Ahene Nhoma a Ɛto So Abien 11:1-21

  • Atalia gyee ahenni no kɛntɛn so (1-3)

  • Wowiaa wɔn ho sii Yehoas hene (4-12)

  • Wokum Atalia (13-16)

  • Yehoiada pagyaw Onyankopɔn som (17-21)

11  Bere a Ahasia maame Atalia+ hui sɛ ne ba no awu no,+ ɔsɔre kunkum adehye mma* no nyinaa.+  Nanso Ɔhene Yehoram babea Yehoseba a ɔyɛ Ahasia nuabea no wiaa Ahasia ba Yehoas,+ na ɔfaa no fii ɔhene mma a na wɔrebekunkum wɔn no mu, na ɔde ɔne ɔbea a ɔhwɛ no no* kosiee pia mu. Wɔde no hintaw Atalia, enti wannya no ankum no.  Ɔne no tenaa Yehowa fi hɔ mfe asia a obiara anhu no. Saa bere no, Atalia na na odi ɔman no so.  Afe a ɛto so ason mu no, Yehoiada soma kɔfrɛɛ Karia awɛmfo ne ahemfi awɛmfo+ no ɔhaha so mpanyimfo baa ne nkyɛn wɔ Yehowa fi, na ɔne wɔn yɛɛ apam ma wɔkaa ntam wɔ Yehowa fi hɔ, na ɛno akyi no, ɔde ɔhene ba no kyerɛɛ wɔn.+  Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea monyɛ ni: Monkyɛ mo mu abiɛsa na nkyem baako mmra Homeda, na wɔmmɛwɛn ɔhene fi* no yiye;+  nkyem baako nso nkɔ Nnyinaso Pon no ano, na nkyem baako a aka no nso mmegyina ɔpon a ɛwɔ ahemfi awɛmfo no akyi no ano; obiara nnyina ne gyinabea nwɛn ofi no.  Mo mu akuw abien a wɔawie wɔn adwuma Homeda no, wɔn nso nwɛn Yehowa fi no yiye, na wɔmmɔ ɔhene no ho ban.  Momfa mo akode nkurakura mo nsam na muntwa ɔhene no ho nhyia. Obiara a ɔbɛba awɛmfo no mu no, munkum no. Baabiara a ɔhene bɛkɔ* no, monhwɛ sɛ moka ne ho.”  Enti ɔha biara so panyin+ yɛɛ nea ɔsɔfo Yehoiada kae no pɛpɛɛpɛ. Wɔn mu biara de ne mmarima a wɔreba hɔ Homeda abɛsom ne wɔn a wɔrenyɛ adwuma saa Homeda no bae, na wɔbaa ɔsɔfo Yehoiada+ nkyɛn. 10  Afei ɔsɔfo no de Ɔhene Dawid mpeaw ne akyɛm akɛse ne akyɛm nketewa a ɛwɔ Yehowa fi hɔ no maa ɔhaha so mpanyimfo no. 11  Na ahemfi awɛmfo+ no faa wɔn akode kurakuraa wɔn nsam, na wogyinagyinaa ofi no benkum ne ne nifa so ne afɔremuka no+ ho ne ofi no ho, na wotwaa ɔhene no ho hyiae. 12  Ɛnna Yehoiada de ɔhene ba+ no pue bae, na wɔhyɛɛ no ahenkyɛw,* na wɔde Adanse+ nhoma* no too ne ti so, na wɔsraa no sii no hene. Afei wɔbɔɔ wɔn nsam kae sɛ: “Ɔhene, nya nkwa daa!”+ 13  Bere a Atalia tee sɛ ɔmanfo no retu mmirika no, ɛhɔ ara na ɔbaa nkurɔfo no nkyɛn wɔ Yehowa fi hɔ.+ 14  Ɔnkɔhwɛ a, ɔhene no na ogyina abobow ano adum no baako ho sɛnea amanne te yi!+ Saa bere no, na mpanyimfo no ne wɔn a wɔrehyɛn ntorobɛnto+ no wɔ ɔhene no nkyɛn, na na ɔman no nyinaa redi ahurusi na wɔrehyɛn ntorobɛnto. Ɛhɔ ara na Atalia suan n’ataade mu, na ɔteɛɛm sɛ: “Atirisopam!* Atirisopam!” 15  Ɛnna ɔsɔfo Yehoiada ka kyerɛɛ ɔhaha so mpanyimfo+ a wɔdeda asraafo ano no sɛ: “Montwe no mfi nnipa no mu, na obiara a obedi n’akyi no, momfa sekan nkum no!” Nea ɛte ne sɛ, na ɔsɔfo no aka sɛ: “Munnkum no wɔ Yehowa fi.” 16  Enti wɔyeree no, na bere a wɔde no duu ɔpon a apɔnkɔ fa mu wura ɔhene fi*+ hɔ no, wokum no wɔ hɔ. 17  Ɛnna Yehoiada ne Yehowa ne ɔhene ne ɔman no nyinaa yɛɛ apam+ sɛ wɔbɛyɛ Yehowa man daa; na ɔmaa ɔhene no ne ɔman no nso yɛɛ apam.+ 18  Ɛno akyi no, ɔman no nyinaa kɔɔ Baal fi* kobubuu n’afɔremuka+ na wodwiriw n’ahoni gui,+ na Baal sɔfo Matan nso, wokum no+ wɔ afɔremuka no anim. Ɛnna ɔsɔfo no de ahwɛfo sisii Yehowa fi so.+ 19  Afei ɔfaa ɔhaha so mpanyimfo,+ Karia awɛmfo, ahemfi awɛmfo,+ ne ɔman no mu nnipa nyinaa sɛ wɔmfa ɔhene no mfi Yehowa fi hɔ mmra. Enti wɔfaa ahemfi awɛmfo pon no mu kɔɔ ɔhene fi* hɔ, na ɔbɛtenaa ahengua no so.+ 20  Enti ɔman no mu nnipa nyinaa dii ahurusi, na asomdwoe baa kurow no mu, efisɛ na wɔde sekan akum Atalia wɔ ɔhene fi hɔ. 21  Yehoas+ bedii ade no, na wadi mfe ason.+

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “ahenni aba.”
Kyerɛ sɛ, ɔbea a ɔhwɛ no ma no nufu no.
Anaa “ahemfi.”
Nt., “Ɔhene nkɔree ne ne mmae mu.”
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ nhoma mmobɔwee a Onyankopɔn Mmara no wom.
Anaa “wɔbɔɔ no ahemmotiri.”
Ɛkyerɛ pɔw bɔne a nkurɔfo bɔ wɔ obi ho.
Anaa “ahemfi.”
Anaa “abosom dan mu.”
Anaa “ahemfi.”