Beresosɛm Nhoma a Ɛto So Abien 27:1-9

  • Yuda hene Yotam ahenni (1-9)

27  Yotam+ bedii hene no, na wadi mfe 25, na odii ade mfe 16 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Yerusa, na na ɔyɛ Sadok babea.+  Ɔyɛɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa ani so sɛnea ne papa Usia yɛe no.+ Ɔno de, wammɔ anwura Yehowa asɔrefi hɔ.+ Nanso na ɔman no gu so reyɛ nneɛma bɔne.  Osii atifi pon a ɛwɔ Yehowa fi no,+ na ɔyɛɛ Ofel fasu+ no ho adwuma pii.  Ɔkyekyee nkurow+ pii wɔ Yuda mmepɔw mu,+ na ɔkyekyee nkurow a ɛyɛ den+ totoo abantenten+ wɔ kwae mu.  Ɔne Ammon hene dii ako,+ na akyiri yi odii wɔn so nkonim. Enti saa afe no, Ammonfo maa no dwetɛ dwetikɛse* 100 ne hwiit kor* 10,000 ne baali* nso kor 10,000. Saa ara na Ammonfo tua maa no afe a ɛto so abien ne afe a ɛto so abiɛsa no mu.+  Enti Yotam kɔɔ so yɛɛ den, efisɛ ɔmaa n’akwan dii mu* wɔ ne Nyankopɔn Yehowa anim.  Yotam ho nsɛm a aka, n’akodi ne n’akwan nyinaa, wɔakyerɛw wɔ Israel ne Yuda Ahemfo Nhoma no mu.+  Obedii hene no na wadi mfe 25, na odii ade mfe 16 wɔ Yerusalem.+  Yotam ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no wɔ Dawid Kurow mu.+ Na ne ba Ahas bedii n’ade.+

Ase Hɔ Nsɛm

Dwetikɛse baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.
Kor baako yɛ lita 220. Hwɛ Nkh. B14.
Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.
Anaa “osiesiee n’akwan.”