Ahene Nhoma a Ɛto So Abien 14:1-29

  • Yuda hene Amasia ahenni (1-6)

  • Ɔne Edom koe, na ɔne Israel koe (7-14)

  • Israel hene Yehoas wui (15, 16)

  • Amasia wui (17-22)

  • Israel hene Yeroboam a ɔto so 2 (23-29)

14  Israel hene Yehoahas ba Yehoas+ ahenni afe a ɛto so abien mu no, Yuda hene Yehoas ba Amasia bedii hene.  Obedii hene no, na wadi mfe 25, na odii ade mfe 29 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Yehoadin, na na ofi Yerusalem.+  Ɔyɛɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa ani so, nanso wanto ne nana Dawid.+ Nea ne papa Yehoas yɛe no, ɛno ara bi na ɔno nso yɛe.+  Mmom sorɔnsorɔmmea* no de, ɛkaa hɔ.+ Ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔre na wɔhyew afɔrebɔde wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ.+  Bere a ahenni no yɛɛ den wɔ ne nsam ara pɛ na okunkum ne nkoa a wokum ne papa a na odi hene no.+  Awudifo no mma de, wankum wɔn, na ɔyɛɛ nea wɔakyerɛw wɔ Mose mmara nhoma no mu no. Ná Yehowa aka wom sɛ: “Munnkum agyanom esiane wɔn mma bɔne nti, na munnkum mma esiane wɔn agyanom bɔne nti; nea wayɛ bɔne no na ɛsɛ sɛ wokum no.”+  Okunkum Edomfo+ mmarima 10,000 wɔ Nkyene Bon+ no mu. Saa bere no ara nso na ɔko faa Sela,+ na wɔtoo hɔ din Yokteel, na saa na wɔafrɛ hɔ de besi nnɛ.  Ɛnna Amasia tuu abɔfo kɔɔ Israel hene Yehu ba Yehoahas ba Yehoas nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Bra ma yɛmfa mmɔ ani.”*+  Israel hene Yehoas nso de nkra kɔmaa Yuda hene Amasia sɛ: “Lebanon nsɔensɔe soma kɔka kyerɛɛ Lebanon sida dua sɛ, ‘Fa wo babea ma me babarima aware.’ Nanso, Lebanon wuram aboa bi a ɔretwam tiatiaa nsɔensɔe no so sɛee no pasaa. 10  Woaka Edom agu,+ enti wo koma ama ne ho so. Woanya anuonyam a fa na hwɛ so tena wo fi.* Adɛn nti na worebɛpɛ wo ho asɛm ahwe ase ama Yuda nso ahwe ase bi?” 11  Nanso Amasia antie.+ Enti Israel hene Yehoas kɔe, na ɔne Yuda hene Amasia de kɔbɔɔ ani wɔ Bet-Semes+ wɔ Yuda asaase so.+ 12  Yuda dii nkogu wɔ Israel anim maa obiara guan kɔɔ ne fi.* 13  Israel hene Yehoas kyeree Yuda hene Amasia a ɔyɛ Yehoas ba a ɔno nso yɛ Ahasia ba no wɔ Bet-Semes. Ɛnna ɔde no baa Yerusalem, na obebuu Yerusalem fasu no basafa 400* guu mu, efi Efraim Pon+ no ano kosi Ntwea So Pon+ no ano. 14  Ɔsesaw sika kɔkɔɔ ne dwetɛ ne nneɛma a ɛwɔ Yehowa fi nyinaa ne nea ɛwɔ ɔhene fi* akorae hɔ. Afei ɔfaa ebinom yɛɛ wɔn nkoa, na ɔsan kɔɔ Samaria. 15  Yehoas ho nsɛm a aka, nea ɔyɛe ne ne nnwuma akɛse ne sɛnea ɔne Yuda hene Amasia koe no, wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu. 16  Yehoas ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no wɔ Samaria+ kaa Israel ahemfo ho, na ne ba Yeroboam*+ bedii n’ade. 17  Israel hene Yehoahas+ ba Yehoas+ wu akyi no, Yuda hene Yehoas ba Amasia+ tenaa ase mfe 15 kaa ho. 18  Amasia ho nsɛm a aka no, wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ Yuda ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu. 19  Akyiri yi, nkurɔfo bɔɔ ne ho pɔw+ wɔ Yerusalem, enti oguan kɔɔ Lakis, nanso wɔmaa mmarima kotiw no wɔ Lakis kokum no wɔ hɔ. 20  Enti wɔde no too apɔnkɔ so besiee no wɔ Yerusalem kaa n’agyanom ho wɔ Dawid Kurow mu.+ 21  Ɛnna Yuda man no nyinaa faa Asaria*+ a wadi mfe 16+ no, na wosii no hene ma odii ne papa Amasia ade.+ 22  Ɔno na ɔsan kyekyee Elat+ ma ebedii Yuda nsam bio, bere a Ɔhene Amasia* ne n’agyanom kɔdae no.+ 23  Yuda hene Yehoas ba Amasia ahenni afe a ɛto so 15 mu no, Israel hene Yehoas ba Yeroboam+ bedii hene wɔ Samaria mfe 41. 24  Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne. Bɔne a Nebat ba Yeroboam maa Israel yɛe nyinaa,+ wantwe ne ho amfi ho. 25  Ɔhwɛ maa Israel ahye dedaa baabi a kan no na ɛwɔ, efi Lebo-Hamat*+ kosi ɛpo a ɛwɔ Araba+ no ano.* Ɛno maa asɛm a Yehowa, Israel Nyankopɔn nam n’akoa odiyifo Yona+ so kae no baa mu. Ná Yona yɛ Amitai ba, na na ofi Gat-Hefer.+ 26  Amanehunu pii a Israel faa mu no,+ Yehowa hui. Israelfo annya obiara a ɔbɛboa wɔn, onipahunu anaa nea wɔmfa no nyɛ hwee mpo wɔannya. 27  Nanso na Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔrempopa Israel din mfi ɔsoro ase.+ Enti ɔnam Yehoas ba Yeroboam nsa so gyee wɔn.+ 28  Yeroboam ho nsɛm a aka, nea ɔyɛe nyinaa ne ne nnwuma akɛse, sɛnea odii ako na ɔsan de Damasko+ ne Hamat+ maa Yuda wɔ Israel no, wɔakyerɛw wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu. 29  Yeroboam ne n’agyanom Israel ahemfo no kɔdae, na ne ba Sakaria+ bedii n’ade.

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “yɛnko.”
Anaa “w’ahemfi.”
Nt., “ntamadan mu.”
Ɛbɛyɛ mita 178 (anm. 584). Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “ahemfi.”
Kyerɛ sɛ, Yeroboam a ɔto so abien.
Ɛkyerɛ, “Yehowa Aboa Yɛn.” Wɔfrɛ no Usia wɔ 2Ah 15:13; 2Be 26:1-23; Yes 6:1; ne Sak 14:5.
Nt., “ɔhene no.”
Anaa “Hamat kwan ano.”
Kyerɛ sɛ, Nkyene Po, anaa Ɛpo a Awu.