Beresosɛm Nhoma a Ɛto So Abien 34:1-33

  • Yuda hene Yosia ahenni (1, 2)

  • Yosia pagyaw Onyankopɔn som (3-13)

  • Wohuu Mmara nhoma no (14-21)

  • Hulda hyɛɛ mmusu ho nkɔm (22-28)

  • Yosia kenkan nhoma no kyerɛɛ ɔman no (29-33)

34  Yosia+ bedii hene no, na wadi mfe awotwe, na odii ade mfe 31 wɔ Yerusalem.+  Ɔyɛɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa ani so, na nea ne nana Dawid yɛe no, ɛno ara bi na ɔno nso yɛe; wamman ankɔ nifa anaa benkum.  N’ahenni afe a ɛto so 8 mu, bere a ɔda so yɛ abofra no, ofii ase hwehwɛɛ ne nana Dawid Nyankopɔn,+ na afe a ɛto so 12 mu no, ofii ase tew Yuda ne Yerusalem ho+ yiyii sorɔnsorɔmmea*+ ne abosonnua* ne ahoni a wɔasen+ ne dade ahoni* no fii hɔ.  Bio nso, ɔhwɛ ma wobubuu Baal afɔremuka no, na nneɛma a wɔde hyew aduhuam a esisi so no, otwitwae. Abosonnua* ne ahoni a wɔasen ne dade* ahoni no, ɔyam no dukuduku de petepetee wɔn a na wɔbɔ afɔre wɔ so no adamoa so.+  Afei ɔhyew asɔfo no nnompe wɔ wɔn afɔremuka no so.+ Ɔyɛɛ saa de tew Yuda ne Yerusalem ho.  Na ɔkɔɔ Manase, Efraim,+ ne Simeon nkurow mu; ɔkɔe ara koduu Naftali ne nkurow a adan amamfo mu,  na okobubuu afɔremuka ne abosonnua* no, na ahoni a wɔasen+ no, ɔyam no dukuduku; nneɛma a wɔde hyew aduhuam no nso, otwitwaa ne nyinaa fii Israel asaase so baabiara;+ ɛno akyi no, ɔsan baa Yerusalem.  N’ahenni afe a ɛto so 18 mu no, na watew asaase no ne asɔrefi* no ho awie, na ɔsomaa Asalia ba Safan,+ amrado Maaseia, ne ɔhene krakye Yoahas ba Yoa sɛ wonkosiesie ne Nyankopɔn Yehowa fi hɔ.+  Wɔbaa ɔsɔfo panyin Hilkia nkyɛn, na sika a wɔde aba Onyankopɔn fi hɔ a na Lewifo a wɔyɛ apon ano ahwɛfo no aboaboa ano no, wɔde ne nyinaa kɔmaa no. Wonya fii Manase, Efraim, ne Israelfo a wɔaka nyinaa,+ ne Yuda, Benyamin, ne Yerusalemfo hɔ. 10  Ɛnna wɔde hyɛɛ wɔn a wɔdeda adwuma no ano wɔ Yehowa fi hɔ no nsa, na adwumayɛfo a wɔwɔ Yehowa fi hɔ no nso de siesiee ofi no miamiaa mu. 11  Wɔde maa adwumfo ne adansifo sɛ wɔmfa ntɔ abo a wɔapae ne nnua a wɔde besuso ɔdan no mu, na wɔmfa ntaaboo nsisi adan a Yuda ahemfo ahwɛ ama asɛe no.+ 12  Na mmarima no yɛɛ adwuma no pɛpɛɛpɛ.+ Lewifo yi na wɔpaw wɔn sɛ wɔnhwɛ mma wɔnyɛ adwuma no: Yahat ne Obadia a wɔyɛ Merari asefo,+ ne Sakaria ne Mesulam a wɔyɛ Kohat asefo.+ Lewifo a wɔn nyinaa ho akokwaw wɔ nnwom mu+ no, 13  wɔn na wɔhwɛɛ adwumayɛfo a wɔsoasoa nneɛma ne wɔn a wɔyɛ nnwuma horow nyinaa bi no so. Ná Lewifo no bi nso yɛ akyerɛwfo, mpanyimfo, ne apon ano ahwɛfo.+ 14  Bere a wɔreyi sika a wɔde aba Yehowa fi hɔ+ no, ɔsɔfo Hilkia huu Yehowa Mmara nhoma+ a ɔnam Mose so* de mae no.+ 15  Enti Hilkia ka kyerɛɛ ɔkyerɛwfo Safan sɛ: “Mmara nhoma no, makohu wɔ Yehowa fi hɔ.” Ɛnna Hilkia de nhoma no maa Safan. 16  Na Safan de nhoma no baa ɔhene anim, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nea wode ahyɛ wo nkoa nsa nyinaa, wɔreyɛ. 17  Sika a ɛwɔ Yehowa fi hɔ no, wɔahwie de ahyɛ wɔn a wɔdeda adwuma ano ne adwumayɛfo no nsa.” 18  Afei nso, ɔkyerɛwfo Safan ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɔsɔfo Hilkia de nhoma bi ama me.”