Ahene Nhoma a Ɛto So Abien 8:1-29

  • Wɔsan de Sunemni bea no asaase maa no (1-6)

  • Elisa, Ben-Hadad, ne Hasael (7-15)

  • Yuda hene Yehoram ahenni (16-24)

  • Yuda hene Ahasia ahenni (25-29)

8  Elisa ka kyerɛɛ ɔbea a onyan ne babarima* no+ sɛ: “Sɔre na kɔ, wo ne wo fifo, na kɔyɛ ɔhɔho wɔ baabiara a wubenya, efisɛ Yehowa aka sɛ ɔkɔm bɛba,+ na ɛbɛba asaase yi so mfe ason.”  Enti ɔbea no sɔree, na ɔyɛɛ nea nokware Nyankopɔn nipa no kae no. Ɔne ne fifo kɔe, na wɔkɔtenaa Filistifo asaase+ so mfe ason.  Bere a mfe ason no baa awiei no, ɔbea no fii Filistifo asaase so san bae, na ɔkɔe sɛ ɔrekosu akyerɛ ɔhene sɛ wɔmfa ne fi ne n’asaase mma no.  Saa bere no, na ɔhene ne nokware Nyankopɔn nipa no somfo Gehasi rekasa, na ɔhene no kae sɛ: “Me pa wo kyɛw, nneɛma akɛse a Elisa ayɛ nyinaa,+ ka kyerɛ me.”  Bere a ogu so reka sɛnea Elisa nyan obi a wawu no,+ ɔbea a onyan ne babarima no baa ɔhene no nkyɛn, na osu kyerɛɛ no sɛ wɔmfa ne fi ne n’asaase mma no.+ Ɛhɔ ara na Gehasi kae sɛ: “Me wura ɔhene, ɔbea no ni, na ne babarima yi na Elisa nyan no no.”  Ɛnna ɔhene bisaa ɔbea no nea esii, na ɔno nso kaa asɛm no kyerɛɛ no. Afei ɔhene yii ahemfi panyin bi sɛ ɔmmoa ɔbea no, na ɔka kyerɛɛ ɔpanyin no sɛ: “Biribiara a ɛyɛ ɔbea no de no, fa ma no. Na efi da a ofii asaase yi so kɔe besi nnɛ, nea afi n’afuw no mu aba nyinaa, fa ka ho ma no.”  Na Elisa kɔɔ Damasko.+ Saa bere no, na Siria hene Ben-Hadad+ yare. Enti wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nokware Nyankopɔn nipa+ no aba ha.”  Ɛnna ɔhene no ka kyerɛɛ Hasael+ sɛ: “Fa akyɛde na kɔ nokware Nyankopɔn nipa+ no nkyɛn. Ka kyerɛ no sɛ ommisa Yehowa mma me sɛ, ‘Me yare no bɛkɔ anaa?’”  Enti Hasael faa akyɛde kohyiaa no, ɔfaa Damasko nneɛma pa nyinaa bi; yoma 40 na ɛsoaa nneɛma no. Na okogyinaa Elisa anim kae sɛ: “Wo ba Ben-Hadad, Siria hene no na asoma me wo nkyɛn. Ose mimmebisa wo sɛ, ‘Me yare no bɛkɔ anaa?’” 10  Ɛnna Elisa ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ na kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Wo ho bɛtɔ wo,’ nanso Yehowa ayi akyerɛ me sɛ owu na obewu.”+ 11  Na ɔhwɛɛ no* dinn kosii sɛ ɔyɛɛ basaa. Na nokware Nyankopɔn nipa no sui. 12  Ɛnna Hasael bisaa no sɛ: “Adɛn nti na me wura resu?” Na obuae sɛ: “Efisɛ minim bɔne a wobɛyɛ Israelfo.+ Wode ogya bɛhyew wɔn nkurow a ɛyɛ den, wode sekan bekunkum wɔn mmarima a wonim ko, wobɛtetew wɔn mma mu, na wɔn mmea a wɔnyenyem nso, wobɛpaapae wɔn mu.”