Ahene Nhoma a Ɛto So Abien 18:1-37

  • Yuda hene Hesekia ahenni (1-8)

  • Sɛnea Israel ahenni no baa awiei (9-12)

  • Senaherib bɛtow hyɛɛ Yuda so (13-18)

  • Rabsake buu Yehowa animtiaa (19-37)

18  Israel hene Ela ba Hosea+ ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu no, Yuda hene Ahas+ ba Hesekia+ bedii hene.  Obedii hene no, na wadi mfe 25, na odii ade mfe 29 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Abi,* na na ɔyɛ Sakaria ba.+  Ɔyɛɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa ani so+ sɛnea ne nana Dawid yɛe no.+  Ɔno na oyiyii sorɔnsorɔmmea* no+ bubuu abosom adum no pasaa, na otwitwaa ɔbosom dua* no gui.+ Kɔbere ɔwɔ a Mose yɛe no+ nso, obubuu no pasaa, efisɛ ɛde besi saa bere no, na Israelfo no hyew afɔrebɔde wɔ anim, na na wɔfrɛ no kɔbere ɔwɔ honi.*  Ɔde ne ho too Yehowa, Israel Nyankopɔn so.+ Yuda ahemfo a wodii no kan ne wɔn a wɔbae wɔ n’akyi no, na obiara nte sɛ ɔno.  Ɔbataa Yehowa ho.+ Wamfi n’akyi; ɔkɔɔ so dii Yehowa mmara nsɛm a ɔde maa Mose no so.  Na Yehowa dii n’akyi. Biribiara a ɔyɛe no, ɔde nyansa na ɛyɛe. Ɔtew Asiria hene so atua, na wansom no.+  Afei nso, okunkum Filistifo+ koduu Gasa ne n’ahye so, efi awɛmfo aban so kosi nkurow a wɔabɔ ho ban so.*  Ɔhene Hesekia ahenni afe a ɛto so anan no, na ɛyɛ Israel hene Ela ba Hosea+ ahenni afe a ɛto so ason. Saa bere no, Asiria hene Salmaneser baa Samaria so betwaa ho hyiae.+ 10  Mfe abiɛsa akyi no, Asiriafo no dii so nkonim.+ Hesekia ahenni afe a ɛto so asia a ɛyɛ Israel hene Hosea ahenni afe a ɛto so akron mu na wodii Samaria so nkonim. 11  Ɛnna Asiria hene soaa Israelfo kɔɔ+ Asiria, na ɔde wɔn kɔtenatenaa Hala ne Habor wɔ Asubɔnten Gosan ho ne Mediafo nkurow mu.+ 12  Nea enti a ɛbaa saa ne sɛ, wɔantie Yehowa wɔn Nyankopɔn nne, na mmom wobuu n’apam so. Nea Yehowa akoa Mose ka kyerɛɛ wɔn no nyinaa,+ wɔantie na wɔanyɛ. 13  Ɔhene Hesekia ahenni afe a ɛto so 14 mu no, Asiria hene Senaherib+ foro bae bɛtow hyɛɛ Yuda nkurow a wɔabɔ ho ban nyinaa so, na ɔfae.+ 14  Afei Yuda hene Hesekia soma kɔɔ Asiria hene nkyɛn wɔ Lakis sɛ: “Manyɛ no yiye. San kɔ, na ɛbo a wubetwa ama me biara, metua.” Enti Asiria hene kae sɛ Yuda hene Hesekia ntua dwetɛ dwetikɛse* 300 ne sika kɔkɔɔ dwetikɛse 30. 15  Ɛnna Hesekia de dwetɛ a ɛwɔ Yehowa fi ne ɔhene fi* akorade mu no nyinaa maa no.+ 16  Saa bere no, Hesekia tutuu* Yehowa asɔrefi no apon+ ne apongua a Yuda hene Hesekia ankasa de sika kɔkɔɔ faa ho no,+ na ɔde maa Asiria hene. 17  Na Asiria hene somaa Tartan,* Rabsaris,* ne Rabsake* fii Lakis+ de asraafodɔm kɛse kaa wɔn ho sɛ wɔnkɔ Ɔhene Hesekia nkyɛn wɔ Yerusalem.+ Wɔforo kɔɔ Yerusalem, na wɔkɔe no, baabi a atifi fam ɔtare no mu nsu nam no, ɛhɔ na wokogyinae wɔ ɔkwantempɔn a ɛkɔ ntamasifo asaase so no so.+ 18  Bere a wɔfrɛɛ ɔhene no sɛ ompue mmra no, Hilkia ba Eliakim+ a ofi* no hyɛ ne nsa, ne Sebna+ a ɔyɛ ɔkyerɛwfo, ne Asaf ba Yoa a ɔyɛ ɔhene krakye na wobehyiaa wɔn. 19  Ɛnna Rabsake ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mesrɛ mo, monkɔka nkyerɛ Hesekia sɛ, ‘Nea ɔhenkɛse, Asiria hene, aka ni: “Dɛn koraa na wode wo ho ato so yi?+ 20  Woka sɛ, ‘Mewɔ nyansa ne ahoɔden a metumi de ako,’ nanso ne nyinaa yɛ nsɛnhunu ara kwa. Hena koraa na wode wo ho ato no so a enti woayɛ aniammɔnho atew atua atia me yi?