Ahene Nhoma a Ɛto So Abien 15:1-38

  • Yuda hene Asaria ahenni (1-7)

  • Israel ahemfo a wotwa to: Sakaria (8-12), Salum (13-16), Menahem (17-22), Pekahia (23-26), Peka (27-31)

  • Yuda hene Yotam ahenni (32-38)

15  Israel hene Yeroboam* ahenni afe a ɛto so 27 mu no, Yuda hene Amasia+ ba Asaria*+ bedii hene.+  Obedii hene no, na wadi mfe 16, na odii ade mfe 52 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Yekolia, na na ofi Yerusalem.  Ɔyɛɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa ani so sɛnea ne papa Amasia yɛe no.+  Mmom sorɔnsorɔmmea* no de, ɛkaa hɔ.+ Ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔre na wɔhyew afɔrebɔde wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ.+  Yehowa maa ɔhene no yaree kwata+ kosii sɛ owui, na ɔtew ne ho kɔtenaa ofi bi mu.+ Ne ba Yotam+ na ɔhwɛɛ ahemfi* no so, na ɔno na obuu ɔman no mu nnipa atɛn.+  Asaria ho nsɛm a aka+ ne nea ɔyɛe nyinaa, wɔakyerɛw wɔ Yuda ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu.  Asaria ne n’agyanom kɔdae,+ na wosiee no kaa n’agyanom ho wɔ Dawid Kurow mu, na ne ba Yotam bedii n’ade.  Yuda hene Asaria+ ahenni afe a ɛto so 38 mu no, Yeroboam ba Sakaria+ bedii Israel so hene wɔ Samaria abosome asia.  Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛnea n’agyanom yɛe no. Bɔne a Nebat ba Yeroboam maa Israel yɛe no,+ wantwe ne ho amfi ho. 10  Ɛnna Yebes ba Salum bɔɔ ne ho pɔw, na okum no+ wɔ Yibleam,+ na obedii n’ade. 11  Sakaria ho nsɛm a aka no, wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu. 12  Ɛno maa Yehowa asɛm a ɔka kyerɛɛ Yehu no baa mu. Ɔkae sɛ: “W’asefo bɛtena Israel ahengua so+ akosi awo ntoatoaso anan so.”+ Na saa ara na ɛbae. 13  Yuda hene Usia+ ahenni afe a ɛto so 39 mu no, Yebes ba Salum bedii hene wɔ Samaria, na odii ade bosome baako. 14  Ɛnna Gadi ba Menahem fii Tirsa+ kɔɔ Samaria, na okokum Yebes ba Salum+ wɔ Samaria, na obedii n’ade. 15  Salum ho nsɛm a aka ne pɔw a ɔbɔe no, wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu. 16  Saa bere no na Menahem fi Tirsa kɔsɛee Tifsa ne nea ɛwom nyinaa ne ɛhɔ nsaase, efisɛ wɔammue wɔn pon amma no. Emu apemfo nso, ɔpaapaee wɔn nyinaa mu. 17  Yuda hene Asaria ahenni afe a ɛto so 39 mu no, Gadi ba Menahem bedii Israel so hene wɔ Samaria mfe du. 18  Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne. Ne nna nyinaa mu no, bɔne a Nebat ba Yeroboam maa Israel yɛe nyinaa,+ wantwe ne ho amfi ho. 19  Asiria hene Pul+ baa asaase no so. Enti Menahem maa Pul dwetɛ dwetikɛse* 1,000 sɛ ɔmmoa no mma n’ahenni no ntim.+ 20  Israelfo nkyɛn na Menahem nyaa dwetɛ no; ogyigye fii atitiriw a wɔyɛ adefo+ no hɔ. Ogyee obiara hɔ dwetɛ nnwetɛbona* 50 de maa Asiria hene. Ɛnna Asiria hene fii asaase no so kɔe. 21  Menahem+ ho nsɛm a aka ne nea ɔyɛe nyinaa, wɔakyerɛw wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu. 22  Menahem ne n’agyanom kɔdae, na ne ba Pekahia bedii n’ade. 23  Yuda hene Asaria ahenni afe a ɛto so 50 mu no, Menahem ba Pekahia bedii Israel so hene wɔ Samaria mfe abien. 24  Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne. Bɔne a Nebat ba Yeroboam maa Israel yɛe no,+ wantwe ne ho amfi ho. 25  Na ne boafo Remalia ba Peka+ bɔɔ ne ho pɔw, na ɔne Argob ne Arie kum no wɔ ɔhene fi* abantenten no mu wɔ Samaria. Ná Gileadfo mmarima 50 ka ne ho, na bere a okum no no, obedii n’ade. 26  Pekahia ho nsɛm a aka ne nea ɔyɛe nyinaa, wɔakyerɛw wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu. 27  Yuda hene Asaria ahenni afe a ɛto so 52 mu no, Remalia ba Peka+ bedii Israel so hene wɔ Samaria mfe 20. 28  Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne. Bɔne a Nebat ba Yeroboam maa Israel yɛe no,+ wantwe ne ho amfi ho. 29  Israel hene Peka bere so no, Asiria hene Tiglat-Pilesa+ bɛko faa Eyon, Abel-Bet-Maaka,+ Yanoa, Kedes,+ Hasor, Gilead,+ ne Galilea, kyerɛ sɛ, Naftali+ asaase nyinaa, na ɔsoaa emu nnipa kɔɔ Asiria.+ 30  Ɛnna Ela ba Hosea+ bɔɔ Remalia ba Peka ho pɔw, na okum no, na obedii n’ade wɔ Usia ba Yotam+ ahenni afe a ɛto so 20 mu. 31  Peka ho nsɛm a aka ne nea ɔyɛe nyinaa, wɔakyerɛw wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu. 32  Israel hene Remalia ba Peka ahenni afe a ɛto so abien mu no, Yuda hene Usia+ ba Yotam+ bedii hene. 33  Obedii ade no, na wadi mfe 25, na odii hene mfe 16 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Yerusa, na na ɔyɛ Sadok babea.+ 34  Ɔyɛɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa ani so sɛnea ne papa Usia yɛe no.+ 35  Mmom sorɔnsorɔmmea no de, ɛkaa hɔ. Ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔre na wɔhyew afɔrebɔde wɔ sorɔnsorɔmmea+ hɔ. Ɔno na osii atifi pon a ɛwɔ Yehowa fi no.+ 36  Yotam ho nsɛm a aka ne nea ɔyɛe no, wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ Yuda ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu. 37  Saa bere no, Yehowa maa Siria hene Resin ne Remalia ba Peka+ kɔɔ Yuda so.+ 38  Yotam ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no kaa n’agyanom ho wɔ ne nana Dawid Kurow mu, na ne ba Ahas bedii n’ade.

Ase Hɔ Nsɛm

Ɛkyerɛ, “Yehowa Aboa Yɛn.” Wɔfrɛ no Usia wɔ 2Ah 15:13; 2Be 26:1-23; Yes 6:1; ne Sak 14:5.
Kyerɛ sɛ, Yeroboam a ɔto so abien.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ofi.”
Dwetikɛse baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.
Dwetɛbona baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “ahemfi.”