Samuel Nhoma a Edi Kan 7:1-17

  • Adaka no kodii Kiriat-Yearim (1)

  • Samuel kae sɛ: ‘Monsom Yehowa nkutoo’ (2-6)

  • Israelfo dii nkonim wɔ Mispa (7-14)

  • Samuel buu Israelfo atɛn (15-17)

7  Enti Kiriat-Yearimfo no bɛfaa Yehowa Adaka no de kɔɔ Abinadab fi+ a ɛwɔ koko so no, na wɔtew ne ba Eleasar ho sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛhwɛ Yehowa Adaka no so.  Adaka no kyɛe wɔ Kiriat-Yearim; edii mfe 20 wɔ hɔ, na Israelfo nyinaa fii ase hwehwɛɛ* Yehowa akyi kwan.+  Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Israelfo nyinaa sɛ: “Sɛ mo koma nyinaa na mode aba Yehowa nkyɛn bio a,+ ɛnde munyi ananafo anyame+ a ɛwɔ mo mu ne Astoret ahoni+ no mfi mo mu, na momfa mo koma nyinaa nni Yehowa akyi na monsom ɔno nkutoo,+ na obegye mo afi Filistifo no nsam.”+  Ɛnna Israelfo no yiyii Baal anyame no ne Astoret ahoni no fii wɔn mu, na wɔsom Yehowa nkutoo.+  Afei Samuel kae sɛ: “Mommoaboa Israel nyinaa ano mmehyia wɔ Mispa,+ na memmɔ Yehowa mpae mma mo.”+  Enti wɔboaboaa wɔn ho ano behyiae wɔ Mispa, na wɔsaw nsu hwie guu fam wɔ Yehowa anim, na wɔyɛɛ akɔnkyen* saa da no.+ Wɔkae wɔ hɔ sɛ: “Yɛayɛ Yehowa bɔne.”+ Afei Samuel fii ase buu Israel atɛn+ wɔ Mispa.  Bere a Filistifo no tee sɛ Israelfo aboaboa wɔn ho ano wɔ Mispa no, Filistifo ahemfo no+ baa Israel so. Israelfo no tee no, Filistifo no ho hu tɔɔ wɔn so.  Ɛnna Israelfo no ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Kɔ so srɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn na ɔmmoa yɛn,+ na onnye yɛn mfi Filistifo nsam.”  Afei Samuel faa oguan ba a onum nufu na ɔde no bɔɔ ɔhyew afɔre+ maa Yehowa, na Samuel srɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa Israel, na Yehowa nso gyee no so.+ 10  Bere a Samuel gu so rebɔ ɔhyew afɔre no, Filistifo no bae sɛ wɔne Israel rebɛko. Ɛnna Yehowa maa aprannaa boboom denneennen+ guu Filistifo no so saa da no, na ɔmaa wɔn ani so tan wɔn,+ na wodii nkogu wɔ Israel anim.+ 11  Afei Israel mmarima fii Mispa kotiw Filistifo no, na wokunkum wɔn ara kosii Bet-Kar anaafo fam. 12  Ɛnna Samuel faa ɔbo,+ na ɔde sii Mispa ne Yesana ntam, na ɔtoo no din Ebeneser* kae sɛ: “Yehowa aboa yɛn abesi sesɛɛ.”+ 13  Enti wodii Filistifo so nkonim, na wɔamma Israel asaase so bio,+ na Samuel nna nyinaa mu no, Yehowa ne Filistifo no dii asi.+ 14  Afei nso, nkurow a na Filistifo agye afi Israelfo hɔ no san bedii Israelfo nsam, efi Ekron kosi Gat. Israelfo gyee wɔn nsaase fii Filistifo nsam. Asomdwoe nso baa Israelfo ne Amorifo ntam.+ 15  Samuel nkwa nna nyinaa, obuu Israelfo atɛn.+ 16  Afe biara, na otu kwan kɔ Betel,+ Gilgal,+ ne Mispa,+ na obuu Israel atɛn wɔ saa mmeae yi nyinaa. 17  Nanso na ɔsan ba Rama,+ efisɛ ɛhɔ na na ne fi wɔ, na na obu Israel nso atɛn wɔ hɔ. Osii afɔremuka wɔ hɔ maa Yehowa.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “dii awerɛhow hwehwɛɛ.”
Anaa “wodii mmuada.”
Ɛkyerɛ, “Ɔboafo Bo.”