Ahene Nhoma a Ɛto So Abien 6:1-33

  • Elisa maa akuma a ahɔn no bɛtɛn nsu ani (1-7)

  • Elisa ne Siriafo de pem so (8-23)

    • Elisa somfo no aniwa buei (16, 17)

    • Siriafo no yɛe sɛ anifuraefo (18, 19)

  • Wotwaa Samaria ho hyiae na ɔkɔm baa hɔ (24-33)

6  Adiyifo mma+ no ka kyerɛɛ Elisa sɛ: “Hwɛ! Baabi a yɛne wo te yi sua dodo ma yɛn.  Yɛsrɛ wo, ma yɛnkɔ Yordan ho na yɛn mu biara nkɔpɛ dua baako na yɛmfa nyɛ baabi a yɛbɛtena wɔ hɔ.” Ɔkae sɛ: “Monkɔ ɛ.”  Wɔn mu baako bisaa no sɛ: “Yɛsrɛ wo, wo ne wo nkoa bɛkɔ anaa?” Ɛnna ɔkae sɛ: “Mɛkɔ.”  Enti ɔne wɔn kɔe, na bere a wokoduu Yordan ho no, wofii ase twaa nnua no.  Bere a ɔbaako retwa dua no, abonnua no hɔn tɔɔ nsu no mu. Ɛnna ɔteɛɛm sɛ: “O me wura, yɛkɔsrɛe!”  Nokware Nyankopɔn nipa no bisaa no sɛ: “Ɛhe na ɛtɔe?” Na ɔkyerɛɛ no. Ɛnna otwaa dua ketewa bi tow too hɔ, na abonnua no bɛtɛn nsu no ani.  Ɔkae sɛ: “Yi fi nsu no mu.” Enti ɔteɛɛ ne nsa yii.  Na ɛbae sɛ Siria hene yɛe sɛ ɔne Israel rekɔko,+ na ɔne ne nkoa tuu agyina sɛ: “Ɛha ne ha na me ne mo bɛboa yɛn ho ano.”  Ɛnna nokware Nyankopɔn nipa+ no soma kɔka kyerɛɛ Israel hene sɛ: “Hwɛ yiye na woamfa ha, efisɛ ɛha na Siriafo bɛfa aba.” 10  Enti faako a nokware Nyankopɔn nipa no kaa ho asɛm kyerɛɛ Israel hene no, ɔhene no kɔbɔɔ nnipa a wɔwɔ hɔ no kɔkɔ. Odiyifo no bɔɔ ɔhene kɔkɔ mpɛn pii, enti wankɔ hɔ.+ 11  Eyi hyɛɛ Siria hene abufuw,* na ɔfrɛɛ ne nkoa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkyerɛ me nea ɔwɔ yɛn mu a ɔwɔ Israel hene afã.” 12  Na ne nkoa no baako kae sɛ: “Me wura ɔhene, yɛn mu biara nni n’afã. Mmom ɛyɛ odiyifo Elisa a ɔwɔ Israel no; ɔno na nsɛm a woka wɔ wo pia mu mpo,+ ɔka kyerɛ Israel hene.” 13  Ɔkae sɛ: “Monkɔhwehwɛ faako a ɔwɔ na mensoma nkɔkyere no.” Akyiri yi, wɔbɛbɔɔ no amanneɛ sɛ: “Ɔwɔ Dotan.”+ 14  Ɛhɔ ara na ɔsoma ma wɔde apɔnkɔ ne ɔko nteaseɛnam ne asraafodɔm kɛse kɔɔ hɔ. Woduu hɔ anadwo, na wotwaa kurow no ho hyiae. 15  Bere a nokware Nyankopɔn nipa no somfo sɔree anɔpa na opuei no, ohui sɛ asraafodɔm bi ne apɔnkɔ ne ɔko nteaseɛnam atwa kurow no ho ahyia. Ɛhɔ ara na ne somfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “O me wura! Yɛbɛyɛ dɛn?” 16  Nanso ɔkae sɛ: “Nsuro!+ Efisɛ wɔn a wɔka yɛn ho no dɔɔso sen wɔn a wɔka wɔn ho.”+ 17  Ɛnna Elisa bɔɔ mpae sɛ: “O Yehowa, mesrɛ wo, bue n’ani na onhu nea ɛrekɔ so.”+ Ntɛm ara na Yehowa buee ɔsomfo no ani; ɔnkɔhwɛ a, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam+ na ayɛ mmepɔw no so ma atwa Elisa ho nyinaa ahyia+ yi. 18  Bere a Siriafo no yɛe sɛ wɔreba Elisa so no, ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ: “Mesrɛ wo, ma nkurɔfo* yi ani mfura.”