Samuel Nhoma a Edi Kan 3:1-21

  • Wɔfrɛɛ Samuel ma ɔbɛyɛɛ odiyifo (1-21)

3  Saa bere no nyinaa, na abofra Samuel resom+ Yehowa wɔ Eli anim, nanso na Yehowa asɛm ho ayɛ na, na na anisoadehu+ nso ho ayɛ den.  Da bi, na Eli da ne dan mu; ná n’ani so ayɛ wusiwusi, na na onhu ade.+  Ná kanea a ɛwɔ Onyankopɔn fi+ no nnya nnumii, na Samuel ada wɔ Yehowa asɔrefi* + hɔ; ɛhɔ na na Onyankopɔn Adaka no wɔ.  Ɛnna Yehowa frɛɛ Samuel, na ogyee so sɛ: “Mereba o.”  Na otuu mmirika kɔɔ Eli nkyɛn kɔkae sɛ: “Mini, wofrɛɛ me anaa?” Nanso ɔkae sɛ: “Memfrɛɛ wo. San kɔda.” Ɛnna ɔkɔdae.  Yehowa frɛɛ no bio sɛ: “Samuel!” Na Samuel sɔree na ɔkɔɔ Eli nkyɛn kɔkae sɛ: “Mini, wofrɛɛ me anaa?” Nanso ɔkae sɛ: “Me ba, memfrɛɛ wo. San kɔda.”  (Saa bere no, na Samuel nnya nhuu Yehowa, na na Yehowa nnya mfii ase nyii n’asɛm adi nkyerɛɛ no.)+  Yehowa frɛɛ no ne mprɛnsa so sɛ: “Samuel!” Ɛnna ɔsɔree, na ɔkɔɔ Eli nkyɛn kɔkae sɛ: “Mini, wofrɛɛ me anaa?” Ɛhɔ na Eli hui sɛ ɛyɛ Yehowa na ɔrefrɛ abofra no.  Enti Eli ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Kɔda, na sɛ ɔfrɛ wo a ka sɛ, ‘Yehowa, kasa na w’akoa retie.’” Na Samuel san kɔdae. 10  Yehowa begyinaa hɔ frɛɛ no te sɛ kan no, na ɔkae sɛ: “Samuel, Samuel!” Ɛnna Samuel kae sɛ: “Kasa, na w’akoa retie.” 11  Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Hwɛ! Merebɛyɛ ade bi wɔ Israel, na obiara a ɔbɛte no, n’aso abien nyinaa mu bɛyɛ no yɔnn.+ 12  Ɛda no, nea maka atia Eli fi no, efi mfiase kosi awiei, mɛma ne nyinaa aba mu.+ 13  Ka kyerɛ no sɛ bɔne a ɔno ara nim no nti,+ merebu ne fi atɛn akosi daa, efisɛ onim sɛ ne mma redome Onyankopɔn,+ nanso wanka wɔn anim.+ 14  Ɛno nti na maka ntam agu Eli fi so sɛ, afɔrebɔ ne ayɛyɛde biara rentumi mpata Eli fi bɔne no da.”+ 15  Samuel daa hɔ kosii anɔpa, na obuebuee Yehowa fi apon no. Ná Samuel suro sɛ ɔbɛka anisoadehu no akyerɛ Eli. 16  Ɛnna Eli frɛɛ Samuel sɛ: “Me ba Samuel!” Na ɔkae sɛ: “Mini.” 17  Obisaa no sɛ: “Asɛm bɛn na ɔka kyerɛɛ wo? Mesrɛ wo mfa nsie me. Sɛ wode asɛm a ɔka kyerɛɛ wo no baako mpo sie me a, Onyankopɔn ntua wo ka na ɔnsan mfa bi nka ho.” 18  Enti Samuel kaa nsɛm no nyinaa kyerɛɛ no, na wamfa biribiara ansie no. Ɛnna Eli kae sɛ: “Ɛyɛ Yehowa. Nea eye wɔ n’ani so no, ma ɔnyɛ.” 19  Samuel kɔɔ so nyinii, na Yehowa dii n’akyi,+ na asɛm biara nni hɔ a ɔkae a wamma amma mu.* 20  Israel nyinaa, efi Dan kosi Beer-Seba, obiara behui sɛ Samuel na Yehowa apaw no sɛ ne diyifo. 21  Yehowa kɔɔ so yii ne ho adi wɔ Silo, efisɛ Silo na Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Samuel. Yehowa nam n’asɛm so na oyii ne ho adi kyerɛɛ no.+

Ase Hɔ Nsɛm

Kyerɛ sɛ, ɔsom ntamadan no.
Nt., “ɔma ɛtɔɔ fam.”