Ahene Nhoma a Ɛto So Abien 24:1-20

  • Yehoiakim tew atua, na owui (1-7)

  • Yuda hene Yehoiakin ahenni (8, 9)

  • Wodii kan soaa ebinom kɔɔ Babilon (10-17)

  • Yuda hene Sedekia ahenni; n’atuatew (18-20)

24  Yehoiakim bere so na Babilon hene Nebukadnesar+ tow hyɛɛ kurow no so, na Yehoiakim bɛyɛɛ n’akoa mfe abiɛsa. Nanso otwaa ne ho sɔre tiaa no.  Ɛnna Yehowa somaa dɔm a wɔfom nkurɔfo nneɛma fii Kaldea,+ Siria, Moab, ne Ammon baa wɔn so; daa na ɔsoma wɔn ba Yuda so sɛ wɔmmɛsɛe no, na saa na na Yehowa nam ne nkoa adiyifo no so aka.+  Ɛyɛ Yehowa asɛm a ɔkae no na ampa ara ɛbaa mu wɔ Yuda so. Ɔkae sɛ ɔbɛtow wɔn afi n’anim akyene+ esiane bɔne a Manase yɛe nyinaa+  ne mogya a edi bem a ohwie gui nti,+ efisɛ ɔde mogya a edi bem hyɛɛ Yerusalem ma. Ɛno nti Yehowa ampɛ sɛ ɔde bɔne no bɛkyɛ.+  Yehoiakim ho nsɛm a aka ne nea ɔyɛe nyinaa, wɔakyerɛw wɔ Yuda ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu.+  Yehoiakim ne n’agyanom kɔdae,+ na ne ba Yehoiakin bedii n’ade.  Egypt hene amfi n’asaase so ankɔ obiara so bio da, efisɛ Babilon hene faa Egypt hene asaase nyinaa,+ efi Egypt Subon+ ho kosi Asubɔnten Eufrate ho.+  Yehoiakin+ bedii hene no, na wadi mfe 18, na odii ade abosome abiɛsa wɔ Yerusalem.+ Ne maame din de Nehusta, na na ɔyɛ Elnatan a ofi Yerusalem no ba.  Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛnea ne papa yɛe no ara. 10  Saa bere no, Babilon hene Nebukadnesar nkoa baa Yerusalem so, na wobetwaa kurow no ho hyiae.+ 11  Bere a Babilon hene Nebukadnesar nkoa betwaa kurow no ho hyiae no, ɔbaa hɔ. 12  Yuda hene Yehoiakin fii adi kɔɔ Babilon hene nkyɛn,+ ɔne ne maame, n’asomfo, n’adehye, ne n’ahemfi mpanyimfo,+ na Babilon hene ahenni afe a ɛto so awotwe mu no, Babilon hene no kyeree no de no kɔe.+ 13  Afei ɔfaa Yehowa fi akorade ne ɔhene fi* akorade nyinaa kɔe,+ na otwitwaa sika anwenne a Israel hene Solomon yɛe wɔ Yehowa asɔredan mu+ no nyinaa mu asinasin. Sɛnea Yehowa hyɛɛ nkɔm no, saa ara na ɛbae. 14  Ɔsoaa Yerusalemfo nyinaa, mpanyimfo+ no nyinaa, akatakyi no nyinaa, adwumfo, ne atomfo*+ no nyinaa kɔe; nnipa 10,000. Wɔannyaw obiara, gye asaase no so ahiafo paa no.+ 15  Enti ɔde Yehoiakin+ kɔɔ Babilon,+ na ɔhene maame, ɔhene yerenom, ne n’ahemfi mpanyimfo ne asaase no so atitiriw nso, ɔde wɔn nyinaa fii Yerusalem kɔɔ Babilon. 16  Afei nso, Babilon hene de akatakyi no nyinaa, nnipa 7,000, ne adwumfo ne atomfo* 1,000 kɔɔ Babilon; ná wɔn nyinaa yɛ mmarima akantinka a wɔkɔ ɔko. 17  Babilon hene yɛɛ Yehoiakin+ papa nua Matania hene sii n’ananmu, na ɔsesaa ne din frɛɛ no Sedekia.+ 18  Sedekia bedii hene no, na wadi mfe 21, na odii ade mfe 11 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Hamutal,+ na na ɔyɛ Yeremia a ofi Libna no babea. 19  Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛnea Yehoiakim yɛe no ara.+ 20  Yehowa abufuw nti na eyinom sisii wɔ Yerusalem ne Yuda kosii sɛ ɔtow wɔn fii n’anim kyenee.+ Na Sedekia tew Babilon hene so atua.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “ahemfi.”
Ebetumi nso akyerɛ, “abantofo.”
Ebetumi nso akyerɛ, “abantofo.”