Ahene Nhoma a Ɛto So Abien 17:1-41

  • Israel hene Hosea ahenni (1-4)

  • Israel ahenni baa awiei (5, 6)

  • Israelfo som anyame foforo, enti wotuu wɔn fii wɔn asaase so (7-23)

  • Wɔde ahɔho bɛtenatenaa Samaria nkurow mu (24-26)

  • Samariafo som bɛyɛɛ afrafra som (27-41)

17  Yuda hene Ahas ahenni afe a ɛto so 12 mu no, Ela ba Hosea+ bedii Israel so hene wɔ Samaria mfe akron.  Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne, na mmom anto Israel ahemfo a wodii no kan no.  Asiria hene Salmaneser baa no so,+ na Hosea bɛyɛɛ n’akoa a otua tow ma no.+  Nanso Asiria hene hui sɛ Hosea pɛ sɛ ɔtew atua, efisɛ ɔsomaa abɔfo kɔɔ Egypt hene a wɔfrɛ no So nkyɛn,+ na tow a mfe bi a atwam no na otua ma Asiria hene no nso, wantua. Enti Asiria hene kyekyeree no too afiase.  Asiria hene de dɔm baa asaase no so, na ɔbaa Samaria betwaa ho hyiae mfe abiɛsa.  Hosea ahenni afe a ɛto so akron mu no, Asiria hene kɔko faa Samaria.+ Afei ɔsoaa Israelfo kɔɔ+ Asiria, na ɔde wɔn kɔtenatenaa Hala ne Habor wɔ Asubɔnten Gosan+ ho ne Mediafo nkurow mu.+  Nea ɛma ɛbaa saa ne sɛ, Yehowa wɔn Nyankopɔn a oyii Israelfo fii Egypt asaase so wɔ Egypt hene Farao nsam+ no, wɔyɛɛ bɔne tiaa no, na wɔkɔsom* anyame foforo;+  Amanaman a Yehowa pam wɔn fii Israelfo anim no amammerɛ na wodii so, na Israel ahemfo amammerɛ a wɔn ankasa hyehyɛe na wodii so.  Israelfo yɛɛ Yehowa wɔn Nyankopɔn ani so bɔne. Wosisii sorɔnsorɔmmea* wɔ wɔn nkurow nyinaa mu,+ efi awɛmfo aban so kosi nkurow a wɔabɔ ho ban so.* 10  Wosisii abosom adum ne abosonnua*+ wɔ nkoko atenten so ne nnua kusuu nyinaa bi ase;+ 11  wɔkɔɔ so hyew afɔrebɔde wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ te sɛ amanaman a Yehowa tuu wɔn ase fii hɔ no.+ Wɔyɛɛ nneɛma bɔne de hyɛɛ Yehowa abufuw. 12  Wɔkɔɔ so som abosom fĩ,*+ nanso na Yehowa aka akyerɛ wɔn sɛ: “Monnyɛ saa!”+ 13  Yehowa nam n’adiyifo ne adehufo no nyinaa so+ bɔɔ Israel ne Yuda kɔkɔ sɛ: “Montwe mo ho mfi mo akwammɔne ho!+ Afei me mmara nsɛm, m’ahyɛde, ne mmara a mede maa mo agyanom na menam me nkoa a wɔyɛ adiyifo no so de brɛɛ mo no nyinaa, munni so.” 14  Nanso wɔantie, na wɔyɛɛ asoɔden* te sɛ wɔn agyanom a wɔannye Yehowa wɔn Nyankopɔn anni no.+ 15  Wɔpoo n’ahyɛde ne apam+ a ɔne wɔn agyanom yɛe ne ne nkaesɛm a ɔde bɔɔ wɔn kɔkɔ no,+ na wokodii abosonhunu akyi,+ na wɔn nso bɛyɛɛ nnipahunu,+ na aman a atwa wɔn ho ahyia a Yehowa kae sɛ mma wɔnnyɛ sɛ wɔn no, wɔn na wosuasuaa wɔn.+ 16  Wogyaw Yehowa wɔn Nyankopɔn ahyɛde nyinaa, na wɔde dade yɛɛ nantwi mma ahoni* abien,+ wɔyɛɛ ɔbosom dua,*+ wɔkotow ɔsoro asafo nyinaa,+ na wɔsom Baal.+ 17  Afei nso, wɔhyew wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmea wɔ ogya mu,*+ na wɔhyehyɛɛ abosonkɔm+ kɔɔ abisa, na wosii wɔn bo* sɛ wɔbɛyɛ Yehowa ani so bɔne de ahyɛ no abufuw. 18  Enti Yehowa bo fuw Israel paa, na ɔpoo wɔn koraa.+ Wamma obiara anka asaase no so, gye Yuda abusuakuw no nkutoo. 19  Yuda mpo anni Yehowa wɔn Nyankopɔn mmara nsɛm so,+ na mmom Israel ahemfo amammerɛ na wɔn nso dii so.+ 20  Yehowa poo Israel asefo nyinaa, na oguu wɔn anim ase de wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa ma wɔfom wɔn nneɛma kosii sɛ ɔpoo wɔn koraa. 21  Ɔtew Israel fii Dawid fi ho, na wosii Nebat ba Yeroboam hene.+ Nanso Yeroboam twee Israel fii Yehowa ho, na ɔma wɔyɛɛ bɔne kɛse. 22  Na bɔne a Yeroboam yɛe no, ɛno ara bi na Israelfo nso yɛe.