+ 21  Hwɛ! Egypt na wode wo ho ato no so, demmire* a emu abu a sɛ onipa tweri a ɛbɛwɔ ne nsam apue yi!+ Saa na Egypt hene Farao te ma wɔn a wɔde wɔn ho ato no so nyinaa. 22  Na sɛ moka kyerɛ me sɛ, ‘Yehowa, yɛn Nyankopɔn na yɛde yɛn ho ato no so’+ a, ɛnyɛ ɔno ara na Hesekia atutu ne sorɔnsorɔmmea ne n’afɔremuka+ na waka akyerɛ Yuda ne Yerusalem sɛ: ‘Afɔremuka yi anim na monkotow no wɔ Yerusalem’ no?”’+ 23  Afei wopɛ a, wo ne me wura Asiria hene nto nkyia: Mɛma wo apɔnkɔ 2,000, na hwɛ sɛ wubetumi anya mmarima atenatena wɔn so anaa.+ 24  Na sɛ nteaseɛnam ne nnipa a wɔbɛtenatena apɔnkɔ so nti na wode wo ho ato Egypt so a, ɛnde wobɛyɛ dɛn atumi ako atia amrado baako a ɔyɛ me wura nkoa no mu akumaa koraa? 25  Wugye di sɛ Yehowa amma me kwan a anka mɛforo aba sɛ merebɛsɛe ha? Yehowa ankasa na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Foro kɔ asaase yi so kɔsɛe no.’” 26  Ɛnna Hilkia ba Eliakim ne Sebna+ ne Yoa ka kyerɛɛ Rabsake+ sɛ: “Yɛsrɛ wo, wo ne wo nkoa nka Aram kasa,*+ na yɛte; wo ne yɛn nnka Yudafo kasa mmma nkurɔfo a wɔwɔ ɔfasu no so no nnte.”+ 27  Nanso Rabsake ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mugye di sɛ mo wura ne mo nko ara nti na me wura somaa me sɛ memmɛka nsɛm yi anaa? Wɔn a wɔtete ɔfasu no so no nka ho bi anaa? Wɔn na wobedi wɔn ankasa tiafi na wɔanom wɔn ankasa dwensɔ te sɛ mo ara.” 28  Afei Rabsake gyinaa yiye, na ɔde nne kɛse teɛɛm wɔ Yudafo kasa mu sɛ: “Muntie ɔhenkɛse, Asiria hene no asɛm.+ 29  Nea ɔhene aka ni, ‘Mommma Hesekia nnnaadaa mo, na ɔrentumi nnye mo mfi me nsam.+ 30  Munnni Hesekia akyi mmfa mo ho nnto Yehowa so nnka sɛ: “Sɛnea ɛte biara Yehowa begye yɛn, na ɔremfa kurow yi nhyɛ Asiria hene nsa.”+ 31  Munntie Hesekia, na Asiria hene aka sɛ: “Mungow mo ho mma me na mommra me nkyɛn,* na obiara bedi n’ankasa bobe ne ne borɔdɔma, na wanom n’ankasa abura mu nsu 32  kosi sɛ mɛba abɛfa mo akɔ asaase a ɛte sɛ mo ankasa mo asaase so,+ asaase a hwiit* ne bobesa foforo wɔ so, asaase a aduan* ne bobefuw* wɔ so, asaase a ngodua ne ɛwo wɔ so. Ɛno bɛma moatena nkwa mu, na moanwuwu. Munntie Hesekia efisɛ sɛ ɔka sɛ, ‘Yehowa begye yɛn’ a, na ɔredaadaa mo. 33  Amanaman no anyame no bi atumi agye ne nkurɔfo afi Asiria hene nsam pɛn? 34  Hamat+ ne Arpad anyame no wɔ he? Sefarwayim,+ Hena, ne Iwa anyame no nso wɔ he? Wɔatumi agye Samaria afi me nsam anaa?+ 35  Aman yi anyame nyinaa mu hena na watumi agye ne man afi me nsam a enti Yehowa betumi agye Yerusalem afi me nsam?”’”+ 36  Nanso nkurɔfo no yɛɛ komm na wɔamma no mmuae biara, efisɛ na ɔhene aka sɛ: “Mummmua no.”+ 37  Ɛnna Hilkia ba Eliakim a ofi* no hyɛ ne nsa, ne Sebna a ɔyɛ ɔkyerɛwfo, ne Asaf ba Yoa a ɔyɛ ɔhene krakye no sunsuan wɔn ntaade mu kɔɔ Hesekia nkyɛn, na wɔkaa Rabsake nsɛm no kyerɛɛ no.

Ase Hɔ Nsɛm

Ɛyɛ edin Abia a wɔatwa no tiaa.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Abosonnua.”
Anaa “wɔfrɛ no Nehustan.”
Kyerɛ sɛ, baabiara, mmeae a nnipa pii nni hɔ ne mmeae a nnipa ayɛ hɔ ma nyinaa.
Dwetikɛse baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “ahemfi.”
Nt., “twitwaa.”
Anaa “nsahyɛfo panyin.”
Anaa “ahemfi panyin paa.”
Anaa “ɔsahene.”
Anaa “ahemfi.”
Ɛyɛ afifide bi a ɛwɔ nsu ho.
Anaa “Siria kasa.”
Nt., “Mo ne me nyɛ nhyira na mommra me nkyɛn.”
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Nt., “paanoo.”
Anaa “bobeturo.”
Anaa “ahemfi.”