Ahene Nhoma a Ɛto So Abien 5:1-27

  • Elisa saa Naaman kwata no (1-19)

  • Gehasi adifudepɛ nti, kwata yɛɛ no (20-27)

5  Ná Siria hene wɔ ɔsahene bi a wɔfrɛ no Naaman. Ná ɔyɛ onipa kɛse a ne wura bu no, efisɛ na Yehowa nam no so ama Siriafo adi nkonim.* Ná ɔbarima no yɛ ɔkatakyi, nanso na ɔyare kwata.*  Bere bi Siriafo bɛtow hyɛɛ Israelfo so, na wɔkyeree abeawa kumaa bi fii Israelfo asaase so kɔe, na ɔkɔyɛɛ Naaman yere abaawa.  Abeawa no ka kyerɛɛ ne maame a ɔne no te no sɛ: “Sɛ anka me wura bɛkɔ odiyifo+ a ɔwɔ Samaria no anim a, anka ɔbɛsa ne kwata no+ ama no.”  Enti ɔkɔɔ* ne wura hɔ kɔbɔɔ no amanneɛ, na ɔkaa nea abeawa a ofi Israel no kae nyinaa kyerɛɛ no.  Ɛnna Siria hene kae sɛ: “Sim kɔ seesei ara! Mede krataa bɛkɔ akɔma Israel hene.” Enti ɔfaa dwetɛ dwetikɛse* du, sika kɔkɔɔ dwetikɛse 6,000, ne ntaade ahorow du, na osiim kɔe.  Ɔde krataa yi kɔmaa Israel hene sɛ: “Krataa yi akyi no, meresoma m’akoa Naaman aba wo nkyɛn na woasa ne kwata no ama no.”  Bere a Israel hene kenkan krataa no ara pɛ, osuan n’ataade mu, na ɔkae sɛ: “Adɛn, meyɛ Onyankopɔn na matumi akum onipa anaa mama onipa nkwa?+ Monhwɛ sɛ wasoma ɔbarima yi sɛ mensa ne kwata mma no. Mo ara mutumi hu sɛ ntɔkwaw ara na ɔrepɛ me.”  Nanso bere a nokware Nyankopɔn nipa Elisa tee sɛ Israel hene asuan n’ataade mu no, ɛhɔ ara na ɔsoma kobisaa ɔhene sɛ: “Adɛn nti na woasuan w’ataade mu? Mesrɛ wo, ma ɔmmra me nkyɛn, na obehu sɛ odiyifo bi wɔ Israel.”+  Enti Naaman de n’apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam a ɔde kɔ ɔko bae, na obegyinaa Elisa fi kwan ano. 10  Nanso Elisa tuu ɔbɔfo kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ na koguare wɔ Yordan+ mu mpɛn ason,+ na wo honam besi ne dedaw mu ama wo ho atew.” 11  Ɛnna Naaman bo fuwii denneennen, na ɔdan ne ho sɛ ɔrekɔ, na ɔkae sɛ: “Hwɛ, me de, mekae wɔ me tirim sɛ, ‘Obepue aba me nkyɛn, na ɔbɛbɔ Yehowa, ne Nyankopɔn no din, na ɔde ne nsa afofa kwata no so asa me yare.’ 12  So Abana ne Farpar nsubɔnten a ɛwɔ Damasko+ no nye nsen Israel nsu nyinaa? Enti anka merentumi nguare mu mma me ho ntew?” Ɔkaa saa no, ɔde abufuw siim sɛ ɔrekɔ. 13  Ɛnna ne nkoa twiw bɛn no, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Papa, sɛ ade kɛse bi na odiyifo no ka kyerɛɛ wo sɛ yɛ a, anka worenyɛ anaa? Enti sɛ waka sɛ ‘Guare na wo ho ntew’ a, ɛno na wuntumi nyɛ?” 14  Wɔkaa saa no, ɔkɔe na ɔkɔtɔɔ* Yordan mu mpɛn ason sɛnea nokware Nyankopɔn nipa+ no ka kyerɛɛ no no, na ne honam ani yɛɛ toromtorom kama te sɛ abofra ketewaa honam,+ na ne ho tewee.+ 15  Ɛnna ɔsan n’akyi ne ne dɔm* nyinaa kɔɔ nokware Nyankopɔn nipa+ no nkyɛn, na okogyinaa n’anim kae sɛ: “Afei na mahu ampa sɛ Onyame biara nni asaase so baabiara, gye sɛ Israel.