Ahene Nhoma a Ɛto So Abien 7:1-20

  • Elisa kae sɛ ɔkɔm no to betwa (1, 2)

  • Wokopuee aduan pii so wɔ Siriafo asoɛe hɔ (3-15)

  • Elisa nkɔmhyɛ no baa mu (16-20)

7  Ɛnna Elisa kae sɛ: “Muntie Yehowa asɛm. Nea Yehowa aka ni, ‘Ɔkyena sesɛɛ, esiam muhumuhu seah susude* baako bo bɛyɛ dwetɛbona* baako, na baali* seah susude abien bo bɛyɛ dwetɛbona baako wɔ Samaria kurow pon ano.’”*+  Ɛhɔ ara na ɔhene boafo a ogye no di no bisaa nokware Nyankopɔn nipa no sɛ: “Sɛ Yehowa rebue ɔsoro mfɛnsere mpo a, anka ɛbɛyɛ dɛn na asɛm yi atumi aba mu?”+ Na ɔno nso kae sɛ: “Wode w’ani behu,+ nanso ebi renka w’ano.”+  Ná mmarima akwatafo baanan bi wɔ kurow no pon ano,+ na wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛtena ha wu?  Ɔkɔm wɔ kurow no mu,+ enti sɛ yɛka sɛ, ‘Momma yɛnkɔ kurow no mu’ a, yebewuwu wɔ hɔ. Na sɛ yɛtena ha nso a, yebewuwu. Enti momma yɛmmɔ nwura Siriafo asoɛe no mu. Sɛ wɔkora yɛn so a, yɛbɛtena nkwa mu, na sɛ wokunkum yɛn nso a, na yɛawu.”  Ɛnna wɔsɔree anwummere a esum reba, na wɔkɔɔ Siriafo asoɛe hɔ. Bere a wokoduu Siriafo asoɛe no ano no, na obiara nni hɔ.  Nea ɛbae ne sɛ, na Yehowa ama Siriafo no ate ɔko nteaseɛnam, apɔnkɔ, ne asraafodɔm kɛse nka wɔ wɔn asoɛe hɔ.+ Enti wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Hwɛ! Israel hene akɔbɔ Hitifo ahemfo ne Egypt ahemfo paa ama wɔreba yɛn so!”  Ntɛm ara na wɔsɔre guanee anwummere a anim rebiribiri no, na wogyaw wɔn ntamadan ne wɔn apɔnkɔ ne wɔn mfurum hɔ guan gyee wɔn ho nkwa.* Wogyaw asoɛe hɔ saa ara kɔe.  Bere a akwatafo yi beduu asoɛe no ano no, wɔkɔɔ ntamadan baako mu, na wodidi nomee, na wɔsesaw dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne ntaade fii hɔ de kosiei. Ɛno akyi no, wɔsan kɔɔ ntamadan foforo mu, na wɔsesaw nneɛma fii hɔ de kosiei.  Afei wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Nea yɛreyɛ yi nye. Anigyesɛm yi de, ɛsɛ sɛ yɛma nkurɔfo te ho asɛm! Sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase, na yɛtena hɔ ma ade kye a, asɛm bɛto yɛn. Enti momma yɛnkɔbɔ amanneɛ wɔ ahemfi.” 10  Ɛnna wɔbɛka kyerɛɛ kurow pon ano ahwɛfo no sɛ: “Yɛkɔɔ Siriafo asoɛe hɔ, nanso yɛanhu obiara na yɛante obiara nka wɔ hɔ. Nea yɛkɔtoe ara ne apɔnkɔ ne mfurum a wɔamantam wɔn ne ntamadan a wɔagyaw hɔ saa ara.” 11  Ɛhɔ ara na apon ano ahwɛfo no kɔbɔɔ amanneɛ wɔ ahemfi. 12  Ntɛm ara na ɔhene sɔree anadwo, na ɔka kyerɛɛ n’asomfo sɛ: “Mesrɛ mo, momma menka nea Siriafo pɛ sɛ wɔde yɛ yɛn nkyerɛ mo. Wonim sɛ ɔkɔm de yɛn,+ enti wɔafi wɔn asoɛe hɔ akohintaw wuram, na wɔaka sɛ, ‘Sɛ wofi kurow no mu ba a, yɛbɛkyere wɔn animono, na yɛabɔ awura kurow no mu.’”+ 13  Ɛnna n’asomfo no baako kae sɛ: “Kurow no mu apɔnkɔ a aka no, mesrɛ wo, ma mmarima bi mfa anum nkɔ hɔ. Hwɛ! Wɔn nso nea ɛbɛto Israelfo a wɔaka kurow yi mu no, ɛno ara bi na ɛbɛto wɔn. Wɔn nso bɛyɛ sɛ Israelfo dodow a wɔawuwu no ara. Ma yɛnsoma wɔn na wɔnkɔhwɛ.” 14  Enti wɔfaa nteaseɛnam abien ne apɔnkɔ, na ɔhene somaa wɔn sɛ wɔnkɔ Siriafo asoɛe hɔ. Ɔkae sɛ: “Monkɔhwɛ.” 15  Ɛnna wodii wɔn anammɔn akyi ara koduu Yordan ho, na wohui sɛ ntaade ne nneɛma a ahopere nti Siriafo a wɔreguan no atotow agu no ayɛ kwan no so nyinaa ma. Mmarima no san bɛbɔɔ ɔhene amanneɛ. 16  Ɛnna ɔman no fii adi kɔsesaw Siriafo asoɛe hɔ nneɛma; enti esiam muhumuhu seah susude baako bo bɛyɛɛ dwetɛbona baako, na baali seah susude abien bo bɛyɛɛ dwetɛbona baako sɛnea Yehowa kae no.+ 17  Ɔhene boafo a ogye no di no, ɔhene paw no sɛ ɔnhwɛ kurow pon no ano, nanso ɔman no twiw faa no so wɔ ɔpon no ano tiatiaa no so ma owui, na ɛmaa asɛm a nokware Nyankopɔn nipa no kae bere a ɔhene baa ne nkyɛn no baa mu. 18  Nea nokware Nyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ ɔhene no baa mu saa sɛ: “Ɔkyena sesɛɛ, baali seah susude abien bo bɛyɛ dwetɛbona baako, na esiam muhumuhu seah susude baako bo bɛyɛ dwetɛbona baako wɔ Samaria kurow pon ano.”+ 19  Nanso saa bere no, ɔboafo no bisaa nokware Nyankopɔn nipa no sɛ: “Sɛ Yehowa rebue ɔsoro mfɛnsere mpo a, anka ɛbɛyɛ dɛn na asɛm yi atumi aba mu?” Elisa nso kae sɛ: “Wode w’ani behu, nanso ebi renka w’ano.” 20  Saa pɛpɛɛpɛ nso na ɛtoo no, efisɛ ɔman no twiw faa no so wɔ kurow pon no ano tiatiaa no so ma owui.

Ase Hɔ Nsɛm

Seah susude baako yɛ lita 7.33 (bɛyɛ olonka 2 ne magyirin konko 2 ne fã). Hwɛ Nkh. B14.
Dwetɛbona baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.
Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.
Anaa “gua so.”
Anaa “wɔn kra nkwa.”