Samuel Nhoma a Edi Kan 9:1-27

  • Samuel ne Saul hyiae (1-27)

9  Ná ɔbarima bi fi Benyamin abusuakuw mu a ne din de Kis,+ na na ɔyɛ ɔdefo. Ná ɔyɛ Abiel ba, ɔno nso yɛ Seror ba, ɔno nso yɛ Bekorat ba, na ɔno nso yɛ Benyaminni+ Afiya ba.  Ná ɔwɔ ɔbabarima bi a ne din de Saul,+ na na ɔyɛ aberante a sɛ ɛba ahoɔfɛ a, obiara nto no wɔ Israel. Ná ɔyɛ onipa tenten a ɔware* sen obiara wɔ ɔman no mu.  Saul papa Kis mfurum* yerae. Enti Kis ka kyerɛɛ ne ba Saul sɛ: “Mesrɛ wo, fa asomfo no mu baako ka wo ho, na sɔre kɔhwehwɛ mfurum no.”  Wɔfaa Efraim mmepɔw mu kɔfaa Salisa asaase so, nanso wɔanhu wɔn. Afei wokotwaam wɔ Saalim asaase so, nanso na wonni hɔ. Wokyinkyin Benyaminfo asaase so nyinaa, nanso wɔanhu wɔn.  Bere a wokoduu Suf asaase so no, Saul ka kyerɛɛ ne somfo a ɔka ne ho no sɛ: “Bra ma yɛnsan nkɔ, anyɛ saa a, me papa begyae mfurum no akyi di adwen yɛn ho mmom.”+  Ɛnna ne somfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Onyankopɔn nipa bi wɔ kurow yi mu, na nkurɔfo bu no paa. Asɛm biara a ɔka ba mu.+ Ma yɛnkɔ hɔ seesei ara. Ebia ɔbɛkyerɛ yɛn baabi a yɛmfa.”  Ɛnna Saul ka kyerɛɛ ne somfo no sɛ: “Sɛ yɛkɔ a, dɛn na yɛde bɛkɔ akɔma ɔbarima no? Paanoo biara nni yɛn kotoku mu, na yenni akyɛde biara a yɛde rekɔma nokware Nyankopɔn nipa no. Dɛn na yɛwɔ?”  Ɛnna ɔsomfo no nso ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Hwɛ! Mikura dwetɛ dwetɛbona* nkyem anan mu baako; metumi de ama nokware Nyankopɔn nipa no na wakyerɛ yɛn baabi a yɛmfa.”  (Kan no, sɛ obi rekobisa Onyankopɔn hɔ biribi wɔ Israel a, asɛm a na ɔka ne sɛ: “Ma yenkohu ɔdehwɛfo no.”+ Nea wɔfrɛ no odiyifo nnɛ no, kan no a, anka wɔbɛfrɛ no ɔdehwɛfo.) 10  Ɛnna Saul ka kyerɛɛ ne somfo no sɛ: “Nea woaka no ye. Ma yɛnkɔ.” Enti wɔkɔɔ kurow a nokware Nyankopɔn nipa no wom no mu. 11  Bere a wɔreforo akɔ kurow no mu no, wohuu mmabaa bi a wɔrekɔ nsu. Ɛnna wobisaa wɔn sɛ: “Ɛha na ɔdehwɛfo+ no wɔ anaa?” 12  Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɔwɔ ha. Hwɛ! Ɔwɔ mo anim. Monka mo ho; waba kurom ha nnɛ, efisɛ ɛnnɛ ɔman no bɛbɔ afɔre+ wɔ sorɔnsorɔmmea* hɔ.+ 13  Sɛ mudu kurow no mu pɛ a, mubehu no ansa na wakɔ sorɔnsorɔmmea hɔ akodidi. Sɛ ɔmmae a, obiara rennidi, efisɛ ɔno na ohyira afɔre so. Ohyira so wie ansa na wɔn a wɔafrɛ wɔn aba no adidi. Enti momforo nkɔ, efisɛ mokɔ seesei ara a mubehu no.” 14  Ɛnna wɔforo kɔɔ kurow no mu, na bere a woduu kurow no mu no, wohui sɛ Samuel rebehyia wɔn ne wɔn aforo akɔ sorɔnsorɔmmea hɔ. 15  Ade rebɛkye ama Saul aba no, Yehowa ka kyerɛɛ Samuel* sɛ: 16  “Ɔkyena sesɛɛ, mɛsoma ɔbarima bi a ofi Benyamin asaase so+ aba wo nkyɛn. Sra no ngo, na ɔnyɛ me man Israel kannifo.