+ Mesrɛ wo, gye akyɛde* yi fi w’akoa nsam.” 16  Ɛnna Elisa kae sɛ: “Sɛ́ Yehowa a mesom no* no te ase yi, merennye.”+ Ɔsrɛɛ no ara sɛ onnye, nanso wannye. 17  Afei Naaman kae sɛ: “Sɛ saa a, ɛnde ma wɔmma w’akoa dɔte a mfurumpɔnkɔ abien betumi asoa, efisɛ w’akoa remmɔ ɔhyew afɔre anaa afɔre biara mma onyame foforo biara bio, gye Yehowa nkutoo. 18  Mmom ade baako na mɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmfa nkyɛ w’akoa: Sɛ me wura kɔ Rimon fi* sɛ ɔrekɔkotow no wɔ hɔ, na sɛ otweri me nsa so a, ɛbɛma makotow wɔ Rimon fi hɔ bi. Sɛ mekotow wɔ Rimon fi saa a, ɛnde mesrɛ sɛ Yehowa mfa nkyɛ w’akoa.” 19  Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fa asomdwoe kɔ.” Bere a ofii ne nkyɛn twaa kwan kakra no, 20  Gehasi+ a ɔyɛ nokware Nyankopɔn nipa Elisa+ somfo no kae wɔ ne tirim sɛ: ‘Hwɛ, me wura agyaa Siriani Naaman+ yi ma ɔkɔ kwa, na wannye nea ɔde bae no. Sɛ́ Yehowa te ase yi, metu mmirika atiw no na makogye biribi afi ne hɔ.’ 21  Enti Gehasi de mmirika tiw Naaman. Bere a Naaman hui sɛ obi de mmirika di n’akyi no, ɛhɔ ara na osi fii ne teaseɛnam mu kohyiaa no, na obisaa no sɛ: “Biribiara yɛ bɔkɔɔ anaa?” 22  Ɛnna obuae sɛ: “Biribiara yɛ bɔkɔɔ. Me wura asoma me sɛ memmɛka nkyerɛ wo sɛ, ‘Hwɛ! Seesei ara na mmerante baanu bi a wofi adiyifo mma no mu fi Efraim mmepɔw mu aba me nkyɛn. Enti mesrɛ wo, ma wɔn dwetɛ dwetikɛse baako ne ntaade abien.’”+ 23  Naaman kae sɛ: “Gye dwetikɛse abien mpo.” Ɔsrɛɛ no ara,+ na afei ɔkyekyeree dwetɛ dwetikɛse abien wɔ nkotoku abien mu de ntaade abien kaa ho, na ɔde maa n’asomfo baanu, na wɔsoa dii n’anim. 24  Bere a oduu Ofel* no, ogyee nneɛma no fii wɔn nsam de koguu fie, na ogyaa wɔn kwan. Wɔkɔe no, 25  ɔkɔɔ ne wura nkyɛn. Ɛnna Elisa bisaa no sɛ: “Gehasi, ɛhe na wufi reba yi?” Na obuae sɛ: “W’akoa nkɔɔ baabiara.”+ 26  Elisa ka kyerɛɛ no sɛ: “Bere a ɔbarima no si fii ne teaseɛnam mu behyiaa wo no, wunnim sɛ na me koma di w’akyi anaa? Saa bere yi na ɛsɛ sɛ yegye dwetɛ, ntaade, ngodua mfuw, bobefuw,* nguan, anantwi, nkoa, anaa mfenaa?+ 27  Ɛno nti Naaman kwata+ no bɛfam wo ne w’asefo ho daa.” Ɛhɔ ara na ofii n’anim kɔe, na na kwata aguare no fitaa te sɛ sukyerɛmma.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “anya nkwagye.”
Anaa “na ɔwɔ ɔhonam ani yare.”
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ Naaman.
Dwetikɛse baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “ɔde ne ho konuu.”
Nt., “nhyira.”
Nt., “n’asoɛe.”
Nt., “migyina n’anim.”
Anaa “abosom dan mu.”
Ɛyɛ beae bi a ɛwɔ Samaria; ebetumi ayɛ koko anaa abannennen bi.
Anaa “bobeturo.”