Ahene Nhoma a Ɛto So Abien 19:1-37

  • Hesekia soma kɔɔ Yesaia hɔ kobisaa Onyankopɔn hɔ mmoa (1-7)

  • Senaherib hunahunaa Yerusalemfo (8-13)

  • Hesekia mpaebɔ (14-19)

  • Onyankopɔn nam Yesaia so maa no mmuae (20-34)

  • Ɔbɔfo baako kunkum Asiriafo 185,000 (35-37)

19  Bere a Ɔhene Hesekia tee asɛm no pɛ, osuan n’ataade mu, na ofuraa awerɛhow ntama* kɔɔ Yehowa fi hɔ.+  Afei ɔsomaa Eliakim a ofi* no hyɛ ne nsa, ne ɔkyerɛwfo Sebna ne asɔfo no mu mpanyimfo no kɔɔ Amus ba odiyifo Yesaia nkyɛn,+ na na wofurafura awerɛhow ntama.  Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nea Hesekia aka ni, ‘Ɛnnɛ yɛ ahokyere ne animka* ne animguase da; efisɛ yɛayɛ sɛ ɔbea a awo aka no* nanso onni ahoɔden a ɔde bɛwo.+  Ebia Yehowa, wo Nyankopɔn bɛte nsɛm a Rabsake aka no nyinaa; ɔno na ne wura Asiria hene asoma no sɛ ommebu Onyankopɔn teasefo no animtiaa.+ Na nsɛm a Yehowa, wo Nyankopɔn ate no nti, ɔbɛma wabu ho akontaa. Ɛno nti, bɔ mpae+ ma wɔn a wɔaka a wɔwɔ ha no.’”  Enti Ɔhene Hesekia nkoa no kɔɔ Yesaia nkyɛn.+  Na Yesaia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔka nkyerɛ mo wura sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Mma nsɛm a wotee no mmmɔ wo hu,+ abususɛm a Asiria hene nkoa aka atia me no.+  Mede adwene bi bɛhyɛ ne tirim,* na ɔbɛte amanneɛbɔ bi, na wasan akɔ n’ankasa asaase so; na mɛma wɔde sekan akum no wɔ n’ankasa asaase so.”’”+  Bere a Rabsake tee sɛ Asiria hene afi Lakis+ no, ɔkɔɔ ne nkyɛn, na ɔkɔtoe sɛ ɔne Libna reko.+  Afei ɔhene no tee sɛ Etiopia hene Tirhaka aba sɛ ɔne no rebɛko. Enti ɔsan somaa nnipa bi+ sɛ wɔnkɔ Hesekia nkyɛn. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: 10  “Monkɔka nkyerɛ Yuda hene Hesekia sɛ, ‘Mma wo Nyankopɔn a wode wo ho ato no so no nnnaadaa wo sɛ: “Wɔremfa Yerusalem nhyɛ Asiria hene nsa.”+ 11  Nea Asiria ahemfo de yɛɛ nsaase no nyinaa ne sɛnea wɔsɛee wɔn pasaa no, woate dedaw.+ Wo na wubenya wo ti adidi mu anaa? 12  Aman a m’agyanom sɛee wɔn no anyame tumi gyee wɔn anaa? Ɛhe na Gosan, Haran,+ Resef, ne Edenfo a na wɔwɔ Tel-Asar no wɔ? 13  Ɛhe na Hamat hene ne Arpad hene ne Sefarwayim ne Hena ne Iwa nkurow so ahemfo no wɔ?’”+ 14  Ɛnna Hesekia gyee nhoma no fii nkurɔfo a wɔsomaa wɔn no nsam kenkanee, na Hesekia kɔɔ Yehowa fi kɔtrɛw mu wɔ Yehowa anim.+ 15  Na Hesekia bɔɔ mpae+ wɔ Yehowa anim sɛ: “O Yehowa, Israel Nyankopɔn a wote kerubim so,*+ wo nko ara ne nokware Nyankopɔn wɔ asaase so ahenni nyinaa so.+ Wo na woyɛɛ ɔsoro ne asaase. 16  O Yehowa, yɛ aso na tie!+ O Yehowa, bue w’aniwa na hwɛ!+ Tie nsɛm a Senaherib asoma sɛ wɔmfa mmebu Onyankopɔn teasefo no animtiaa. 17  O Yehowa, ɛyɛ nokware sɛ Asiria ahemfo asɛe amanaman ne wɔn nsaase.+ 18  Afei nso, wɔatow wɔn anyame agu ogya mu, efisɛ wɔnyɛ anyame,+ na mmom nnipa nsa ano adwuma,+ nnua ne abo; ɛno nti na wotumi sɛee wɔn no. 19  Enti afei, O Yehowa, yɛn Nyankopɔn, yɛsrɛ wo, gye yɛn fi ne nsam na asaase so ahenni nyinaa nhu sɛ wo, Yehowa, wo nko ara ne Onyankopɔn.”