+ 13  Ɛnna Hasael kae sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na w’akoa, ɔkraman te sɛ me ayɛ ade a ɛte saa?” Nanso Elisa kae sɛ: “Yehowa ayi akyerɛ me sɛ wo na wobɛyɛ Siria hene.”+ 14  Ɛnna ogyaw Elisa hɔ, na ɔsan kɔɔ ne wura nkyɛn. Na ne wura bisaa no sɛ: “Ɛdɛn na Elisa ka kyerɛɛ wo?” Na obuae sɛ: “Ɔka kyerɛɛ me sɛ wo ho bɛtɔ wo.”+ 15  Nanso ade kyee no, Hasael faa kuntu bɔɔ nsu mu de kataa ɔhene no anim, na ɔde tuaa no ahome kosii sɛ owui.+ Na Hasael bedii n’ade.+ 16  Israel hene Yehoram a ɔyɛ Ahab ba no ahenni afe a ɛto so anum mu+ no, bere a na Yehosafat di ade wɔ Yuda no, Yuda hene Yehosafat ba Yehoram+ bedii hene. 17  Bere a obedii ade no, na wadi mfe 32, na odii hene mfe awotwe wɔ Yerusalem. 18  Ɔfaa Israel ahemfo akwan so+ sɛnea Ahab fifo yɛe no,+ efisɛ ɔwaree Ahab babea.+ Ɔyɛɛ nneɛma bɔne wɔ Yehowa ani so.+ 19  Nanso Yehowa ampɛ sɛ ɔsɛe Yuda esiane n’akoa Dawid nti,+ efisɛ na wahyɛ no bɔ sɛ ɔbɛma kanea bi ahyerɛn+ ama ɔne ne mma daa. 20  Ne bere so no, Edomfo tew atua tiaa Yuda,+ na wosii wɔn ankasa hene.+ 21  Enti Yehoram kɔɔ Sair, ɔne ne nteaseɛnam a ɛka ne ho nyinaa, na ɔsɔree anadwo kokunkum Edomfo a wɔatwa ɔne nteaseɛnam so asahene no ho ahyia no, na nkurɔfo no guan kokɔɔ wɔn ntamadan mu. 22  Ne nyinaa akyi no, Edom akɔ so atew Yuda so atua abesi nnɛ. Saa bere no ara, Libnafo+ nso tew atua. 23  Yehoram ho nsɛm a aka, nea ɔyɛe nyinaa, wɔakyerɛw wɔ Yuda ahemfo abakɔsɛm nhoma no mu. 24  Ɛnna Yehoram ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no kaa n’agyanom ho wɔ Dawid Kurow+ mu. Na ne ba Ahasia+ bedii n’ade. 25  Israel hene Yehoram a ɔyɛ Ahab ba no ahenni afe a ɛto so 12 mu no, Yuda hene Yehoram ba Ahasia bedii hene.+ 26  Ahasia bedii ade no, na wadi mfe 22, na odii hene afe baako wɔ Yerusalem. Ne maame din de Atalia,+ na na ɔyɛ Israel hene Omri+ banana.* 27  Ɔfaa Ahab+ fifo akwan so, na ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛnea Ahab fifo yɛe no, efisɛ ɔwaree Ahab fi, na ɔne wɔn bɛbɔɔ abusua.+ 28  Enti ɔne Yehoram a ɔyɛ Ahab ba no boom ne Siria hene Hasael kɔkoe wɔ Ramot-Gilead,+ nanso Siriafo no piraa Yehoram.+ 29  Enti Ɔhene Yehoram san kɔɔ Yesreel+ sɛ ɔrekɔsa ne ho yare, efisɛ bere a ɔne Siria hene Hasael kɔkoe+ no, Siriafo no piraa no wɔ Rama. Yuda hene Ahasia a ɔyɛ Yehoram ba no kɔɔ Yesreel sɛ ɔrekɔhwɛ Ahab ba Yehoram, efisɛ na wapira.*

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “onyan ne babarima baa nkwa mu.”
Anaa “ɔhwɛɛ Hasael.”
Nt., “babea.”
Anaa “ɔyare.”