Beresosɛm Nhoma a Ɛto So Abien 12:1-16

  • Sisak baa Yerusalem so (1-12)

  • Rehoboam ahenni baa awiei (13-16)

12  Bere a Rehoboam ahenni timii+ na ɔyɛɛ den no, ankyɛ na ogyaw Yehowa Mmara,+ na Israel nyinaa nso kodii n’akyi.  Esiane sɛ wɔanni Yehowa nokware nti, Ɔhene Rehoboam ahenni afe a ɛto so anum mu no, Egypt hene Sisak+ baa Yerusalem so.  Ɔde nteaseɛnam 1,200 ne asraafo 60,000 a wɔtete apɔnkɔ so na ɛbae; asraafo a wɔne no fi Egypt bae no de, na wɔn dodow nni ano—ebi yɛ Libiafo, Sukiyimfo, ne Etiopiafo.+  Ɔko faa Yuda nkurow a wɔabɔ ho ban no, na ɔbae ara beduu Yerusalem.  Odiyifo Semaia+ baa Rehoboam ne Yuda mpanyimfo a Sisak nti wɔaboaboa wɔn ano wɔ Yerusalem no nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Moagyaw me, enti me nso, magyaw mo+ ahyɛ Sisak nsa.’”  Ɛnna Israel mpanyimfo ne ɔhene no brɛɛ wɔn ho ase,+ na wɔkae sɛ: “Yehowa teɛ.”  Bere a Yehowa hui sɛ wɔabrɛ wɔn ho ase no, Yehowa ka kyerɛɛ Semaia sɛ: “Wɔabrɛ wɔn ho ase, enti merensɛe wɔn.+ Ɛrenkyɛ megye wɔn, na meremfa Sisak so nhwie m’abufuw ngu Yerusalem so.  Nanso wɔbɛyɛ ne nkoa na wɔahu nsonsonoe a ɛwom sɛ wɔbɛsom me, ne sɛ wɔbɛsom nsaase no so ahemfo.”*  Enti Egypt hene Sisak baa Yerusalem so, na ɔfaa Yehowa fi akorade+ ne ahemfi* hɔ akorade no. Ɔfaa biribiara; sika kɔkɔɔ akyɛm a Solomon yɛe no nso ɔfae.+ 10  Ɛno nti Ɔhene Rehoboam yɛɛ kɔbere akyɛm de sii ananmu, na ɔde hyɛɛ ahemfi* pon ano awɛmfo* no mpanyimfo nsa. 11  Bere biara a ɔhene bɛba Yehowa fi hɔ no, awɛmfo no kɔfa kurakura de ba, na ɛno akyi no wɔsan de kɔ awɛmfo dan no mu. 12  Esiane sɛ ɔhene brɛɛ ne ho ase nti, Yehowa abufuw fii no so,+ na wansɛe wɔn korakora.+ Afei nso, ohuu adepa wɔ Yuda.+ 13  Ɔhene Rehoboam maa ne tumi yɛɛ den wɔ Yerusalem, na ɔkɔɔ so dii ade. Bere a Rehoboam bedii hene no, na wadi mfe 41, na odii ade mfe 17 wɔ Yerusalem; ɛhɔ ne Israel mmusuakuw no nyinaa kurow a Yehowa pawee sɛ ne din ntena. Ɔhene no maame din de Naama, na na ɔyɛ Ammonni.+ 14  Nanso ɔhene no anyɛ adepa, efisɛ wanyɛ n’adwene sɛ ɔde ne koma nyinaa bɛhwehwɛ Yehowa.+ 15  Rehoboam ho nsɛm nyinaa, efi mfiase kosi awiei, wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ odiyifo Semaia+ ne ɔdehufo Ido+ kyerɛwtohɔ no mu. Na ntɔkwaw ampa Rehoboam ne Yeroboam ntam da.+ 16  Rehoboam ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no wɔ Dawid Kurow mu,+ na ne ba Abia+ bedii n’ade.

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “ahenni.”
Anaa “ɔhene fi.”
Anaa “ɔhene fi.”
Nt., “ammirikatufo.”