Samuel Nhoma a Edi Kan 5:1-12

  • Adaka no kodii Filistifo asaase so (1-12)

    • Dagon anim guu ase (1-5)

    • Ɔhaw baa Filistifo so (6-12)

5  Bere a Filistifo no gyee nokware Nyankopɔn no Adaka no,+ wɔde fi Ebeneser kɔɔ Asdod.  Filistifo no de nokware Nyankopɔn no Adaka no kɔɔ Dagon fi,* na wɔde kosii Dagon nkyɛn.+  Ade kyee a Asdodfo sɔree anɔpatutuutu no, na Dagon da fam ma n’anim butuw fam wɔ Yehowa Adaka no anim.+ Enti wɔmaa Dagon so, na wɔsan de no sii ne sibea.+  Da a edi hɔ a wɔsɔree anɔpatutuutu no, na Dagon da fam a n’anim butuw fam wɔ Yehowa adaka no anim. Ná Dagon ti ne n’abakɔn abien no atetew gugu kwan no ano ma aka ne fã a ɛte sɛ apataa no nkutoo.*  Ɛno nti na ɛde besi nnɛ no, Dagon asɔfo ne wɔn a wɔkɔ Dagon fi nyinaa ntia Dagon pon ano wɔ Asdod no.  Yehowa nsa yɛɛ den wɔ Asdodfo so, na otuu n’ani sii wɔn so maa kooko fifii nnipa a wɔwɔ Asdod ne mpɔtam hɔ.+  Bere a Asdodfo huu nea aba no, wɔkae sɛ: “Mommma Israel Nyankopɔn Adaka no nntena yɛn nkyɛn, efisɛ ne nsa ayɛ den wɔ yɛne yɛn nyame Dagon so.”  Enti wɔsoma kɔboaboaa Filistifo ahemfo no nyinaa ano baa wɔn nkyɛn, na wobisaa wɔn sɛ: “Dɛn na yɛnyɛ Israel Nyankopɔn Adaka no?” Ɛnna wɔkae sɛ: “Momma wɔmfa Israel Nyankopɔn Adaka no nkɔ Gat.”+ Enti wɔde Israel Nyankopɔn Adaka no kɔɔ hɔ.  Bere a wɔde kɔɔ hɔ no, Yehowa nsa baa kurow no so maa ehu kaa wɔn papaapa. Otuu n’ani sii kurom hɔfo so, na efi akumaa so kosi ɔkɛse so, kooko fifii wɔn nyinaa.+ 10  Enti wɔde nokware Nyankopɔn no Adaka no kɔɔ Ekron.+ Bere a nokware Nyankopɔn no Adaka no duu Ekron no, ɛhɔ ara na Ekronfo no teɛteɛɛm sɛ: “Wɔde Israel Nyankopɔn Adaka no aba yɛn nkyɛn de rebekunkum yɛne yɛn nkurɔfo!”+ 11  Enti wɔsoma kɔfrɛɛ Filistifo ahemfo no nyinaa behyiae, na wɔkae sɛ: “Momfa Israel Nyankopɔn Adaka no mfi ha nsan nkosi ne sibea, na yɛne yɛn nkurɔfo anwuwu.” Nea ɛte ne sɛ, na nnipa a wɔwɔ kurow no mu nyinaa suro sɛ wobewuwu. Nokware Nyankopɔn no nsa yɛɛ den paa wɔ hɔ,+ 12  na kurow no mufo a wɔanwuwu no, kooko fifii wɔn. Na kurow no sufrɛ koduu ɔsoro.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “abosomfi.”
Nt., “aka Dagon nkutoo.”