Beresosɛm Nhoma a Ɛto So Abien 8:1-18

  • Solomon sisii adan foforo (1-11)

  • Asɔrefi hɔ adwuma no, wɔtotoo ɛho biribiara (12-16)

  • Solomon nyaa po so ahyɛn (17, 18)

8  Bere a Solomon de mfe 20 sii Yehowa fi ne n’ankasa fi* wiei no,+  Solomon san kyekyee nkurow a Hiram+ de maa no no, na Solomon maa Israelfo* kɔtenatenaa hɔ.  Afei Solomon kɔɔ Hamat-Soba kɔko fae.  Tadmor a ɛwɔ sare so ne adekora nkurow+ a ɔkyekyee wɔ Hamat+ no nyinaa nso, osiesie ma ɛyɛɛ den.*  Afei nso, osiesiee Atifi Bet-Horon+ ne Anaafo Bet-Horon+ ma ɛyɛɛ den; ɔmaa no afasu, apon, ne mmeamu;  na Baalat,+ Solomon adekora nkurow nyinaa, nteaseɛnam nkurow nyinaa,+ nkurow a ɔkyekye maa ne nkurɔfo a wɔtete apɔnkɔ so, ne ɔdan biara a Solomon pɛe sɛ osi wɔ Yerusalem, Lebanon, ne nsaase a odi so nyinaa nso, ɔyɛɛ ho adwuma.  Nnipa a wɔaka a wofi Hitifo, Amorifo, Perisifo, Hiwifo, ne Yebusifo+ mu a wɔnyɛ Israelfo no,+  wɔn mma a wɔkaa asaase no so a Israelfo ansɛe wɔn no,+ Solomon de wɔn yɛɛ nkoadwuma, na wɔayɛ saa de abesi nnɛ.+  Israelfo de, Solomon amfa obiara anyɛ akoa amma wanyɛ adwuma amma no;+ mmom na wɔyɛ n’asraafo, ne mpanyimfo so akunini, ne wɔn a wɔhwɛ ne nteaseɛnam ne ne nkurɔfo a wɔtete apɔnkɔ so.+ 10  Ná Ɔhene Solomon wɔ mpanyimfo so akunini 250; wɔn na wɔhwɛɛ adwumayɛfo no so.+ 11  Afei Solomon yii Farao babea+ no fii Dawid Kurow mu de no kɔɔ ofi a wasi ama no no+ mu, na ɔkae sɛ: “Ɔyɛ me yere, nanso ɔrentumi ntena Israel hene Dawid fi, efisɛ faako a Yehowa Adaka aba no yɛ kronkron.”+ 12  Ɛnna Solomon bɔɔ ɔhyew afɔre+ maa Yehowa wɔ Yehowa afɔremuka+ a osii wɔ abantenten no anim no so.+ 13  Daa, na ɔbɔ afɔre wɔ so sɛnea Mose kae sɛ wɔmmɔ no Homeda biara,+ ne ɔsram foforo biara,+ ne afahyɛ a wodi no mprɛnsa afe biara no,+ kyerɛ sɛ, Paanoo a Mmɔkaw* Nnim Afahyɛ,+ Nnawɔtwe Afahyɛ,+ ne Apata* Afahyɛ no.+ 14  Bio nso, sɛnea ne papa Dawid hyehyɛ too hɔ no, ɔde asɔfo no sisii wɔn nnwuma so+ sɛnea wɔn akuw te. Lewifo no nso, ɔde wɔn sisii wɔn nnwuma so sɛ wonyi Onyankopɔn ayɛ+ na wɔnsom wɔ asɔfo no anim sɛnea ehia sɛ wɔyɛ daa no. Apon ano ahwɛfo no nso, na wɔwɛn apon ano sɛnea wɔn akuw te.+ Eyi na nokware Nyankopɔn nipa Dawid kae sɛ wɔnyɛ. 15  Ahyɛde a ɔhene de maa asɔfo ne Lewifo wɔ ade biara anaa adekora adan ho no, wɔamman amfi ho. 16  Solomon nnwuma no, wɔtotoo ɛho biribiara pɛpɛɛpɛ,* efi da a wɔtoo Yehowa fi no fapem+ kosi da a wowiei no. Enti Yehowa fi no ho adwuma nyinaa baa awiei.+ 17  Ɛnna Solomon kɔɔ Esion-Geber+ ne Elot+ a ɛda mpoano wɔ Edom asaase so.+ 18  Hiram+ maa ne nkoa de po so ahyɛn ne nnipa a wonim po so adwuma brɛɛ no. Wɔne Solomon nkoa kɔɔ Ofir,+ na wogyee sika kɔkɔɔ dwetikɛse* 450+ brɛɛ Ɔhene Solomon.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “n’ahemfi.”
Nt., “Israel mma.”
Anaa “ɔsan kyekyee.”
Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.
Anaa “Asese.”
Anaa “wɔhyehyɛɛ biribiara yiye; wowiei.”
Dwetikɛse baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.