+ Ɛnna Safan fii ase kenkanee wɔ ɔhene anim.+ 19  Bere a ɔhene tee Mmara no mu nsɛm ara pɛ, osuan n’ataade mu.+ 20  Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Hilkia, Safan ba Ahikam,+ Mika ba Abdon, ɔkyerɛwfo Safan, ne ɔhene akoa Asaia sɛ: 21  “Nhoma a wɔahu yi mu nsɛm nti, munkobisa Yehowa anom asɛm mma me ne Israelfo ne Yudafo a wɔaka nyinaa, na Yehowa abufuw a ɛreba yɛn so no so, efisɛ yɛn agyanom anni Yehowa asɛm so anyɛ nea wɔakyerɛw wɔ nhoma yi mu no nyinaa.”+ 22  Ɛnna Hilkia ne wɔn a ɔhene somaa wɔn no kɔɔ odiyifobea Hulda nkyɛn.+ Ná ɔyɛ ntaade sohwɛfo Harhas ba Tikwa ba Salum yere. Saa bere no, na odiyifobea no te Yerusalem Kurow Foforo no mu; ɛhɔ na wɔkɔkaa asɛm no kyerɛɛ no.+ 23  Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn aka ni, ‘Monkɔka nkyerɛ ɔbarima a ɔsomaa mo me nkyɛn no sɛ: 24  “Nea Yehowa aka ni, ‘Mede mmusu bɛba kurow yi ne wɔn a wɔtete mu so;+ nnome a wɔakyerɛw wɔ nhoma+ a wɔkenkan kyerɛɛ Yuda hene mu no, mede ne nyinaa reba. 25  Esiane sɛ wɔagyaw me+ akɔhyew afɔrebɔde ama anyame foforo, na wɔde wɔn nsa ano adwuma nyinaa ahyɛ me abufuw+ nti, m’abufuw behwie agu kurow yi so, na ɛrennum.’”+ 26  Na Yuda hene a ɔsomaa mo sɛ mummebisa Yehowa anom asɛm no, monka nkyerɛ no sɛ, “Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn aka ni: ‘Nsɛm a wotee no,+ 27  esiane sɛ woamma wo koma anyɛ den* na wobrɛɛ wo ho ase wɔ Onyankopɔn anim bere a wotee nsɛm a wɔaka wɔ kurow yi ne wɔn a wɔtete mu ho, na wobrɛɛ wo ho ase m’anim, na wusuan w’ataade mu sui m’anim nti, me nso matie wo,+ Yehowa asɛm ni. 28  Ɛno nti mɛboaboa wo akɔka w’agyanom ho,* na wobɛkɔ wo damoa mu asomdwoe mu, na w’ani renhu mmusu a mede reba kurow yi ne wɔn a wɔtete mu so no.’”’”+ Ɛnna wɔde mmuae no kɔmaa ɔhene. 29  Enti ɔhene de nkra kɔe, na wɔfrɛɛ Yuda ne Yerusalem mpanyimfo nyinaa bae.+ 30  Afei Yuda mmarima nyinaa, Yerusalemfo, asɔfo, Lewifo no ne ɔman no nyinaa, ɔkɛse oo, akumaa oo, ɔhene ne wɔn kɔɔ Yehowa fi hɔ. Apam nhoma a wohui wɔ Yehowa fi hɔ no, ɔkenkan emu nsɛm no nyinaa kyerɛɛ wɔn.*+ 31  Ɔhene gyinaa ne gyinabea yɛɛ apam*+ wɔ Yehowa anim sɛ obedi Yehowa akyi na ɔde ne koma nyinaa ne ne kra* nyinaa adi ne mmara nsɛm, ne nkaesɛm, ne n’ahyɛde so,+ na wadi apam no mu nsɛm a wɔakyerɛw wɔ nhoma yi mu no so.+ 32  Afei ɔmaa wɔn a wɔwɔ Yerusalem ne Benyamin nyinaa gye toom sɛ wobedi so. Na Yerusalemfo yɛɛ sɛnea Onyankopɔn a ɔyɛ wɔn agyanom Nyankopɔn apam no te.+ 33  Afei akyiwade* a ɛwɔ Israelfo asaase nyinaa so no, Yosia yiyii ne nyinaa+ na ɔmaa wɔn a wɔwɔ Israel nyinaa som wɔn Nyankopɔn Yehowa. Ne nkwa nna nyinaa,* nkurɔfo no annyae wɔn agyanom Nyankopɔn Yehowa akyi di.

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ahoni a wɔagu.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “dade a wɔanan de ayɛ.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “ofi.”
Nt., “Mose nsa so.”
Nt., “womaa wo koma yɛɛ mmerɛw.”
Eyi yɛ kasakoa, na ɛkyerɛ sɛ obi awu.
Anaa “wɔ wɔn nyinaa asom.”
Anaa “hyɛɛ apam no mu den.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “abosom.”
Nt., “Ne nna nyinaa.”