Nea Ɛto So Abien A Ɔde Kɔmaa Korintofo 5:1-21

  • Yɛbɛhyɛ ɔsoro tenabea (1-10)

  • Ɔsom adwuma a ɛma nnipa siesie wɔne Onyankopɔn ntam (11-21)

    • Abɔde foforo (17)

    • Kristo ahemmɔfo (20)

5  Na yenim sɛ, sɛ wodwiriw yɛn fi a ɛwɔ asaase so yi gu, kyerɛ sɛ, sɛ wodwiriw saa ntamadan yi gu a,+ yebenya ɔdan bi a efi Onyankopɔn hɔ. Ɛyɛ ofi a wɔamfa nsa ansi+ a ɛwɔ hɔ daa wɔ soro.  Na ofi* yi mu na yesũ di awerɛhow wɔ yɛn mu, na yɛhwɛ kwan denneennen sɛ yɛbɛhyɛ nea ɛyɛ yɛn dea* a efi soro*+ no,  sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ yenya hyɛ a, yɛrenna adagyaw.  Nokwasɛm ne sɛ, yɛn a yɛte ntamadan yi mu no, yesũ di awerɛhow wɔ yɛn mu, na nneɛma hyɛ yɛn so. Efisɛ yɛmpɛ sɛ yɛworɔw eyi gu hɔ, nanso yɛpɛ sɛ yɛhyɛ baako no,+ sɛnea ɛbɛyɛ a nkwa bɛmene nea ewu no.+  Na Onyankopɔn ne nea wasiesie yɛn ama eyi.+ Ɔno na ɔde honhom no ama yɛn sɛ nea ɛbɛba no ho adanse a edi mu.*+  Enti yɛwɔ akokoduru daa, na yenim sɛ bere dodow a nipadua no yɛ yɛn fi no, yenni Awurade nkyɛn,+  efisɛ yɛnam gyidi mu, na ɛnyɛ nea yehu mu.  Nanso yɛwɔ akokoduru, na yɛn ani gye ho sɛ yebefi nipadua mu na yɛne Awurade akɔtena.+  Enti sɛ yɛwɔ ne nkyɛn oo, yenni ne nkyɛn oo, yɛde yɛ yɛn botae sɛ yɛbɛsɔ n’ani. 10  Na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kopue* Kristo atemmu agua no anim, na nea obiara yɛe bere a ɔwɔ nipadua mu no, papa oo, bɔne oo, wanya so akatua.+ 11  Enti esiane sɛ yenim Awurade suro nti, yɛkɔ so ne nnipa kasa ma wogye yɛn di, nanso Onyankopɔn de, onim yɛn yiye.* Na migye di sɛ mo ahonim* nso nim yɛn yiye.* 12  Ɛnyɛ sɛ yɛredi yɛn ho adanse akyerɛ mo bio, na mmom yɛrema mo nea mubegyina so ahoahoa mo ho wɔ yɛn ho, sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔn a wɔmfa nea ɛwɔ komam nhoahoa wɔn ho,+ na mmom wɔde nea aniwa hu hoahoa wɔn ho no, mubenya biribi ama wɔn mmuae. 13  Na sɛ yɛabɔ dam+ a, yɛabɔ ama Onyankopɔn; na sɛ yɛn adwenem da hɔ a, emu da hɔ ma mo. 14  Na ɔdɔ a Kristo wɔ no hyɛ yɛn, efisɛ nea yɛahu ne sɛ, ɔbaakofo wu maa obiara;+ ɛno nti obiara awu. 15  Na owu maa obiara, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔte ase no rentena ase mma wɔn ho bio,+ na mmom wɔbɛtena ase ama nea owu maa wɔn na wonyan no no. 16  Enti efi saa bere yi rekɔ no, yennim obiara wɔ honam mu.+ Sɛ mpo, na yenim Kristo wɔ ɔhonam mu a, afei de, yennim no saa bio.+ 17  Enti sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔde foforo;+ nneɛma dedaw no atwam; hwɛ! nneɛma foforo na aba. 18  Na nneɛma nyinaa fi Onyankopɔn hɔ. Ɔno na ɔnam Kristo so asiesie yɛne no ntam,+ na wama yɛn ɔsom adwuma a ɛma nnipa siesie wɔne no ntam,+ 19  kyerɛ sɛ, Onyankopɔn nam Kristo so resiesie Ɔne wiase bi ntam;+ ɔremmu wɔn mfomso ngu wɔn so.+ Na ɔde ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnka asɛm a ɛbɛma nkurɔfo asiesie wɔne no ntam.+ 20  Enti yɛyɛ ahemmɔfo*+ a yesi Kristo anan,+ te sɛ nea Onyankopɔn nam yɛn so resrɛ nnipa. Yegyina Kristo ananmu resrɛ sɛ: “Momma wonsiesie mo ne Onyankopɔn ntam.” 21  Nea na onnim bɔne+ no, ɔde no yɛɛ bɔne* maa yɛn, na yɛnam no so ayɛ atreneefo wɔ Onyankopɔn anim.*+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “tenabea.”
Anaa “yɛbɛhyɛ yɛn tenabea.”
Anaa “yɛn soro tenabea.”
Anaa “sika a wɔde to biribi ase (ntoase); nea ɛbɛba akyiri yi ho anohoba (bɔhyɛ).”
Anaa “wɔda yɛn nyinaa adi.”
Anaa “wɔada yɛn adi akyerɛ Onyankopɔn.”
Anaa “tiboa.”
Anaa “wɔada yɛn adi nso akyerɛ mo ahonim.”
Anaa “ɔhene ananmusifo.”
Anaa “bɔne ho afɔre.”
Anaa “ayɛ Onyankopɔn trenee.”