+ Ɔno na obegye me man afi Filistifo nsam, efisɛ mahu me man amanehunu, na wɔn sufrɛ abedu me nkyɛn.”+ 17  Bere a Samuel huu Saul no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbarima yi na mekaa ne ho asɛm kyerɛɛ wo sɛ, ‘Oyi na obedi me man so’ no.”+ 18  Ɛnna Saul kɔɔ Samuel nkyɛn wɔ kurow pon no ano, na ɔkae sɛ: “Mesrɛ wo, ɛhe na ɔdehwɛfo no fi wɔ?” 19  Ɛnna Samuel buaa Saul sɛ: “Mene ɔdehwɛfo no. Munni m’anim mforo nkɔ sorɔnsorɔmmea hɔ, na ɛnnɛ me ne mo bedidi.+ Anɔpa megya mo kwan, na nea wopɛ sɛ wuhu nyinaa,* mɛka akyerɛ wo. 20  Mfurum a ɛnnɛ ne nnansa wɔyerae no,+ gyae wɔn akyi di, efisɛ wɔahu wɔn. Nneɛma pa a ɛwɔ Israel nyinaa, hena na ɛyɛ ne dea? Ɛnyɛ wo ne wo papa fi nyinaa dea anaa?”+ 21  Ɛnna Saul kae sɛ: “Ɛnyɛ Benyamin abusuakuw a ɛyɛ Israel mmusuakuw mu ketewa koraa mu na mifi?+ Benyamin abusuakuw nyinaa mu no, ɛnyɛ m’abusua na esua wom? Enti adɛn nti na woaka saa asɛm yi akyerɛ me?” 22  Afei Samuel de Saul ne ne somfo no baa adidibea, na ɔde wɔn tenaa baabi titiriw wɔ wɔn a wɔafrɛ wɔn no mu; ná wɔyɛ mmarima bɛyɛ 30. 23  Samuel ka kyerɛɛ nea ɔnoa aduan no sɛ: “Fa nam a mede maa wo sɛ, ‘Fa sie’ no bra.” 24  Ɛnna nea ɔnoa aduan no kɔfaa ne srɛ no, na ɔde besii Saul anim. Na Samuel kae sɛ: “Nea wɔde siei no na wɔde abesi w’anim yi. Di, efisɛ saa bere yi nti na wɔde sie maa wo. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Mato nsa afrɛ nkurɔfo sɛ wommedidi.’” Enti Saul ne Samuel didii saa da no. 25  Wowiei no, wosian fii sorɔnsorɔmmea hɔ+ kɔɔ kurow no mu, na ɔne Saul kasae wɔ ɔdan atifi. 26  Afei wɔsɔree anɔpa paa ansa na anim retetew, na Samuel frɛɛ Saul wɔ ɔdan no atifi hɔ sɛ: “Yɛ ahoboa na minnya wo kwan.” Enti Saul boaboaa ne ho, na ɔne Samuel nyinaa puei. 27  Bere a wɔresian afi kurow no mu no, Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Ka kyerɛ ɔsomfo no+ sɛ ɔmmɛsen nni yɛn anim nkɔ, nanso wo de, gyina hɔ na menka asɛm a Onyankopɔn aka no nkyerɛ wo.” Enti ɔsomfo no dii wɔn anim kɔe.

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “Efi ne mmati rekɔ no, na ɔware.”
Nt., “mfurum abere.”
Dwetɛbona baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “yii Samuel asotiw.”
Nt., “nea ɛwɔ wo komam nyinaa.”