Beresosɛm Nhoma a Ɛto So Abien 7:1-22

  • Yehowa anuonyam hyɛɛ asɔrefi no ma (1-3)

  • Nneɛma a wɔyɛ de buee ɔdan no ano (4-10)

  • Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon (11-22)

7  Bere a Solomon wiee ne mpaebɔ no ara pɛ,+ ogya fi soro+ bɛhyew ɔhyew afɔre ne afɔrebɔde no nyinaa, na Yehowa anuonyam hyɛɛ ofi no ma.+  Yehowa anuonyam a ɛhyɛɛ Yehowa fi no ma nti, asɔfo no antumi anhyɛn Yehowa fi no mu.+  Bere a ogya no fi soro bae, na Yehowa anuonyam baa ofi no so no, Israel mma nyinaa hui, na wɔbɔɔ wɔn mu ase de wɔn anim butubutuw fam ɔkwan a abo sɛm so no so, na wɔdaa Yehowa ase sɛ, “oye na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.”  Afei ɔhene ne ɔman no nyinaa bɔɔ afɔre wɔ Yehowa anim.+  Ɔhene Solomon de anantwi 22,000 ne nguan 120,000 na ɛbɔɔ afɔre no. Enti ɔhene ne ɔman no nyinaa buee nokware Nyankopɔn fi no ano.+  Ná asɔfo no gyinagyina wɔn gyinabea reyɛ wɔn nnwuma, na Lewifo no nso kurakura nnwonto nneɛma a wɔbɔ di nnwontofo a woyi Yehowa ayɛ no akyi.+ (Ɔhene Dawid yɛɛ nnwonto nneɛma no sɛ bere biara a ɔne wɔn* beyi Onyankopɔn ayɛ no, wɔmfa nna Yehowa ase sɛ, “ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.”) Asɔfo no nso gyinagyinaa wɔn anim hyɛn ntorobɛnto denneennen;+ saa bere no, na Israelfo no nyinaa gyinagyina hɔ.  Ɛnna Solomon yɛɛ Yehowa fi anim adiwo no mfinimfini hɔ kronkron, efisɛ ɛhɔ na na ɔbɛbɔ ɔhyew afɔre no,+ na asomdwoe afɔre ho srade no nso, ɛhɔ na na ɔbɛhyew no; nea enti a Solomon yɛɛ saa ne sɛ, kɔbere afɔremuka+ a ɔyɛe no, na ɔhyew afɔre ne aduan afɔre+ ne srade a wɔrebɛhyew no nyinaa+ renkɔ so.  Saa bere no, Solomon dii afahyɛ no nnanson,+ ɔne Israel nyinaa; ná wɔyɛ bagua kɛse a wofi Lebo-Hamat* hye so kosi Egypt Subon ano.+  Ɛda a ɛto so awotwe* no, wɔyɛɛ nhyiam titiriw.+ Nea ɛte ne sɛ, wɔde nnanson na ehyiraa afɔremuka no so, ɛnna wodii afahyɛ no nso nnanson. 10  Afei bosome a ɛto so ason no da a ɛto so 23 no, ogyaa ɔman no kwan ma obiara kɔɔ ne fi, na nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama Dawid ne Solomon ne ne man Israel nti,+ wɔde anigye ne akomatɔyam na ɛkɔe.+ 11  Yehowa fi ne ahemfi* no, Solomon wiee ɛho adwuma nyinaa;+ biribiara a ɛbaa Solomon komam sɛ ɔbɛyɛ wɔ Yehowa fi ne n’ankasa fi ho no, otumi yɛɛ ne nyinaa.+ 12  Ɛnna Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon+ anadwo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mate wo mpaebɔ no, na mayi ha sɛ ɛnyɛ afɔrebɔ fi mma me.+ 13  Sɛ meto ɔsoro mu na osu antɔ, na sɛ mema mmebɛw bɛwe asaase no so nnɔbae, na mema nsanyare a edi awu ba me man so, 14  na sɛ me man a me din da wɔn so no+ brɛ wɔn ho ase+ na wɔbɔ mpae hwehwɛ m’akyi kwan, na wɔtwe wɔn ho fi wɔn akwammɔne ho+ a, ɛnde me nso mefi ɔsoro atie na mede wɔn bɔne akyɛ wɔn, na masa wɔn asaase yare.+ 15  Mebue m’aniwa ama mpae a wɔbɛbɔ wɔ ha no na mayɛ aso atie.+ 16  Afei mayi ofi yi ayɛ no kronkron sɛ me din ntena ha afebɔɔ,+ na mɛma m’ani aku ho na mahwɛ so daa.+ 17  “Na wo, sɛ wosom me sɛnea wo papa Dawid som me no, na woyɛ nea maka akyerɛ wo nyinaa, na wudi m’ahyɛde ne m’atemmusɛm so a,+ 18  ɛnde me nso, mɛma w’ahengua atim,+ sɛnea me ne wo papa Dawid yɛɛ apam no.+ Meka kyerɛɛ no sɛ, ‘Daa w’aseni na ɔbɛtena Israel ahengua so.’+ 19  Nanso, sɛ motwe mo ho, na mugyaw m’ahyɛde ne me mmara nsɛm a mede ama mo no, na mokɔsom anyame foforo na mokotow wɔn a,+ 20  ɛnde asaase a mede ama Israel no, metutu wɔn ase afi so,+ na ofi a mayɛ no kronkron ama me din yi, mɛtow afi m’anim akyene, na wɔde aka asɛm aserew* adi ho fɛw wɔ aman nyinaa mu.+ 21  Na ofi yi bɛdan amamfo, na obiara a obetwam no behu ama ne ho adwiriw no,+ na waka sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa yɛɛ asaase yi ne ofi yi sɛɛ?’+ 22  Na wɔbɛka sɛ, ‘Wɔagyaw Yehowa,+ wɔn agyanom Nyankopɔn a oyii wɔn fii Egypt asaase so+ no ntia; wɔagyaw no hɔ akodi anyame foforo akyi, na wɔakotow asɔre wɔn.+ Ɛno nti na ɔde amanehunu yi nyinaa aba wɔn so no.’”+

Ase Hɔ Nsɛm

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ Lewifo no.
Anaa “Hamat kwan ano.”
Afahyɛ da no adekyee anaa da a ɛto so 15.
Anaa “ɔhene fi.”
Nt., “wɔde ayɛ akasabebu.”