Ahene Nhoma a Ɛto So Abien 21:1-26

  • Yuda hene Manase ahenni; ohwiee mogya gui (1-18)

    • Wɔhyɛɛ Yerusalem sɛe ho nkɔm (12-15)

  • Yuda hene Amon ahenni 19-26)

21  Manase+ bedii hene no, na wadi mfe 12, na odii ade mfe 55 wɔ Yerusalem.+ Ne maame din de Hefsiba.  Ɔhene no yɛɛ Yehowa ani so bɔne; akyiwade a amanaman a Yehowa pam wɔn fii Israelfo anim+ yɛe no, ɛno ara bi na ɔyɛe.+  Sorɔnsorɔmmea* a ne papa Hesekia bubui no,+ ɔsan sisii, na osisii afɔremuka maa Baal; osii ɔbosom dua*+ sɛnea Israel hene Ahab yɛe no;+ ɔkotow ɔsoro asafo nyinaa, na ɔsom wɔn.+  Ɔsan sisii afɔremuka wɔ Yehowa fi;+ ná Yehowa aka ofi no ho asɛm sɛ: “Yerusalem ne kurow a mede me din bɛto so.”+  Afei nso, osisii afɔremuka maa ɔsoro asafo nyinaa+ wɔ Yehowa fi adiwo abien hɔ.+  Ɔno ara ne ba mpo, ɔhyew no wɔ ogya mu,* na odii nkonyaayi akyi, ɔkɔɔ abisa,+ na ɔpaw akɔmfo ne asumanfo.+ Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne kɔɔ akyiri paa de hyɛɛ no abufuw.  Ɔde ɔbosom dua*+ a wasen no sɛ ohoni no kosii ofi a Yehowa kaa ho asɛm kyerɛɛ Dawid ne ne ba Solomon no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mapaw ofi yi ne Yerusalem afi Israel mmusuakuw nyinaa mu sɛ mede me din bɛto so afebɔɔ.+  Na sɛ Israel hwɛ di nea maka akyerɛ wɔn no nyinaa so, kyerɛ sɛ, wodi Mmara a m’akoa Mose de maa wɔn no nyinaa so a,+ me nso meremma womfi asaase a mede maa wɔn agyanom no so+ nkokyinkyin bio.”  Nanso wɔantie, na Manase ma wɔtew atua, na wɔyɛɛ bɔne sen aman a Yehowa sɛee wɔn fii Israelfo anim no.+ 10  Yehowa nam ne nkoa adiyifo no so ne wɔn kasae daa+ sɛ: 11  “Yuda hene Manase ayɛ akyiwade yi nyinaa; wayɛ bɔne kyɛn Amorifo+ a wodii n’anim no nyinaa,+ na n’abosom fĩ* no nti, wama Yuda ayɛ bɔne. 12  Ɛno nti nea Yehowa, Israel Nyankopɔn aka ni: ‘Hwɛ, mede mmusu reba Yerusalem+ ne Yuda so, na obiara a ɔbɛte no, n’aso abien nyinaa mu bɛyɛ no yɔnn.+ 13  Na susuhama+ a wɔde too Samaria so+ ne prumo* a wɔde too Ahab fi so+ no, ɛno na mɛtwe mu wɔ Yerusalem so; mɛpopa Yerusalem korakora sɛnea obi popa kankyee mu na ɔdan butuw no.+ 14  Na mɛpo m’agyapade nkae no,+ na mede wɔn bɛhyɛ wɔn atamfo nsa, na wɔn atamfo bɛsoa wɔn akɔ, na wɔasesaw wɔn nneɛma nyinaa,+ 15  efisɛ wɔyɛɛ bɔne wɔ m’ani so, na wɔahyɛ me abufuw fi da a wɔn agyanom fi Egypt bae no de abesi nnɛ da yi.’”+ 16  Bio nso, Manase hwiee mogya a edi bem bebree gui. Okunkum nnipa fi Yerusalem ti kosi ti,+ ɛsono bɔne a ɔyɛe a ɛnam so maa Yuda nso yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so no. 17  Manase ho nsɛm a aka, nea ɔyɛe nyinaa ne ne bɔne no, wɔakyerɛw wɔ Yuda ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu. 18  Manase ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no wɔ ne mfikyifuw mu, Usa mfikyifuw no mu,+ na ne ba Amon bedii n’ade. 19  Amon+ bedii hene no, na wadi mfe 22, na odii ade mfe abien wɔ Yerusalem .+ Ne maame din de Mesulemet, na na ɔyɛ Harus a ofi Yotba no ba. 20  Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛnea ne papa Manase yɛe no.+ 21  Nea ne papa yɛe nyinaa, ɛno ara bi na ɔno nso yɛe; ɔsom abosom fĩ a ne papa somee no.+ 22  Enti ogyaw Yehowa, n’agyanom Nyankopɔn no, na wannantew Yehowa kwan so.+ 23  Ewiee ase no, Ɔhene Amon nkoa bɔɔ ne ho pɔw, na wokum no wɔ n’ankasa fi. 24  Nanso asaase no sofo kunkum wɔn a wɔbɔɔ Ɔhene Amon ho pɔw no nyinaa, na wosii ne ba Yosia hene ma odii n’ade.+ 25  Amon ho nsɛm a aka ne nea ɔyɛe no, wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ Yuda ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu. 26  Na wosiee no wɔ ne damoa mu wɔ Usa mfikyifuw no mu,+ na ne ba Yosia+ bedii n’ade.

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Abosonnua.”
Nt., “ɔmaa ɔno ara ne ba faa ogya mu.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Abosonnua.”
Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ebetumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtiaa.
Ɛyɛ hama bi a dade hyɛ ano a wɔde susuw ɔdan hwɛ sɛ ɔdan no teɛ anaa.