+ Wɔantwe wɔn ho amfi ho, 23  kosii sɛ Yehowa poo Israel, sɛnea ɔnam ne nkoa adiyifo no nyinaa so kae no.+ Enti wotuu Israelfo fii wɔn asaase so kɔɔ Asiria,+ na wɔatena hɔ de abesi nnɛ. 24  Ɛnna Asiria hene de nnipa fi Babilon ne Kuta ne Awa ne Hamat ne Sefarwayim+ bɛtenatenaa Samaria nkurow mu, na wobesii Israelfo ananmu; wɔfaa Samaria nkurow tenatenaa mu. 25  Bere a wɔbɛtenaa hɔ no, na wɔnsom* Yehowa. Enti Yehowa maa agyata baa wɔn mu+ bekunkum wɔn mu binom. 26  Nkurɔfo kɔbɔɔ Asiria hene amanneɛ sɛ: “Amanaman a wode wɔn akogu Samaria nkurow mu no, esiane sɛ wonnim sɛnea wɔsom asaase no Nyame nti, ɔma agyata ba wɔn mu bekunkum wɔn, efisɛ obiara nnim sɛnea wɔsom asaase no Nyame.” 27  Ɛnna Asiria hene kae sɛ: “Momfa asɔfo a mofaa wɔn fii hɔ kɔe no baako nkɔ hɔ, na ɔnkɔtena hɔ nkyerɛ wɔn sɛnea wɔsom asaase no Nyame.” 28  Enti asɔfo a wɔde wɔn fii Samaria kɔe no, wɔmaa baako kɔɔ hɔ, na ɔkɔtenaa Betel+ kyerɛɛ wɔn sɛnea wɔbɛsom* Yehowa.+ 29  Nanso amanaman no biara yɛɛ ne nyame,* na wɔde sisii sorɔnsorɔmmea hɔ adan a Samariafo sisii no mu. Ɔman biara yɛɛ ne de wɔ kurow a wɔte mu no mu. 30  Babilonfo yɛɛ Sakot-Benot, Kutfo yɛɛ Nergal, na Hamatfo+ nso yɛɛ Asima. 31  Awafo yɛɛ Nibhas ne Tartak, na Sefarwayimfo hyew wɔn mma wɔ ogya mu maa Sefarwayimfo+ anyame Adramelek ne Anamelek. 32  Wosuroo Yehowa de, nanso na wotumi de obiara a ɔwɔ ɔman no mu yɛ ɔsɔfo wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ ma odi wɔn anim som wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ adan no mu.+ 33  Ná wosuro Yehowa de, nanso wɔn ankasa anyame na wɔsom wɔn, sɛnea amanaman a woyii wɔn fii wɔn mu baa hɔ no som te.+ 34  Ɛnnɛ yi nyinaa, wɔda so ara som te sɛ kan no. Wɔn mu biara nsom* Yehowa, na n’ahyɛde, n’atemmusɛm, Mmara no, ne mmara nsɛm a Yehowa de maa Yakob, a wɔsesaa ne din frɛɛ no Israel no,+ ne mma no mu biara nni so. 35  Bere a Yehowa ne wɔn yɛɛ apam no,+ ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ na moansuro anyame foforo, monnkotow wɔn, monnsom wɔn, na mommmɔ afɔre mmma wɔn.+ 36  Na mmom Yehowa a ɔde tumi kɛse ne basa a wateɛ mu yii mo fii Egypt no,+ ɔno na monsom* no,+ na ɔno na monkotow no na mommɔ afɔre mma no. 37  Na ahyɛde, atemmusɛm, Mmara no, ne mmara nsɛm a ɔkyerɛw maa mo no,+ monhwɛ nni so daa, na monnsom* anyame foforo. 38  Apam a me ne mo ayɛ no nso mommma mo werɛ mmfi,+ na monnsom* anyame foforo. 39  Yehowa mo Nyankopɔn mmom na monsom* no, efisɛ ɔno na obegye mo afi mo atamfo nyinaa nsam.” 40  Nanso wɔantie, na mmom wɔkɔɔ so somee te sɛ kan no.+ 41  Enti amanaman yi suroo Yehowa de,+ nanso na wɔsan som wɔn ahoni. Wɔn mma ne wɔn mmanana nso, sɛnea wɔn agyanom yɛe no, saa ara na wɔn nso ayɛ de besi nnɛ.

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “wosuroo.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Kyerɛ sɛ, baabiara, mmeae a nnipa pii nni hɔ ne mmeae a nnipa ayɛ hɔ ma nyinaa.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ebetumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtiaa.
Anaa “wosen wɔn kɔn.”
Anaa “na woguu nantwi mma ahoni.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Abosonnua.”
Nt., “wɔmaa wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmea faa ogya mu.”
Nt., “wɔtɔn wɔn ho.”
Nt., “wonsuro.”
Nt., “wobesuro.”
Anaa “yɛɛ anyame.”
Nt., “nsuro.”
Anaa “munsuro.”
Anaa “munnsuro.”
Anaa “munnsuro.”
Anaa “munsuro.”