Ahene Nhoma a Ɛto So Abien 12:1-21

  • Yuda hene Yehoas ahenni (1-3)

  • Yehoas siesiee asɔrefi no (4-16)

  • Siriafo tuu wɔn ani sii Yuda so (17, 18)

  • Wokum Yehoas (19-21)

12  Yehu+ ahenni afe a ɛto so ason mu no, Yehoas+ bedii hene, na odii ade mfe 40 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Sibiya, na na ofi Beer-Seba.+  Yehoas yɛɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa ani so, nna a ɔsɔfo Yehoiada kyerɛkyerɛɛ no no nyinaa.  Mmom sorɔnsorɔmmea*+ no de, ɛkaa hɔ. Ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔre na wɔhyew afɔrebɔde wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ.  Yehoas ka kyerɛɛ asɔfo no sɛ: “Afɔrebɔde kronkron+ sika a wɔde ba Yehowa fi nyinaa,+ ankorankoro tow, sika* a wɔn a wɔaka ntam no tua, ne sika biara a obi koma bɛka no ama ɔde aba Yehowa fi no,+ munnyigye ne nyinaa.  Momma asɔfo no nnyigye mfi wɔn a wɔde bɛba no* nkyɛn, na wɔmfa nsiesie baabiara a asɛe* wɔ ofi no mu.”+  Eduu Ɔhene Yehoas ahenni afe a ɛto so 23 no, na asɔfo no nsiesiee mmeae a asɛesɛe wɔ ofie hɔ no.+  Enti Ɔhene Yehoas frɛɛ ɔsɔfo Yehoiada+ ne asɔfo a aka no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti na munsiesiee mmeae a asɛesɛe wɔ ofie hɔ no? Ɛno nti afei munnnyigye sika biara mmfi wɔn a wɔde ba no nkyɛn bio, gye sɛ sika a wɔde besiesie ofi no nkutoo.”+  Ɛnna asɔfo no gye toom sɛ wɔrennyigye sika mfi ɔman no nkyɛn bio, na ɛnyɛ wɔn na wɔbɛhwɛ ama wɔasiesie mmeae a asɛesɛe wɔ ofie hɔ no.  Ɔsɔfo Yehoiada faa adaka bi,+ na otuu ne mmuaso no mu tokuru de sii afɔremuka no nkyɛn. Sɛ obi fi abɔnten reba Yehowa fi hɔ a, na adaka no si nifa so. Emu na na asɔfo a wɔhwɛ ɔpon ano no de sika a wɔde ba Yehowa fi no nyinaa gu.+ 10  Bere biara a wobehu sɛ sika pii aba adaka no mu no, ɔhene kyerɛwfo ne ɔsɔfo panyin no yi,* na wɔkan ntoboa a aba Yehowa fi hɔ no.+ 11  Afei wɔde sika a wɔakan no hyɛ wɔn a wɔdeda adwuma no ano wɔ Yehowa fi no nsa, na wɔn nso de tua wɔn a wɔyɛ nnua ho adwuma ne adansifo a wɔreyɛ Yehowa fi hɔ adwuma no ka.+ 12  Wɔde bi nso tua abantofo ne abopaefo no ka, na wɔde bi tɔ nnua a wɔapae ne abo a wɔapae a wɔde besiesie mmeae a asɛesɛe wɔ Yehowa fi hɔ no, na wɔde bi nso tuatua ɛka biara a wɔbɔ de siesie ofi no. 13  Nanso sika a wɔde ba Yehowa fi no, wɔamfa bi anyɛ Yehowa fi hɔ dwetɛ asɛn, adumgya, nkankyee, ntorobɛnto,+ sika kɔkɔɔ nneɛma, ne dwetɛ nneɛma no.+ 14  Mmom no, adwumayɛfo no nkutoo na wɔde sika no maa wɔn, na wɔn nso de siesiee Yehowa fi no. 15  Nnipa a wɔde sika hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔmfa mma adwumayɛfo no, wɔne wɔn ammu ho akontaa, efisɛ na wɔyɛ anokwafo.+ 16  Afodi afɔre sika+ ne bɔne ho afɔre sika no de, wɔamfa amma Yehowa fi hɔ; ná ɛyɛ asɔfo no de.+ 17  Saa bere no na Siria hene Hasael+ kɔɔ Gat+ so ne no kɔkoe, na odii kurow no so nkonim. Ɛno akyi no, Hasael yɛe sɛ ɔne Yerusalem rebɛko.*+ 18  Ɛnna Yuda hene Yehoas sesaw afɔrebɔde kronkron a ne nananom Yehosafat, Yehoram, ne Ahasia a na wɔyɛ Yuda ahemfo no ahyira so no nyinaa, ne n’afɔrebɔde kronkron ne sika kɔkɔɔ a ɛwɔ Yehowa fi ne ɔhene fi* akorade hɔ nyinaa, na ɔde kɔmaa Siria hene+ Hasael. Enti ogyaw Yerusalem hɔ kɔe. 19  Yehoas ho nsɛm a aka ne nea ɔyɛe nyinaa, wɔakyerɛw wɔ Yuda ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu. 20  Nanso Yehoas nkoa sɔre yɛɛ baako bɔɔ ne ho pɔw,+ na wokum no wɔ Esiw*+ dan no mu wɔ ɔkwan a ɛkɔ Sila no so. 21  Simat ba Yosakar ne Somer ba Yehosabad a na wɔyɛ ne nkoa no na wokum no.+ Wosiee no kaa n’agyanom ho wɔ Dawid Kurow mu, na ne ba Amasia bedii n’ade.+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ɔkra sika.”
Anaa “wɔn amannifo.”
Anaa “apaapae.”
Anaa “de gu kotoku mu.” Nt., “kyekyere.”
Nt., “tuu n’ani sii Yerusalem so.”
Anaa “ahemfi.”
Anaa “Bet-Milo.”