Samuel Nhoma a Edi Kan 6:1-21

  • Filistifo san de Adaka no kɔmaa Israelfo (1-21)

6  Yehowa Adaka no+ dii Filistifo asaase so abosome ason.  Ɛnna Filistifo no frɛɛ akɔmfo ne nkɔmhyɛfo+ no bisaa wɔn sɛ: “Yehowa Adaka no, yɛnyɛ no dɛn? Monkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛmfa so mfa nkɔ ne sibea.”  Ɛnna wɔkae sɛ: “Sɛ mode Israel Nyankopɔn Yehowa apam adaka no rekɔ a, mommfa nsapan nnkɔ. Mmom momfa afodi afɔre+ nka ho nkɔma no. Ɛno ansa na mubenya ayaresa, na mubehu nea enti a ne nsa mfii mo so no.”  Ɛnna wobisae sɛ: “Afodi afɔre bɛn na yɛmfa nkɔma no?” Na wɔkae sɛ: “Sɛnea Filistifo ahemfo no dodow te no,+ momfa sika kɔkɔɔ nyɛ biribi te sɛ kooko anum na momfa bi nyɛ nkura anum, efisɛ ɔhaw koro no ara na ato mo ne mo ahemfo nyinaa.  Monyɛ mo kooko ne nkura a wɔresɛe asaase no nsɛso,+ na monhyɛ Israel Nyankopɔn anuonyam. Ebia obegow ne nsam ama mo ne mo nyame ne mo asaase.+  Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mupirim mo koma sɛnea Egyptfo ne Farao pirim wɔn koma no?+ Ɔde ɔhaw baa wɔn so+ ansa na wɔregyaa Israel ama wɔakɔ.+  Afei monyɛ teaseɛnam foforo, na mompɛ anantwibere abien a wɔma nufu a wɔmfaa kɔndua biara ntoo wɔn so da. Momma wɔn mma no mfi wɔn nkyɛn nkɔ fie, na momfa teaseɛnam no nsã anantwi no.  Momfa Yehowa Adaka no nsi teaseɛnam no so, na momfa sika kɔkɔɔ nneɛma a mode rekɔbɔ afodi afɔre ama no no ngu adaka ketewa mu nsi nkyɛn,+ na momma ensi kwan so nkɔ.  Afei momfa mo ani nni akyi. Sɛ ɛfa ne kwan so kɔ n’asaase so wɔ Bet-Semes+ a, ɛnde na ɛyɛ Israel Nyankopɔn na wayɛ yɛn bɔne kɛse yi; sɛ anyɛ saa a, ɛnde na yɛahu sɛ ɛnyɛ ɔno na ɔde ne nsa aka yɛn; ɛyɛ asɛm ne asɛm na ahyia.” 10  Enti nkurɔfo no yɛɛ saa. Wɔfaa teaseɛnam no de sesãã anantwibere abien a wɔma nufu no, na wɔde wɔn mma no guu buw mu wɔ fie. 11  Afei wɔde Yehowa Adaka no sii teaseɛnam no so, na adaka ketewa a nkura a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ, ne wɔn kooko sɛso no wom no, wɔde sii nkyɛn. 12  Na anantwi no faa Bet-Semes kwan so tee.+ Wɔamman ankɔ nifa anaa benkum, na wɔrekɔ nyinaa na wɔresu. Saa bere no nyinaa na Filistifo ahemfo no di wɔn akyi; wodii wɔn akyi ara koduu Bet-Semes hye so. 13  Ná Bet-Semesfo retwa hwiit wɔ asaasetraa no so.* Bere a wɔmomaa wɔn ani so na wohuu Adaka no, wodii ahurusi. 14  Teaseɛnam no koduu Bet-Semesni Yosua afuw mu, na egyinaa ɔbo kɛse bi ho. Wɔpaapaee teaseɛnam no nnua no, na wɔde anantwi no+ bɔɔ ɔhyew afɔre maa Yehowa. 15  Lewifo no+ yii Yehowa Adaka no ne adaka ketewa a ɛka ho a sika kɔkɔɔ nneɛma wom no, na wɔde sii ɔbo kɛse no so. Ɛnna Bet-Semesfo+ bɔɔ ɔhyew afɔre, na wɔbobɔɔ afɔre maa Yehowa saa da no. 16  Bere a Filistifo ahemfo baanum no hui no, wɔsan wɔn akyi kɔɔ Ekron saa da no. 17  Kooko a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ a Filistifo no de kɔbɔɔ afodi afɔre maa Yehowa no,+ baako yɛ Asdod+ de, baako yɛ Gasa de, baako yɛ Askelon de, baako yɛ Gat+ de, na baako nso yɛ Ekron+ de. 18  Sɛnea Filistifo ahemfo baanum no nkurow dodow te no, saa ara na na nkura a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ no dodow te, nkurow a wɔabɔ ho ban ne nkuraa a ɛwɔ petee mu nyinaa. Ɔbo kɛse a wɔde Yehowa Adaka no sii so no ayɛ adanse wɔ Bet-Semesni Yosua afuw no mu de besi nnɛ. 19  Yehowa Adaka a Bet-Semesfo hwɛe nti, okunkum wɔn. Okum wɔn mu nnipa 50,070,* na ɔman no dii awerɛhow, efisɛ Yehowa kunkum ɔman no mufo bebree.+ 20  Ɛnna Bet-Semesfo no kae sɛ: “Hena na obetumi agyina Yehowa, Onyankopɔn a ɔyɛ kronkron+ yi anim, na sɛ ofi yɛn nkyɛn a, hena hɔ na ɔbɛkɔ?”+ 21  Enti wotuu abɔfo kɔɔ Kiriat-Yearimfo+ nkyɛn sɛ: “Filistifo no asan de Yehowa Adaka no aba. Mommra mmɛfa nkɔ mo nkyɛn.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “obon no mu.”
Nt., “mmarima 70, mmarima 50,000.”