+ Enti ɔmaa wɔn ani furae sɛnea Elisa srɛe no. 19  Afei Elisa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnyɛ ɔkwan no ni, na ɛnyɛ kurow no ni. Munni m’akyi na memfa mo nkɔ ɔbarima a morehwehwɛ no no hɔ.” Nanso odii wɔn anim de wɔn kɔɔ Samaria+ mmom. 20  Bere a woduu Samaria no, Elisa kae sɛ: “O Yehowa, bue nkurɔfo yi ani na wonhu ade.” Enti Yehowa buee wɔn ani, na wohui sɛ wɔwɔ Samaria mfinimfini. 21  Bere a Israel hene huu wɔn no, obisaa Elisa sɛ: “Minkunkum wɔn anaa, me papa, minkunkum wɔn anaa?” 22  Nanso ɔkae sɛ: “Nkunkum wɔn. Sɛ wode wo sekan ne w’agyan ko na wokyere nkurɔfo a, ɛsɛ sɛ wukunkum wɔn anaa? Ma wɔn aduan* ne nsu na wonnidi nnom,+ na wɔnsan nkɔ wɔn wura nkyɛn.” 23  Enti ɔtow pon kɛse maa wɔn; wodidi nomee, na ɛno akyi no ogyaa wɔn kwan ma wɔkɔɔ wɔn wura nkyɛn. Siriafo dɔm a wɔfom nkurɔfo nneɛma+ no ansan amma Israel asaase so bio. 24  Eyi akyi no, Siria hene Ben-Hadad boaboaa n’asraafodɔm nyinaa ano kotwaa Samaria ho hyiae.+ 25  Enti ɔkɔm kɛse+ baa Samaria. Wotwaa ho hyiae kosii sɛ afei eduu baabi no, na afurum ti+ mpo bo yɛ nnwetɛbona 80, na aburuburuw bin nsa ma abien* bo yɛ nnwetɛbona 5. 26  Bere a Israel hene nam ɔfasu no so retwam no, ɔbea bi teɛɛm ka kyerɛɛ no sɛ: “O me wura ɔhene, boa yɛn!” 27  Ɛnna obuae sɛ: “Sɛ Yehowa ammoa wo a, ɛhe na menya mmoa ama wo? Awiporowbea, anaasɛ baabi a wokyĩ nsã anaa ngo?” 28  Afei ɔhene bisaa no sɛ: “Wo haw ne dɛn?” Na ɔbea no buae sɛ: “Ɔbea yi ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Fa wo ba bra ma yɛnwe no nnɛ, na ɔkyena me nso mede me ba bɛba ama yɛawe no.’+ 29  Enti yɛnoaa me ba no wee.+ Ade kyee no, meka kyerɛɛ no sɛ, ‘Wo nso fa wo ba no bra ma yɛnwe.’ Nanso ɔde ne ba no kosiei.” 30  Bere a ɔhene tee ɔbea no asɛm no, ntɛm ara na osuan n’ataade mu;+ bere a ɔnam ɔfasu no so retwam no, ɔmanfo no hui sɛ ofura awerɛhow ntama* wɔ n’ataade ase. 31  Ɛnna ɔkae sɛ: “Ɛnnɛ sɛ mantew Safat ba Elisa ti amfi so a, Onyankopɔn ntua me ka na ɔnsan mfa bi nka ho!”+ 32  Ná Elisa te ne fi, na mpanyimfo no tete ne nkyɛn, ɛnna ɔhene no dii kan somaa obi kɔɔ hɔ. Ɔbɔfo no nnya nnuu hɔ no, Elisa ka kyerɛɛ mpanyimfo no sɛ: “Moahu sɛ owudifo+ ba no asoma sɛ wommetwa me ti? Sɛ ɔbɔfo no bedu a, monhwɛ nto pon no mu, na munnyina akyi mpia, na wantumi amma mu. Enti ne wura di n’akyi reba yi, monte ne nan ase?” 33  Ogu so ne wɔn rekasa no, ɔbɔfo no beduu ne nkyɛn. Ɛnna ɔhene no nso bae, na ɔkae sɛ: “Mmusu yi fi Yehowa. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mekɔ so twɛn Yehowa?”

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “koma abufuw.”
Nt., “ɔman.”
Nt., “paanoo.”
Anaa “kab susude baako mu nkyem anan.” Kab baako yɛ lita 1.22 (magyirin konko 2 ne kakra). Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.