+ 20  Na Amus ba Yesaia soma kɔka kyerɛɛ Hesekia sɛ: “Nea Israel Nyankopɔn Yehowa aka ni, ‘Asiria hene Senaherib+ ho mpae a wobɔɔ me no, mate.+ 21  Yehowa asɛm a waka atia no ni: “Sion babea, ɔbaabun no, abu wo animtiaa, na wo ho yɛ no serew. Yerusalem babea no awosow ne ti akyerɛ wo. 22  Hena na woabu no animtiaa aka abususɛm atia no yi?+ Hena na woateɛteɛm agu no so+Na woama w’ani atra w’ani ntɔn wɔ ne so yi? Ɛyɛ Israel Kronkronni no!+ 23  Wonam w’abɔfo so+ abu Yehowa animtiaa+ aka sɛ,‘Ɔko nteaseɛnam bebree a mewɔ no,Mede bɛforo akɔ mmepɔw atifi,Lebanon akyirikyiri. Metwitwa sida nnua atenten ne ɔpopaw nnua fɛfɛ a ɛwɔ hɔ no agu. Mɛkɔ mmeae a ɛwɔ akyirikyiri, ne ne kwaebirentuw mu. 24  Metutu mmura na manom amannɔne nsu;Mede me nan* bɛma Egypt nsubɔnten* nyinaa ayow.’ 25  Wontee anaa? Efi tete na mebɔɔ me tirim sɛ mɛyɛ.*+ Mehyɛ too hɔ nyɛ nnɛ.+ Afei mɛma aba mu.+ Wobɛma nkurow a wɔabɔ ho ban adan amamfo.*+ 26  Emu nnipa bɛyɛ mmɔbɔ;Ehu bɛka wɔn na wɔn anim agu ase. Wɔbɛyɛ sɛ asaase so wura ne sare momono,+Wɔbɛyɛ sɛ ɔdan so sare a apuei mframa ama ahyew.* 27  Bere a wote hɔ ne bere a worekɔ ba nyinaa m’ani tua,+Na w’ani bere me so nso a, mihu,+ 28  Efisɛ sɛnea w’ani abere me so+ na worebobom no, mate.+ Enti mede me darewa bewura wo hwenem, na mede me nnareka+ ato w’ano,Na ɔkwan a wofaa so bae no, ɛno ara so na mɛma woafa akɔ.”+ 29  “‘Eyi bɛyɛ sɛnkyerɛnne ama wo:* Afe yi, mubedi hwiit* a ɛno ara afifi;* afe a ɛto so abien no nso, mubedi hwiit a ɛno ara afifi;+ nanso afe a ɛto so abiɛsa no de, mubegu aba na moatwa, na moayeyɛ bobefuw* na moadi mu aba.+ 30  Yuda fifo a wobenya wɔn ti adidi mu, wɔn a wɔbɛka no,+ wɔn ntini bewurawura fam, na wobenyin akɔ soro na wɔasow aba. 31  Na nkaefo bi befi Yerusalem aba, na wɔn a wɔanya wɔn ti adidi mu no befi Sion Bepɔw so aba. Asafo Yehowa ahokeka nti na ɔbɛyɛ eyi.+ 32  “‘Enti nea Yehowa aka afa Asiria hene ho ni:+ “Ɔremma kurow yi mu,+Na ɔrentow agyan mma ha;Ɔremfa ɔkyɛm mma ha,Na ɔrensi akoban* wɔ ho.+ 33  Ɔkwan a ɔfaa so bae no ara so na ɔbɛfa akɔ,Na ɔremma kurow yi mu,” Yehowa na waka. 34  “Me din+ ne m’akoa Dawid nti,+Mɛko agye kurow yi.”’”+ 35  Anadwo no ara, Yehowa bɔfo pue kɔɔ Asiriafo asoɛe hɔ kokunkum mmarima 185,000.+ Bere a nkurɔfo sɔree anɔpatutuutu no, wohui sɛ afunu ayɛ hɔ ma.+ 36  Enti Asiria hene Senaherib fii hɔ, na ɔsan kɔɔ Niniwe+ kɔtenaa hɔ.+ 37  Na bere a ɔkɔɔ ne nyame Nisrok fi* kɔkotowee no, ɔno ara ne mma mmarima Adramelek ne Sareser de sekan kum no,+ na woguan kɔɔ Ararat asaase so.+ Na ne ba Esar-Haddon+ bedii n’ade.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ahemfi.”
Anaa “adapaatwa.”
Nt., “ɔbea a mma abedu n’awotwaa ano.”
Nt., “Mede honhom bi bɛhyɛ ne mu.”
Ebetumi nso akyerɛ, “wote kerubim mfinimfini.”
Anaa “nammuromu; nammɔn mu.”
Anaa “Nil nsuka.”
Nt., “Efi tete na meyɛe.”
Anaa “adan afabo akuwakuw.”
Anaa “awo.”
Anaa “bobeturo.”
Anaa “aba a agu fam na afifi.”
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Kyerɛ sɛ, Hesekia.
Esiw anaa ɔfasu a wogyina so ko anaa wɔde bɔ kurow ho ban.
Anaa “abosomfi.”