Beresosɛm Nhoma a Ɛto So Abien 35:1-27

  • Yosia yɛɛ nhyehyɛe ma wodii Twam kɛse (1-19)

  • Farao Neko kum Yosia (20-27)

35  Yosia dii Twam+ maa Yehowa wɔ Yerusalem; wokum Twam aboa no+ wɔ bosome a edi kan no da a ɛto so 14.+  Ɔde asɔfo no sisii wɔn nnwuma so, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnyɛ Yehowa fi adwuma a ɛhyɛ wɔn nsa no.+  Ɛnna ɔka kyerɛɛ Lewifo a wɔyɛ kronkron wɔ Yehowa anim, Israel nyinaa akyerɛkyerɛfo+ no sɛ: “Momfa Adaka kronkron no nkosi ofi a Dawid ba, Israel hene Solomon sii no mu;+ enhia sɛ mosoa wɔ mo mmati so bio.+ Afei monsom Yehowa mo Nyankopɔn ne ne man Israel.  Sɛnea Israel hene Dawid+ ne ne ba Solomon+ kyerɛwee no, monhyehyɛ mo ho akuwakuw sɛnea mo agyanom abusuafi te, na munsiesie mo ho mma adwuma no.  Munnyinagyina kronkronbea hɔ sɛnea mo agyanom abusuafi ne mo nkyekyɛm te, sɛnea ɛbɛyɛ a Lewifo kuw biara bɛsom wɔn nuanom a wɔaka no* abusuafi baako.  Munkum Twam aboa no,+ munnwira mo ho, munsiesie mo ho mma mo nuanom, na monyɛ sɛnea Yehowa asɛm a ɔnam Mose so kae no te.”  Yosia de adwennini nkumaa ne mpapo nkumaa bae sɛ wɔmfa mmɔ Twam afɔre mma obiara a ɔwɔ hɔ. Ná ne nyinaa dodow si 30,000, ne anantwi 3,000. Eyi nyinaa fi ɔhene agyapade mu.+  Ne mpanyimfo no nso de ayamye afɔrebɔde bae sɛ wɔmfa mmɔ ayamye afɔre mma ɔman no ne asɔfo ne Lewifo no. Hilkia,+ Sakaria, ne Yehiel, mpanyimfo a wɔwɔ nokware Nyankopɔn no fi hɔ nso de Twam mmoa 2,600, ne anantwi 300 maa asɔfo no sɛ wɔmfa mmɔ afɔre.  Konania ne ne nuanom Semaia ne Netanel, ne Hasabia, Yeiel, ne Yosabad a wɔyɛ Lewifo mpanyimfo no de Twam mmoa 5,000 ne anantwi 500 bae sɛ wɔmfa mmɔ afɔre mma Lewifo no. 10  Wowiee ahoboa no, asɔfo no gyinagyinaa wɔn gyinabea, na Lewifo no biara gyinaa ne kuw mu+ sɛnea ɔhene ahyɛde te. 11  Wokum Twam mmoa no,+ na asɔfo no de mogya a wogyei no petepetee afɔremuka no so,+ na Lewifo no nso guaa mmoa no.+ 12  Afei wosiesiee ɔhyew afɔre no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkyekyɛ ama ɔmanfo no na wɔde akɔ Yehowa anim sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mose nhoma mu no; saa na wɔyɛɛ anantwi no nso. Saa bere no, na wɔakyekyɛ ɔmanfo no mu sɛnea wɔn agyanom abusuafi te. 13  Wɔnoaa* Twam afɔrebɔde no wɔ ogya so sɛnea ɛho amanne te;+ afɔrebɔde kronkron no nso wɔnoae wɔ asɛn ne nkuku ne nsanka mu, na wɔyɛɛ ntɛm de brɛɛ ɔmanfo no nyinaa. 