Ahene Nhoma a Ɛto So Abien 10:1-36

  • Yehu kum Ahab fifo nyinaa (1-17)

    • Yehonadab kɔkaa Yehu ho (15-17)

  • Yehu kunkum Baal asomfo (18-27)

  • Nea ɛkɔɔ so wɔ Yehu ahenni mu (28-36)

10  Ná Ahab+ wɔ mma mmarima 70 wɔ Samaria. Enti Yehu kyerɛw krataa de soma kɔɔ Samaria kɔmomaa Yesreel atitiriw, mpanyimfo,+ ne wɔn a wɔhwɛ Ahab mma so* no sɛ:  “Mo wura mma wɔ mo nkyɛn, na nteaseɛnam ne apɔnkɔ ne kurow a wɔabɔ ho ban ne akode nso wɔ mo nsam. Enti sɛ mo nsa ka krataa yi a,  munyi mo wura mma no mu nea odi mu na ɔfata paa,* na momfa no nsi ne papa agua so, na monko mma mo wura fi.”  Nanso ehu kaa wɔn, na wɔkae sɛ: “Hwɛ! Ahemfo baanu mpo antumi annyina n’anim,+ na yɛn na yebetumi?”  Enti ahemfi* panyin, kurow so hwɛfo, mpanyimfo, ne wɔn a wɔhwɛ ɔhene mma so no soma kɔka kyerɛɛ Yehu sɛ: “Yɛyɛ wo nkoa, na nea wobɛka akyerɛ yɛn biara, yɛbɛyɛ. Yɛrensi obiara hene. Nea eye wɔ w’ani so biara, yɛ.”  Ɛnna ɔkyerɛw wɔn krataa a ɛto so abien sɛ: “Mowɔ m’afã na sɛ mubetie me a, ɛnde muntwitwa mo wura mma mmarima a wɔwɔ mo nkyɛn no ti, na momfa mmrɛ me ɔkyena saa bere yi wɔ Yesreel.” Saa bere no, na ɔhene mma 70 wɔ kurow no mu atitiriw nkyɛn a wɔrehwɛ wɔn.  Bere a wɔn nsa kaa krataa no ara pɛ, wɔfaa ɔhene mma mmarima 70 no kunkum wɔn,+ na wɔde wɔn ti guu nkɛntɛn mu, na wɔde kɔmaa no wɔ Yesreel.  Ɛnna obi bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔde ɔhene mma no ti aba.” Na ɔkae sɛ: “Mommoaboa ano akuw abien mfa ngu ɔkwan no ano nkosi anɔpa.”  Eduu anɔpa a opuei no, obegyinaa nkurɔfo no nyinaa anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ho nni asɛm.* Me na mebɔɔ me wura ho pɔw kum no,+ nanso hena na okum eyinom nyinaa? 10  Enti munhu sɛ Yehowa asɛm biara nni hɔ a Yehowa aka atia Ahab fifo a ɛremma mu.*+ Yehowa na wama asɛm a ɔnam n’akoa Elia so kae no aba mu.”+ 11  Afei nso, Yehu kunkum Ahab fifo a wɔaka wɔ Yesreel nyinaa ne n’akunini, ne nnamfo, ne n’asɔfo+ nyinaa, na ne ho nipa biara anka.+ 12  Ɛnna ɔsɔre siim sɛ ɔrekɔ Samaria. Ná ofi* bi wɔ kwan no so a nguanhwɛfo twitwa wɔn nguan ho nwi wɔ hɔ. 13  Na Yehu hyiaa Yuda hene Ahasia+ nuanom, na obisaa wɔn sɛ, “Moyɛ henanom?” Wobuae sɛ: “Yɛyɛ Ahasia nuanom, na yɛrekɔ akɔhwɛ sɛ ɔhene ne ɔhemmaa* mma no ho ye anaa.” 14  Ntɛm ara na ɔkae sɛ: “Monkyere wɔn anikan!” Ɛnna wɔkyeree wɔn anikan na wokunkum wɔn wɔ abura ho wɔ baabi a nguanhwɛfo twitwa wɔn nguan ho nwi no; ná wɔyɛ mmarima 42. Wannyaw ɔbaako mpo.+ 15  Ofi hɔ rekɔ no, ohuu Rekab+ ba Yehonadab+ sɛ ɔrebehyia no. Okyiaa* no, na obisaa no sɛ: “Wo koma di mu wɔ me ho sɛnea me koma di mu wɔ wo ho no anaa?” Yehonadab kae sɛ: “Yiw.” “Sɛ saa a, ɛnde fa wo nsa to me nsayam.” Enti ɔde ne nsa too ne nsayam. Na Yehu ma ɔforo bɛkaa ne ho wɔ teaseɛnam no mu. 16  Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Bɛsen kogya me na kɔhwɛ sɛnea mereko ama Yehowa.”*+ Enti wɔma ɔkaa ne ho wɔ teaseɛnam no mu ne no kɔe. 17  Okoduu Samaria, na okunkum Ahab fifo a wɔaka wɔ Samaria nyinaa kosii sɛ ɔtɔree wɔn ase,+ na ɛno maa Yehowa asɛm a ɔka kyerɛɛ Elia no baa mu.+ 18  Bio nso, Yehu boaboaa ɔman no nyinaa ano, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ahab som Baal kakraa bi.