Beresosɛm Nhoma a Ɛto So Abien 5:1-14

  • Nhyehyɛe a wɔyɛ de buee asɔrefi no ano (1-14)

    • Wɔde Adaka no baa asɔrefi hɔ (2-10)

5  Solomon wiee Yehowa fi no ho adwuma a ɔyɛe no nyinaa.+ Ɛnna Solomon de nneɛma a ne papa Dawid yɛɛ no kronkron no baa mu;+ ɔde dwetɛ, sika kɔkɔɔ, ne nneɛma a aka no nyinaa beguu nokware Nyankopɔn no fi adekora adan no mu.+  Saa bere no, Solomon boaboaa Israel mpanyimfo ano, mmusuakuw mu atitiriw, ne Israelfo agyanom abusuafi mpanyimfo nyinaa. Wɔbaa Yerusalem sɛ wɔrebɛfa Yehowa apam adaka no afi Dawid Kurow mu,+ kyerɛ sɛ, Sion.+  Israel mmarima nyinaa boaboaa wɔn ho ano baa ɔhene anim wɔ afahyɛ* a wodi no bosome a ɛto so ason mu+ no ase.  Enti Israel mpanyimfo nyinaa bae, na Lewifo no maa Adaka no so.+  Asɔfo ne Lewifo* no de Adaka no, ahyiae ntamadan no,+ ne nneɛma kronkron a ɛwɔ ntamadan no mu nyinaa bae.  Saa bere no, na Ɔhene Solomon ne Israel asafo a ɔfrɛɛ wɔn bae no nyinaa abɔ gua wɔ Adaka no anim. Wɔde nguan ne anantwi bɔɔ afɔre,+ na na mmoa no dɔɔso ara ma wɔantumi ankan wɔn ankyerɛ wɔn dodow.  Afei asɔfo no de Yehowa apam adaka no baa ne sibea, pia mu pia no mu, Kronkron Mu Kronkronbea hɔ, na wɔde sii kerubim no ntaban ase.+  Ná kerubim no atrɛtrɛw wɔn ntaban mu wɔ Adaka no so. Enti kerubim no ntaban kataa Adaka no ne nnua a ɛhyehyɛ ho no so.+  Ná ɛho nnua no woware, enti sɛ obi wɔ Kronkronbea hɔ wɔ pia mu pia no anim a, ohu nnua no ti, nanso sɛ ɔwɔ abɔnten a, onhu; ɛhɔ na ɛwɔ de besi nnɛ. 10  Ná hwee nni Adaka no mu, gye abopon abien a Mose de guu mu wɔ Horeb no;+ ɔde guu mu bere a Israelfo fi Egypt reba+ a Yehowa ne wɔn yɛɛ apam no.+ 11  Bere a asɔfo no pue fii kronkronbea hɔ no (ná asɔfo a wɔwɔ hɔ nyinaa adwira wɔn ho,+ ɛmfa ho kuw a wofi mu),+ 12  Lewifo nnwontofo+ a wofi Asaf,+ Heman,+ ne Yedutan mu+ ne wɔn mma ne wɔn nuanom nyinaa hyehyɛɛ nwera pa, na wɔmomaa nnawuru* ne asanku ne asankuten so begyinagyinaa afɔremuka no nifa so; ná asɔfo 120 a wɔrehyɛn ntorobɛnto ka wɔn ho.+ 13  Mmɛnhyɛnfo ne nnwontofo no de nne baako maa nnwom so de yii Yehowa ayɛ daa no ase; wɔbɔɔ abɛn, na wɔbobɔɔ nnawuru ne nnwonto nneɛma foforo de daa Yehowa ase sɛ, “oye na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.”+ Ɛhɔ ara na omununkum bɛhyɛɛ ofi no, Yehowa fi no ma.+ 14  Omununkum no nti, asɔfo no antumi annyina hɔ ansom, efisɛ Yehowa anuonyam hyɛɛ nokware Nyankopɔn no fi hɔ ma.+

Ase Hɔ Nsɛm

Kyerɛ sɛ, Apata Afahyɛ.
Anaa “Lewifo a wɔyɛ asɔfo.”
Hebri asɛmfua no kyerɛ nnade ntraantraa abien a wɔde bɔ nnwom. Wɔde bom a, egyigye kyan-kyan.