛ: “Munkokunkum Yehowa asɔfo no, efisɛ wɔne Dawid ayɛ baako! Wohui sɛ ɔreguan nso wɔanyi me asotiw!” Nanso na ɔhene nkoa no mpɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka Yehowa asɔfo no. 18  Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Doeg+ sɛ: “Kokunkum asɔfo no!” Ɛhɔ ara na Edomni+ Doeg kɔtow hyɛɛ asɔfo no so. Ɛda no, okunkum mmarima 85 a wɔhyehyɛ nwera efɔd.*+ 19  Asɔfo no kurow Nob+ nso, ɔde sekan kokunkum emu nnipa; okunkum mmarima ne mmea, mmofra ne nkokoaa, anantwi, mfurum, ne nguan. 20  Nanso Ahitab ba Ahimelek ba baako a wɔfrɛ no Abiatar+ nyaa ne ho tetewee, na oguan kodii Dawid akyi. 21  Abiatar ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Saul akunkum Yehowa asɔfo no.” 22  Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Abiatar sɛ: “Ɛda no,+ na Edomni Doeg wɔ hɔ, enti mihui sɛ nea ɛte biara, ɔbɛka akyerɛ Saul. Me na mama wo papa fifo nyinaa* awuwu. 23  Wo de, tena me nkyɛn. Nsuro, efisɛ obiara a ɔrepɛ wo akum wo* no repɛ me nso akum me;* mɛbɔ wo ho ban.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “wɔn kra werɛ ahow.”
Anaa “bobeturo.”
Nt., “ammirikatufo.”
Ɛyɛ ataade bi a na asɔfo hyɛ gu wɔn ntaade so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “wo papa fifo nyinaa akra.”
Anaa “ɔrehwehwɛ wo kra.”
Anaa “rehwehwɛ me nso me kra.”