Ahene Nhoma a Ɛto So Abien 16:1-20

  • Yuda hene Ahas ahenni (1-6)

  • Ahas kotuaa adanmude maa Asiriafo (7-9)

  • Ahas hwɛɛ abosonsomfo afɔremuka so yɛɛ bi (10-18)

  • Ahas wui (19, 20)

16  Remalia ba Peka ahenni afe a ɛto so 17 mu no, Yuda hene Yotam ba Ahas+ bedii hene.  Ahas bedii hene no, na wadi mfe 20, na odii ade mfe 16 wɔ Yerusalem. Wanyɛ nea ɛteɛ wɔ ne Nyankopɔn Yehowa ani so sɛnea ne nana Dawid yɛe no.+  Israel ahemfo akwan so na ɔfae.+ Afei nso, ɔhyew n’ankasa ba mpo wɔ ogya mu;*+ enti akyiwade a amanaman a Yehowa pam wɔn fii Israelfo anim yɛe no,+ ɛno ara bi na ɔyɛe.  Ɔsan bobɔɔ afɔre na ɔhyew afɔrebɔde wɔ sorɔnsorɔmmea,*+ nkoko so, ne nnua kusuu nyinaa bi ase.+  Saa bere no mu na Siria hene Resin ne Remalia ba Peka a ɔyɛ Israel hene no bae sɛ wɔne Yerusalem rebɛko,+ na wɔkaa Ahas hyɛɛ mu, nanso wɔantumi amfa kurow no.  Saa bere no ara nso na Siria hene Resin san gyee Elat+ maa Edomfo, na ɔpam Yudafo no fii Elat maa Edomfo no kɔɔ hɔ, na wɔatena hɔ abesi nnɛ.  Enti Ahas tuu abɔfo kɔɔ Asiria hene Tiglat-Pilesa+ nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Meyɛ w’akoa ne wo ba, enti bra begye me fi Siria hene ne Israel hene nsam, efisɛ wɔne me reko.”  Ɛnna Ahas sesaw dwetɛ ne sika kɔkɔɔ a ɛwɔ Yehowa fi ne ahemfi* akorae no, na ɔde kotuaa adanmude* maa Asiria hene.+  Na Asiria hene tiee no, na ɔkɔɔ Damasko kɔko fae; ɔkyeree emu nnipa kɔɔ Kir,+ na okum Resin.+ 10  Ɛnna Ɔhene Ahas kohyiaa Asiria hene Tiglat-Pilesa wɔ Damasko. Bere a Ɔhene Ahas huu afɔremuka a ɛwɔ Damasko no, ɔsoma ma wɔde afɔremuka no nsusuwso kɔmaa ɔsɔfo Uriya de kyerɛɛ no ɔkwan a wɔfaa so yɛɛ afɔremuka no.+ 11  Afɔremuka no ho akwankyerɛ a Ɔhene Ahas de ho nkra fi Damasko brɛɛ ɔsɔfo Uriya+ no, odii akyi pɛpɛɛpɛ sii afɔremuka.+ Ɔsɔfo Uriya wiei ansa na Ɔhene Ahas refi Damasko aba. 12  Bere a ɔhene no fi Damasko bae a ohuu afɔremuka no, ɔkɔɔ afɔremuka no anim kɔbɔɔ afɔre wɔ so.+ 13  Na ɔtoaa so bɔɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre wɔ afɔremuka no so; ohwiee afɔrebɔ nsa guu so, na ɔpetee asomdwoe afɔre mogya nso wɔ so. 14  Afei kɔbere afɔremuka+ a esi Yehowa anim wɔ ofi no anim no, oyi fii n’afɔremuka no ne Yehowa fi no ntam, na ɔde besii n’afɔremuka no nkyɛn wɔ atifi fam. 15  Ɔhene Ahas ka kyerɛɛ ɔsɔfo Uriya+ sɛ: “Anɔpa ɔhyew afɔre, anwummere aduan afɔre,+ ɔhene ɔhyew afɔre, ɔhene aduan afɔre, ne ɔman no nyinaa ɔhyew afɔre, wɔn aduan afɔre, ne wɔn nsã afɔre no, bɔ ne nyinaa wɔ afɔremuka kɛse no so.+ Ɔhyew afɔre ho mogya ne afɔre a aka no ho mogya nyinaa nso, fa pete so. Kɔbere afɔremuka no de, mɛhwɛ nea mede bɛyɛ.” 16  Na ɔsɔfo Uriya yɛɛ nea Ɔhene Ahas ka kyerɛɛ no no nyinaa.+ 17  Bio nso, trɔk a wɔde twe nsu no ho nhyehyem ntraantraa no, Ɔhene Ahas twitwaa mu+ asinasin, na oyiyii asɛn no fii so.+ Ɛpo a esi kɔbere anantwi so no, oyi fii wɔn so,+ na ɔde sii fam wɔ abo nsɛwee so.+ 18  Nea wɔde akuru Homeda abrannaa no so no, oyi fii hɔ, na ɔkwan a efi ahemfi kɔ Yehowa fi hɔ nso, osiw no. Ne nyinaa Asiria hene nti na ɔyɛɛ saa. 19  Ahas ho nsɛm a aka ne nea ɔyɛe no, wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ Yuda ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu.+ 20  Ahas ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no kaa n’agyanom ho wɔ Dawid Kurow mu, na ne ba Hesekia*+ bedii n’ade.

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “ɔmaa n’ankasa ba mpo faa ogya mu.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ɔhene fi.”
Anaa “braeb.”
Ɛkyerɛ, “Yehowa Na Ɔma Ahoɔden.”