+ Yehu de, ɔbɛsom no paa. 19  Enti Baal adiyifo no nyinaa,+ wɔn a wɔsom no nyinaa ne asɔfo no nyinaa,+ momfrɛfrɛ wɔn mmra me nkyɛn. Munnnyaw ɔbaako mpo, efisɛ merebɛbɔ afɔre kɛse ama Baal. Obiara a wamma ase no, ɔrentena nkwa mu.” Nanso na Yehu pɛ sɛ ɔfa nyansakwan so kunkum Baal asomfo no nti na ɔyɛɛ saa. 20  Yehu toaa n’asɛm no so sɛ: “Momfa nto gua na wɔnyɛ nhyiam titiriw mma Baal.” Enti wɔde too gua. 21  Ɛno akyi no, Yehu de nkra kɔɔ Israel nyinaa, na Baal asomfo no nyinaa behyiaam. Ɔbaako mpo anka a wamma bi. Wɔbaa Baal fi hɔ* maa Baal fi+ hɔ nyinaa yɛɛ ma. 22  Afei ɔka kyerɛɛ nea ɔhwɛ ntaade so no sɛ: “Fa ntaade brɛ Baal asomfo no nyinaa.” Enti ɔde ntaade no brɛɛ wɔn. 23  Ɛnna Yehu ne Rekab ba Yehonadab+ baa Baal fi hɔ. Na ɔka kyerɛɛ Baal asomfo no sɛ: “Monhwɛ mu yiye na Yehowa somfo biara ammɛfra mo mu; momma ɛnka Baal asomfo nkutoo.” 24  Afei wɔbae sɛ wɔrebɛbɔ afɔre ne ɔhyew afɔre, na na Yehu de mmarima 80 agyinagyina abɔnten aka akyerɛ wɔn sɛ: “Sɛ mo mu bi ma mmarima a mede wɔn bɛhyɛ mo nsa no bi guan a, ɛnde ɔde ne nkwa betwa so.”* 25  Bere a owiee ɔhyew afɔre no, ɛhɔ ara na Yehu ka kyerɛɛ awɛmfo* ne akunini no sɛ: “Mommra mmekunkum wɔn! Mommma obiara nnguan.”+ Ɛnna awɛmfo ne akunini no fii ase de sekan kunkum wɔn, na wɔtotow wɔn afunu guu abɔnten, na wokunkum wɔn ara koduu Baal fi no pia* mu. 26  Ɛnna woyiyii Baal fi hɔ abosom adum+ no fii adi, na wɔhyew ne nyinaa.+ 27  Afei wobubuu Baal bosom dum+ no, na Baal fi+ no nso, wobubui, na wɔde yɛɛ agyananbea de besi nnɛ. 28  Eyi ne ɔkwan a Yehu faa so tuu Baal ase fii Israel. 29  Nanso Nebat ba Yeroboam bɔne a ɔyɛe a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne no de, Yehu antwe ne ho amfi ho; sika kɔkɔɔ nantwi mma a na baako si Betel na baako nso si Dan no, wanyi amfi hɔ.+ 30  Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Yehu sɛ: “Esiane sɛ woadi asɛmpa na woayɛ nea ɛteɛ wɔ m’ani so, na woayɛ nea na ɛwɔ me komam sɛ mede bɛyɛ Ahab fifo nyinaa+ nti, w’asefo bɛtena Israel ahengua so akosi awo ntoatoaso anan so.”+ 31  Nanso Yehu anhwɛ amfa ne koma nyinaa anni Yehowa, Israel Nyankopɔn Mmara so.+ Wantwe ne ho amfi bɔne a Yeroboam maa Israel yɛe no ho.+ 32  Saa bere no, Yehowa maa kwan maa nkurɔfo faa Israel nsaase nkakrankakra; Hasael tuu n’ani sii wɔn so wɔ Israel asaase nyinaa so,+ 33  efi Yordan ho kosi apuei fam, Gileadfo nsaase nyinaa, Gadfo ne Rubenfo ne Manasefo+ de, efi Aroer a ɛbɛn Arnon Bon no ne Gilead ne Basan+ nso. 34  Yehu ho nsɛm a aka, nea ɔyɛe ne ne nnwuma akɛse nyinaa, wɔakyerɛw wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu. 35  Ɛnna Yehu ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no wɔ Samaria, na ne ba Yehoahas+ bedii n’ade. 36  Mfe* dodow a Yehu de dii Israel so hene wɔ Samaria no si mfe 28.

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “wɔn a wɔhwɛ Ahab so.”
Anaa “asɛm biara nni ne ho.”
Nt., “ofi.”
Anaa “Moyɛ atreneefo.”
Nt., “ɛbɛtɔ fam.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛhɔ yɛ baabi a na wɔmantam nguan sɛnea ɛbɛyɛ a wobetwitwa wɔn ho nwi.
Anaa “ɔbaapanyin.”
Anaa “Ohyiraa.”
Anaa “kɔhwɛ ninkunu a meretwe ama Yehowa.”
Anaa “abosom dan no mu.”
Anaa “ne kra besi onii no kra ananmu.”
Nt., “ammirikatufo.”
Nt., “kurow,” ebia ɛyɛ ɔdan bi a ɛte sɛ abannennen.
Nt., “Nna.”