14  Ɛno akyi no, wosiesiee bi maa wɔn ho ne asɔfo no, efisɛ asɔfo no, Aaron asefo no bobɔɔ ɔhyew afɔre na wɔhyew srade no kosii anadwo, enti Lewifo no siesiee bi maa wɔn ho ne asɔfo no, Aaron asefo no. 15  Na Asaf mma nnwontofo+ no kɔɔ wɔn nnwuma so sɛnea Dawid,+ Asaf,+ Heman, ne Yedutan+ a na ɔyɛ ɔdehufo ma ɔhene no hyehyɛ too hɔ no; na apon ano ahwɛfo no gyinagyinaa apon no nyinaa ano.+ Ná ɛho nhia sɛ wogyae wɔn nnwuma, efisɛ wɔn nuanom Lewifo no siesiee biribi maa wɔn. 16  Wosiesiee Yehowa som adwuma ho biribiara saa da no sɛ wɔrebedi Twam no+ na wɔabobɔ ɔhyew afɔre wɔ Yehowa afɔremuka no so sɛnea Ɔhene Yosia kae sɛ wɔnyɛ no.+ 17  Israelfo a wɔwɔ hɔ no dii Twam no saa bere no, na wodii Paanoo a Mmɔkaw* Nnim Afahyɛ no nso nnanson.+ 18  Efi odiyifo Samuel bere so no, na wonnii Twam bi sɛ eyi da wɔ Israel, na na Israel hene foforo biara nso nnii Twam no sɛnea Yosia,+ asɔfo no, Lewifo no, Yudafo, ne Israelfo a wɔwɔ hɔ nyinaa ne Yerusalemfo dii no. 19  Yosia ahenni afe a ɛto so 18 mu na wodii Twam yi. 20  Eyinom nyinaa akyi, bere a Yosia siesiee asɔrefi* no wiei no, Egypt hene Neko+ bedii ako wɔ Karkemis, Eufrate ho. Na Yosia kɔe sɛ ɔne no de rekosi ani.+ 21  Ɛnna otuu abɔfo kɔɔ ne nkyɛn sɛ: “Dɛn na me ne wo wɔ yɛ, Yuda hene? Ɛnyɛ wo so na mereba nnɛ, mmom ɔman foforo na me ne wɔn rekɔko, na Onyankopɔn aka akyerɛ me sɛ menyɛ no ntɛm. Wompɛ wo ho asɛm a, hwɛ na wo ne Onyankopɔn a ɔka me ho no anni asi, anyɛ saa a ɔbɛsɛe wo.” 22  Nanso Yosia annyae, na mmom ɔsakraa ne ho+ sɛ ɔne no rekɔko, na wantie Neko asɛm a efi Onyankopɔn anom no. Enti ɔkɔɔ Megido Asaasetraa so+ ne no kɔkoe. 23  Na agyantofo tow agyan wɔɔ Ɔhene Yosia, na ɔhene no ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Momfa me mfi ha nkɔ na mapira pira bɔne.” 24  Enti ne nkoa no yii no fii teaseɛnam no mu de no kɔɔ ne ko teaseɛnam a ɛto so abien no mu, na wɔde no baa Yerusalem. Saa na ɛyɛe a owui, na wosiee no wɔ n’agyanom damoa mu.+ Yuda ne Yerusalem nyinaa suu Yosia. 25  Na Yeremia+ twaa Yosia ho awerɛhow nnwom;* ɛnnɛ yi nyinaa, mmarima ne mmea nnwontofo no nyinaa+ da so bɔ Yosia din wɔ wɔn awerɛhow nnwom mu; wɔhyɛɛ mmara sɛ wɔnto wɔ Israel, na wɔakyerɛw aka wɔn awerɛhow nnwom ho. 26  Yosia ho nsɛm a aka, ɔdɔ a enni huammɔ a ɔdaa no adi sɛnea wɔakyerɛw wɔ Yehowa Mmara mu, 27  nea ɔyɛe nyinaa, efi mfiase kosi awiei no, wɔakyerɛw wɔ Israel ne Yuda Ahemfo Nhoma no mu.+

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “ɔman mma no.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Wɔtotõõ.”
Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.
Nt., “ofi.”
Anaa “kwadwom.”