Samuel Nhoma a Edi Kan 27:1-12

  • Filistifo de Siklag maa Dawid (1-12)

27  Nanso Dawid kae wɔ ne komam sɛ: “Anhwɛ a da koro Saul bekum me. Nea ɛsɛ sɛ meyɛ ara ne sɛ meguan akɔ Filistifo asaase so.+ Ɛba saa a, Saul bɛhwehwɛ me wɔ Israel asaase so nyinaa,+ na sɛ wanhu me a, obegyae na mafa me ho adi.”  Enti Dawid ne mmarima 600+ a wɔka ne ho no kɔɔ Gat hene Akis+ a ɔyɛ Maok ba no hɔ.  Dawid ne ne mmarima no, obiara ne ne fifo tenaa Akis nkyɛn wɔ Gat. Ná Dawid yerenom baanu no ka ne ho; wɔn ne Yesreelni Ahinoam+ ne Karmelni Abigail+ a bere bi na ɔware Nabal no.  Bere a wɔbɛka kyerɛɛ Saul sɛ Dawid aguan kɔ Gat no, wanhwehwɛ no bio.+  Dawid ka kyerɛɛ Akis sɛ: “Sɛ manya w’anim dom a, ma wɔmma me nkurow a ɛwɔ akuraase no baako na mentena hɔ. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ w’akoa ne wo tena ahenkurow mu?”  Enti Akis de Siklag+ maa no saa da no. Ɛno nti na Siklag abɛyɛ Yuda ahemfo kurow de besi nnɛ no.  Bere* a Dawid de tenaa Filistifo akuraase no yɛ afe ne abosome anan.+  Saa bere no, na Dawid ne ne mmarima no tumi kɔtow hyɛ Gesurfo,+ Gersifo, ne Amalekfo+ so; wɔn na na wɔtete asaase no so fi Telam kɔpem Sur+ de kosi Egypt asaase so.  Bere biara a Dawid bɛtow ahyɛ asaase no so no, ɔnkora ɔbarima anaa ɔbea biara nkwa so;+ ɔfa anantwi, nguan, mfurum, yoma, ne ntaade, na wasan kɔ Akis nkyɛn. 10  Ɛyɛ a Akis bisa no sɛ: “Nkurow bɛn na mokɔtow hyɛɛ so nnɛ?” Ɛba saa a, Dawid nso ka kyerɛ no sɛ: “Yɛkɔɔ Yuda anaafo”*+ anaa “Yerameelfo+ anaafo” anaa “Kenifo+ anaafo.” 11  Ɔbarima oo, ɔbea oo, Dawid ankora obiara nkwa so amfa no amma Gat, efisɛ ɔkae sɛ: “Anyɛ saa a wɔbɛkɔ akɔka nea yɛayɛ sɛ, ‘Sɛɛ na Dawid ayɛ.’” (Bere a ɔde tenaa Filistifo akuraa no ase nyinaa, saa ara na ɔyɛe.) 12  Enti Akis gyee Dawid dii, na ɔkae wɔ ne tirim sɛ: “Ampa ara ne ho abɔn ne man Israel, na ɔbɛyɛ m’akoa daa.”

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “Nna dodow.”
Anaa “Negeb.”