Beresosɛm Nhoma a Ɛto So Abien 22:1-12

  • Yuda hene Ahasia ahenni (1-9)

  • Atalia gyee ahenni no kɛntɛn so (10-12)

22  Ɛnna Yerusalemfo sii ne ba kumaa Ahasia* hene ma odii n’ade, efisɛ na nnipabɔnefo dɔm ne Arabiafo aba asoɛe hɔ abekunkum wɔn mu mpanyimfo no nyinaa.+ Enti Yehoram ba Ahasia bedii Yuda so hene.+  Ahasia bedii ade no, na wadi mfe 22, na odii hene afe baako wɔ Yerusalem. Ne maame din de Atalia,+ na na ɔyɛ Omri+ banana.*  Ɔno nso faa Ahab fifo akwan so,+ efisɛ ne maame tuu no fo ma ɔyɛɛ nneɛma bɔne.  Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛnea Ahab fifo yɛe no, efisɛ ne papa wui no, wɔn na wotuu no fo ma ewiee no bɔne.  Otiee wɔn afotu na ɔne Israel hene Yehoram a ɔyɛ Ahab ba no boom ne Siria hene Hasael+ kɔkoe wɔ Ramot-Gilead.+ Ɛhɔ na wɔtow agyan wɔɔ Yehoram ma opirae.  Ɔsan kɔɔ Yesreel+ sɛ ɔrekɔsa ne ho yare, efisɛ bere a ɔne Siria hene Hasael+ kɔkoe no, wopiraa no wɔ Rama. Yuda hene Ahasia* a ɔyɛ Yehoram ba+ no kɔɔ Yesreel sɛ ɔrekɔhwɛ Ahab ba Yehoram,+ efisɛ na wapira.*+  Nanso Yehoram hɔ a Ahasia kɔe no, Onyankopɔn na ɔma ɛbaa saa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛhwe ase. Oduu hɔ no, ɔne Yehoram kohyiaa Nimsi banana* Yehu, na na Yehowa asra Yehu+ sɛ ɔntɔre Ahab fifo ase.*+  Bere a Yehu tuu n’ani sii Ahab fi so sɛ ɔresɛe no no, ohuu Yuda adehye ne Ahasia nuanom mma a wɔsom Ahasia no, na okunkum wɔn.+  Ɛnna ɔkɔhwehwɛɛ Ahasia efisɛ na waguan akohintaw. Na wɔkyeree no wɔ Samaria de no brɛɛ Yehu. Wokum no, ɛnna wosiee no+ efisɛ wɔkae sɛ: “Ɔyɛ Yehosafat a ɔde ne koma nyinaa hwehwɛɛ Yehowa no banana.”+ Ná obiara nni Ahasia fi a ɔwɔ tumi a ɔde bedi ahenni no so. 10  Bere a Ahasia maame Atalia+ hui sɛ ne ba no awu no, ɔsɔre kunkum adehye mma* a wofi Yuda mu nyinaa.+ 11  Nanso ɔhene babea Yehosabat wiaa Ahasia ba Yehoas,+ na ɔfaa no fii ɔhene mma a na wɔrebekunkum wɔn no mu, na ɔde ɔne ɔbea a ɔhwɛ no no* kosiee pia mu. Na Ɔhene Yehoram+ babea Yehosabat (ɔyɛ ɔsɔfo Yehoiada+ yere ne Ahasia nuabea) de no hintaw Atalia, enti wannya no ankum no.+ 12  Ɔne wɔn tenaa nokware Nyankopɔn no fi hɔ mfe asia a obiara anhu no. Saa bere no, Atalia na na odi ɔman no so.

Ase Hɔ Nsɛm

Ɔno ara na wɔfrɛ no Yehoahas wɔ 2Be 21:17 no.
Nt., “babea.”
Anaa “ɔyare.”
Hebri nsaano nkyerɛwee bi mu no, wɔfrɛ no “Asaria.”
Nt., “ba.”
Nt., “ontwa Ahab fifo ngu.”
Nt., “ahenni aba.”
Kyerɛ sɛ, ɔbea a ɔhwɛ no ma no nufu no.