Ahene Nhoma a Ɛto So Abien 20:1-21

  • Hesekia yaree na ne ho tɔɔ no (1-11)

  • Nkurɔfo fii Babilon bɛsraa no (12-19)

  • Hesekia wui (20, 21)

20  Saa nna no mu no, Hesekia yaree ma anka ɔreyɛ awu.+ Na Amus ba odiyifo Yesaia bae, na ɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Yɛ ntotoe wɔ wo fi, efisɛ wubewu; wo ho rentɔ wo.’”+  Ɛnna ɔde n’ani kyerɛɛ dan, na ofii ase bɔɔ Yehowa mpae sɛ:  “O Yehowa, mesrɛ wo, kae sɛnea mede nokwaredi ne koma mũ anantew w’anim, na mayɛ nea eye wɔ w’ani so.”+ Na Hesekia fii ase sui pii.  Bere a Yesaia nnya nnuu ahemfi adiwo hɔ no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ:+  “San w’akyi na kɔka kyerɛ me man kannifo Hesekia sɛ, ‘Nea Yehowa, wo nana Dawid Nyankopɔn aka ni: “Mate wo mpaebɔ no. Mahu wo nisu,+ na mɛsa wo yare.+ Da a ɛto so abiɛsa no, wobɛforo akɔ Yehowa fi.+  Mede mfe 15 bɛka wo nkwa nna* ho, na megye wo ne kurow yi afi Asiria hene nsam,+ na mɛbɔ kurow yi ho ban, me din ne m’akoa Dawid nti.”’”+  Ɛnna Yesaia kae sɛ: “Momfa borɔdɔma a awo a wɔabɔ no tɔw mmra.” Enti wɔkɔfa de bɛtaree pɔmpɔ no so, na nkakrankakra, ne ho tɔɔ no.+  Ná Hesekia adi kan abisa Yesaia sɛ: “Dɛn ne sɛnkyerɛnne+ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa bɛsa me yare na mɛforo akɔ Yehowa fi da a ɛto so abiɛsa?”  Ɛnna Yesaia kae sɛ: “Eyi ne sɛnkyerɛnne a efi Yehowa hɔ a ɛbɛma woahu sɛ Yehowa bɛyɛ nea waka no: Wopɛ sɛ sunsuma no kɔ anim wɔ stɛps* no so anammɔn du anaa ɛsan n’akyi anammɔn du?”+ 10  Hesekia kae sɛ: “Ɛyɛ mmerɛw sɛ sunsuma bɛkɔ anim anammɔn du sen sɛ ɛbɛsan n’akyi anammɔn du.” 11  Ɛnna odiyifo Yesaia maa ne nne so frɛɛ Yehowa, na ɔmaa sunsuma a ɛda Ahas stɛps no so a asian dedaw no kɔɔ n’akyi anammɔn du.+ 12  Saa bere no, Babilon hene Berodak-Baladan a ɔyɛ Baladan ba no soma ma wɔde nkrataa ne akyɛde kɔmaa Hesekia, efisɛ ɔtee sɛ Hesekia yaree.+ 13  Hesekia gyee wɔn,* na ɔde n’adekoradan mu nneɛma nyinaa kyerɛɛ wɔn,+ kyerɛ sɛ, dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne balsam ngo ne ngo pa ne baabi a ɔkora n’akode, ne biribiara a ɛwɔ n’akorae. Biribiara nni Hesekia fi* ne n’ahemman mu a wamfa ankyerɛ wɔn. 14  Ɛnna odiyifo Yesaia baa Ɔhene Hesekia nkyɛn bebisaa no sɛ: “Asɛm bɛn na mmarima yi kae, na ɛhe na wofi bae?” Na Hesekia buae sɛ: “Wofi akyirikyiri asaase bi so, wofi Babilon.”+ 15  Na ɔsan bisae sɛ: “Dɛn na wohui wɔ wo fi?”* Ɛnna Hesekia kae sɛ: “Wohuu biribiara a ɛwɔ me fi.* Biribiara nni m’akorae a mamfa ankyerɛ wɔn.” 16  Ɛnna Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ: “Tie Yehowa asɛm yi,+ 17  ‘Hwɛ! Nna bi reba, na nea ɛwɔ wo fi* nyinaa, ne nea w’agyanom de asie abesi nnɛ nyinaa, wɔbɛfa akɔ Babilon.+ Biribiara renka,’ Yehowa na waka. 18  ‘Na wɔbɛfa w’ankasa wo mma a wobɛwo wɔn no mu bi akɔ+ ama wɔakɔyɛ nhenkwaa wɔ Babilon hene ahemfi.’”+ 19  Ɛnna Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: “Yehowa asɛm a woaka no ye.”+ Na ɔtoaa so kae sɛ: “Sɛ asomdwoe ne ahotɔ* bɛtena hɔ wɔ me bere so* a, ɛnde eye.”+ 20  Hesekia ho nsɛm a aka ne ne nnwuma akɛse nyinaa, sɛnea ɔyɛɛ ɔtare+ ne suka, na ɔde nsu baa kurow no mu+ no, wɔakyerɛw wɔ Yuda ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu. 21  Hesekia ne n’agyanom kɔdae,+ na ne ba Manase+ bedii n’ade.+

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “wo nna.”
Ɛbɛyɛ sɛ na wɔde saa stɛps yi hwɛ bere. Wɔhwɛ nea owia sunsuma da a, ɛma wohu bere a abɔ.
Anaa “ahemfi.”
Anaa “tiee wɔn.”
Anaa “w’ahemfi.”
Anaa “m’ahemfi.”
Anaa “w’ahemfi.”
Nt., “me nna mu.”
Anaa “nokware.”