Samuel Nhoma a Ɛto So Abien 10:1-19

  • Wodii Ammonfo ne Siriafo so nkonim (1-19)

10  Akyiri yi, Ammonfo+ hene wui, na ne ba Hanun bedii n’ade.+ 2  Ɛnna Dawid kae sɛ: “Mɛda ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ Nahas ba Hanun sɛnea ne papa daa ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛɛ me no.” Enti Dawid somaa ne nkoa sɛ wɔnkɔkyekye ne werɛ, ne papa wu no ho. Nanso bere a Dawid nkoa no kɔɔ Ammonfo asaase so no, 3  Ammon mpanyimfo bisaa wɔn wura Hanun sɛ: “Wugye di sɛ Dawid pɛ sɛ odi wo papa ni nti na wasoma sɛ wɔmmɛkyekye wo werɛ yi? Wunnye nni sɛ Dawid repɛ ɔkwan a ɔbɛfa so adi wo so nkonim nti na wasoma ne nkoa aba wo nkyɛn sɛ wɔmmɛsra asaase yi na wɔnhwɛ sɛnea ɛte?” 4  Enti Hanun kyeree Dawid nkoa no yii wɔn abogyesɛ fã,+ na otwitwaa wɔn ntaade so besii wɔn to, na ɔma wɔkɔe. 5  Bere a nkurɔfo kɔbɔɔ Dawid amanneɛ no, ɛhɔ ara na ɔsomaa mmarima kohyiaa wɔn esiane animguase kɛse a ato wɔn nti; na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montena Yeriko+ nkosi sɛ mo abogyesɛ bɛsan afuw ansa na moasan aba.” 6  Akyiri yi, Ammonfo no hui sɛ wɔahyɛ Dawid abufuw.* Ɛno nti Ammonfo no soma kɔbɔɔ paa maa Siriafo a wɔwɔ Bet-Rehob+ ne Siriafo a wɔwɔ Soba+ de asraafo* 20,000 bae, na Maaka+ hene de mmarima 1,000 bae, ɛnna Istob* nso de mmarima 12,000 bae.+ 7  Dawid tee no, ɔmaa Yoab ne asraafo no nyinaa ne mmarima a wonim ko paa no kohyiaa wɔn.+ 8  Na Ammon akofo kɔboaa wɔn ho ano wɔ kurotia, na Siriafo a wɔwɔ Soba ne Rehob ne Istob* ne Maaka no kogyinagyinaa petee mu. 9  Bere a Yoab hui sɛ dɔm a wɔreba no so no bi wɔ n’anim ne n’akyi no, ɔpaw Israel mmarima a wonim ko paa no bi, na wɔboaa wɔn ho ano kohyiaa Siriafo no.+ 10  Ɔde dɔm a aka no hyɛɛ ne nua Abisai+ nsa sɛ ɔne wɔn nkɔ akono nkohyia Ammonfo no.+ 11  Ɛnna ɔkae sɛ: “Sɛ Siriafo no ahoɔden boro me so a, bra begye me, na sɛ Ammonfo ahoɔden boro wo so a, me nso mɛba abegye wo. 12  Ma yɛnyɛ den na yɛmfa akokoduru+ nko mma yɛn man ne yɛn Nyankopɔn nkurow, na Yehowa bɛyɛ nea eye wɔ n’ani so.”+ 13  Ɛnna Yoab ne ne dɔm no kɔɔ wɔn anim kohyiaa Siriafo no wɔ ɔko no mu, na woguan fii n’anim.+ 14  Bere a Ammonfo no hui sɛ Siriafo aguan no, wɔn nso guan fii Abisai anim, na wɔsan kɔɔ kurow no mu. Akyiri yi, Yoab gyaee Ammonfo no akyi di san baa Yerusalem. 15  Bere a Siriafo no hui sɛ wɔadi nkogu wɔ Israelfo anim no, wɔsan kɔboaboaa wɔn ho ano.+ 16  Enti Hadadeser+ soma kɔfaa Siriafo a wɔwɔ Asubɔnten no*+ ho baa Helam; Hadadeser sahene Sobak na odii wɔn anim de wɔn bae. 17  Dawid tee ho asɛm ara pɛ, ɔboaboaa Israel nyinaa ano kotwaa Yordan kɔɔ Helam. Ɛnna Siriafo de akofo kohyiaa Dawid, na wɔne no koe.+ 18  Nanso Siriafo no guan fii Israelfo anim, na Dawid kunkum Siriafo 700 a wɔtete nteaseɛnam mu ne mmarima 40,000 a wɔtete apɔnkɔ so, na wɔn sahene Sobak nso, okum no.+ 19  Bere a ahemfo no nyinaa, kyerɛ sɛ, Hadadeser nkoa no hui sɛ wɔadi nkogu wɔ Israel anim no, ɛhɔ ara na wɔne Israel yɛɛ asomdwoe apam, na wɔbɛhyɛɛ wɔn ase,+ na Siriafo suroe sɛ wɔbɛko agye Ammonfo bio.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “wɔn ho abɔn Dawid.”
Anaa “asraafo a wɔnam fam.”
Anaa “mmarima a wofi Tob.”
Anaa “mmarima a wofi Tob.”
Kyerɛ sɛ, Eufrate.