Ahene Nhoma a Ɛto So Abien 3:1-27

  • Israel hene Yehoram ahenni (1-3)

  • Moab tew atua tiaa Israel (4-25)

  • Wodii Moab so nkonim (26, 27)

3  Yuda hene Yehosafat ahenni afe a ɛto so 18 mu no, Ahab ba Yehoram+ bɛyɛɛ Israel hene wɔ Samaria, na odii ade mfe 12.  Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne, nanso anto ne papa ne ne maame de no, efisɛ Baal bosom dum a ne papa yɛe no,+ oyi fii hɔ.  Nanso bɔne a Nebat ba Yeroboam maa Israel yɛe no,+ ɛno ara bi na ɔno nso yɛe. Wantwe ne ho amfi ho.  Moab hene Mesa nso, na ɔwɔ nguan, na na ɔde bi tua tow ma Israel hene; ná ɔma no nguan mma 100,000 ne adwennini a wontwitwaa wɔn ho nwi 100,000.  Bere a Ahab wui no,+ ɛhɔ ara na Moab hene tew atua tiaa Israel hene.+  Enti saa bere no, Ɔhene Yehoram fii Samaria kɔboaboaa Israel nyinaa ano.  Afei nso, ɔsoma kɔɔ Yuda hene Yehosafat nkyɛn sɛ: “Moab hene atew atua atia me. Wo ne me bɛkɔ ne Moab akɔko anaa?” Ɛnna ɔkae sɛ: “Mɛkɔ.+ Me ne wo nyinaa yɛ nipa baako. Me man ne wo man nso yɛ baako. M’apɔnkɔ ne w’apɔnkɔ yɛ baako.”+  Afei obisaa no sɛ: “Ɔkwan bɛn na yɛmfa so?” Na ɔno nso kae sɛ: “Edom sare so kwan no.”  Israel hene ne Yuda hene ne Edom+ hene siim kɔe; bere a wɔde nnanson nantenantewee no, afei na wonnya nsu mma dɔm no ne mmoa a wodi wɔn akyi no nnom. 10  Ɛnna Israel hene kae sɛ: “Awerɛhosɛm! Yehowa aboa ahemfo baasa yi ano sɛ ɔde yɛn rebɛhyɛ Moabfo nsa!” 11  Ɛnna Yehosafat bisae sɛ: “Yehowa diyifo biara nni ha a yebetumi afa no so abisa Yehowa anom asɛm anaa?”+ Na Israel hene nkoa no baako buae sɛ: “Safat ba Elisa+ a na ɔde nsu gu Elia nsa so*+ no wɔ ha.” 12  Ɛnna Yehosafat kae sɛ: “Yehowa asɛm wɔ n’anom.” Enti Israel hene ne Yehosafat ne Edom hene kɔɔ ne nkyɛn. 13  Na Elisa bisaa Israel hene sɛ: “Dɛn na me ne wo wɔ yɛ?+ Kɔ adiyifo a wɔhyɛ nkɔm ma wo papa ne wo maame no hɔ.”+ Nanso Israel hene ka kyerɛɛ no sɛ: “Nka saa, efisɛ ahemfo baasa yi, Yehowa na waboaboa yɛn ano sɛ ɔde yɛn rebɛhyɛ Moabfo nsa.” 14  Ɛnna Elisa kae sɛ: “Sɛ́ asafo Yehowa a mesom no* no te ase yi, sɛ ɛnyɛ Yuda hene Yehosafat+ na mede m’ani ato n’anim a, anka merenhwɛ wo mpo na mahu wo.+ 15  Monkɔpɛ sankubɔfo* mmrɛ me.”+ Bere a sankubɔfo no fii ase bɔɔ sanku no, Yehowa honhom* baa no so.+ 16  Na ɔkae sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Muntutu amoa wɔ subon yi mu baabiara; 17  na Yehowa aka sɛ: “Mframa remmɔ na osu nso rentɔ, nanso nsu bɛhyɛ subon yi ma,+ na mo ne mo nyɛmmoa ne mo mmoa a aka nyinaa bɛnom emu nsu.”’ 18  Nanso eyi yɛ ade ketewa wɔ Yehowa ani so,+ na ɔde Moabfo nso bɛhyɛ mo nsa.+ 19  Kurow a wɔabɔ ho ban+ ne kurow pa biara, monsɛe no. Muntwa dua pa biara nkyene, nsu aniwa nyinaa munsisiw no, na momfa abo nsɛe asaase pa biara.”+ 20  Bere a eduu anɔpa a wɔbɔ aduan afɔre no,+ nea wohui ara ne sɛ nsu fi Edom reba, na nsu no bɛhyɛɛ asaase no so ma. 21  Moabfo nyinaa tee sɛ ahemfo no aba sɛ wɔne wɔn rebɛko. Enti wɔfrɛfrɛɛ mmarima a wotumi kɔ ɔko* nyinaa, na wokogyinagyinaa wɔn hye so. 22  Bere a wɔsɔree anɔpatutuutu no, na owia atɔ nsu no so, na Moabfo a wogyinagyina ɔfã noho no hui sɛ nsu no ayɛ kɔɔ sɛ mogya. 23  Wɔkae sɛ: “Mogya! Ahemfo no de sekan akunkum wɔn ho. Enti Moabfo, monkɔfom wɔn nneɛma!”+ 24  Bere a wɔbaa Israelfo asoɛe hɔ no, ɛhɔ ara na Israelfo no sɔre tow hyɛɛ Moabfo no so fii ase kunkum wɔn, na woguan fii wɔn anim.+ Wɔkɔɔ Moabfo asaase so, na wɔrekɔ nyinaa na wɔrekunkum Moabfo no. 25  Wɔsɛee nkurow no, na asaase pa biara a ɛda hɔ no, wɔn mu biara soaa abo guu so de hyɛɛ so ma; wosisiw nsu aniwa nyinaa,+ na wotwitwaa nnua pa nyinaa gui.+ Kir-Hareset+ abo afasu no nko ara na ɛkae, na wɔn a wɔtow ataabo* kotwaa kurow no ho hyiae, na wofii ase sɛee no. 26  Bere a Moab hene hui sɛ wadi nkogu no, ɛhɔ ara na ɔfaa mmarima 700 a wokurakura asekan sɛ ɔrekɔ Edom hene+ so, nanso wɔantumi. 27  Ɛnna ɔfaa n’abakan a obedi n’ade de no bɔɔ ɔhyew afɔre+ wɔ ɔfasu no ho. Na nkurɔfo faa Israel ho abufuw kɛse, enti wogyaee ɔko no na wɔsan kɔɔ wɔn asaase so.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “na ɔyɛ Elia somfo.”
Nt., “migyina n’anim.”
Nt., “nsa.”
Anaa “odwontofo.”
Anaa “mmarima a wotumi kura akode.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.