Ahene Nhoma a Ɛto So Abien 13:1-25

  • Israel hene Yehoahas ahenni (1-9)

  • Israel hene Yehoas ahenni (10-13)

  • Elisa sɔɔ Yehoas hwɛe sɛ n’ani abere anaa (14-19)

  • Elisa wui; ne nnompe nyan ɔbarima bi (20, 21)

  • Elisa nkɔmhyɛ a etwa to baa mu (22-25)

13  Yuda hene Ahasia+ ba Yehoas+ ahenni afe a ɛto so 23 mu no, Yehu+ ba Yehoahas bedii Israel so hene wɔ Samaria mfe 17.  Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne; Nebat ba Yeroboam bɔne a ɔmaa Israel yɛe no,+ ɛno ara bi na ɔyɛe. Wantwe ne ho amfi ho.  Enti Yehowa bo fuw+ Israel paa,+ na wɔn nna nyinaa no, ɔde wɔn hyɛɛ Siria hene Hasael+ ne Hasael ba Ben-Hadad+ nsa.  Akyiri yi, Yehoahas su frɛɛ Yehowa,* na Yehowa tiee no; ohuu sɛnea Siria hene hyɛɛ Israel so.+  Enti Yehowa maa ogyefo bi begyee Israelfo+ fii Siriafo nsam, na Israelfo tenatenaa wɔn afi mu sɛ kan no.*  (Nanso bɔne a Yeroboam fifo yɛe a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne no+ de, wɔantwe wɔn ho amfi ho. Saa bɔne no ara bi na wɔyɛe;* wɔanyi abosonnua*+ no nso amfi Samaria.)  Nea na Yehoahas wɔ ara ne nnipa 50 a wɔtete apɔnkɔ so, nteaseɛnam 10, ne mmarima 10,000 a wɔnam fam, efisɛ na Siria hene ayɛ wɔn pasaa;+ ná wayɛ wɔn sɛ awiporowbea mfuturu.+  Yehoahas ho nsɛm a aka, nea ɔyɛe nyinaa ne ne nnwuma akɛse no, wɔakyerɛw wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu.  Yehoahas ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no wɔ Samaria,+ na ne ba Yehoas bedii n’ade. 10  Yuda hene Yehoas+ ahenni afe a ɛto so 37 mu no, Yehoahas ba Yehoas bedii Israel so hene wɔ Samaria mfe 16. 11  Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne. Bɔne a Nebat ba Yeroboam maa Israel yɛe no,+ wantwe ne ho amfi emu biara ho. Saa bɔne no ara bi na ɔyɛe.* 12  Yehoas ho nsɛm a aka, nea ɔyɛe nyinaa ne ne nnwuma akɛse, ne sɛnea ɔne Yuda hene Amasia koe+ no, wɔakyerɛw wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu. 13  Yehoas ne n’agyanom kɔdae, na Yeroboam*+ bɛtenaa n’agua so, na wosiee Yehoas wɔ Samaria kaa Israel ahemfo ho.+ 14  Bere a Elisa+ yare a ɔregye nna awu no, Israel hene Yehoas kɔɔ ne nkyɛn kosu guu no so, na ɔkae sɛ: “Me papa, me papa! Hwɛ, Israel ɔko teaseɛnam ne ne nkurɔfo a wɔtete apɔnkɔ so!”+ 15  Ɛnna Elisa ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa agyan ne mmɛmma bra.” Enti ɔfaa agyan ne mmɛmma kurae. 16  Afei ɔka kyerɛɛ Israel hene sɛ: “Ma agyan no so.” Ɛnna ɔmaa so, na Elisa nso soo ɔhene no nsa. 17  Afei ɔkae sɛ: “Bue mfɛnsere a ɛkyerɛ apuei fam no.” Na obuei. Ɛnna Elisa kae sɛ: “Tow agyan no!” Na ɔtowee. Afei ɔkae sɛ: “Yehowa nkonimdi* agyan ni; Siria so nkonimdi agyan ni! Wubedi Siria so nkonim* wɔ Afek+ akosi sɛ wubewie wɔn koraa.” 18  Ɔtoaa n’asɛm no so sɛ: “Sesaw mmɛmma no.” Ɛnna ɔsesawee. Afei ɔka kyerɛɛ Israel hene sɛ: “Fa bobɔ fam.” Ɛnna ɔde bɔɔ hɔ mprɛnsa na ogyaee. 19  Na nokware Nyankopɔn nipa no bo fuw no, na ɔkae sɛ: “Anka ɛsɛ sɛ wode bɔ hɔ mpɛn anum anaa asia! Ɛno de, anka wubedi Siria so nkonim awie wɔn koraa, nanso seesei wubedi Siria so nkonim mprɛnsa pɛ.”+ 20  Ɛno akyi no, Elisa wui na wosiee no. Afe no mfiase no,* na Moabfo asraafodɔm+ taa bɛtow hyɛ asaase no so. 21  Bere bi, na nkurɔfo rekosie ɔbarima bi, ɛnna wohui sɛ dɔm no bi reba. Ɛhɔ ara na wɔtow ɔbarima no too baabi a wosiee Elisa no, na woguanee. Bere a ɔbarima no amu kaa Elisa nnompe no, onyanee+ na ɔsɔre gyinaa ne nan so. 22  Yehoahas nna nyinaa mu no, Siria hene Hasael+ hyɛɛ Israel so.+ 23  Nanso apam a Yehowa ne Abraham,+ Isak,+ ne Yakob+ yɛe nti, ɔdom wɔn huu wɔn mmɔbɔ,+ na otwaa n’ani bɛhwɛɛ wɔn. Ná ɔmpɛ sɛ ɔsɛe wɔn; wantow wɔn ankyene besi nnɛ. 24  Bere a Siria hene Hasael wui no, ne ba Ben-Hadad bedii n’ade. 25  Nkurow a Hasael gye fii Yehoahas nkyɛn wɔ ɔko mu no, Yehoahas ba Yehoas san gye fii Ben-Hadad nsam. Yehoas dii no so nkonim* mprɛnsa,+ na ɔsan gyee Israel nkurow no.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “bɔɔ mmɔden sɛ obedwudwo Yehowa bo.”
Kyerɛ sɛ, na wɔte hɔ dwoodwoo na na wɔn asom dwo wɔn.
Nt., “Ɛno ara mu na wɔnantewee.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Abosonnua.”
Nt., “no ara mu na ɔnantewee.”
Kyerɛ sɛ, Yeroboam a ɔto so abien.
Anaa “nkwagye.”
Anaa “Wobɛbɔ Siria.”
Nt., “Afe no kɔ behyiae no,” ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ bere a nneɛma fefɛw.
Anaa “bobɔɔ no.”